1 Ahene NHYƐNMU - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

NHYƐNMUAhene nhoma a edi kan no yɛ Israel ahenni no ho abakɔsɛm a efii ase wɔ Samuel bere so no ntoaso. Wɔakyekyɛ abakɔsɛm no mu ahorow abiɛsa: 1. Solomon di Yuda so hene, ne n’agya Dawid wu. 2. Solomon ahenni ne nea ɔyɛe. Ade titiriw a wɔbɔ din ne Yerusalem Asɔredan a osii no. 3. Wɔkyɛ ahenni no mu abien; atifi ne anafo ne nsɛm a ɛfa ahemfo a wodii ade, kosi mfe ha a ɔto so akron no mfinimfini ansa na wɔwoo Yesu.Ahemfo a wodii ade no, nea wɔde buu wɔn atɛn, ne osetie a wɔyɛ maa AWURADE, na wohuu sɛ ɔman no nkɔso gyina eyi so. Abosonsom ne asoɔden de, ɔkwan bi so no, ɛde ɔhaw na ɛba. Ahemfo a wodii ade wɔ atifi ahemman no mu nyinaa ammɔ mmɔden saa kwan yi so nanso abakɔsɛm a ɛwɔ Yuda ahemfo ho no ntumi nsi pi papa, ebi ye, ebi nso nye.Nnipa titiriw a wɔbɔ wɔn din wɔ Ahene nhoma no mu ne Onyankopɔn adiyifo no. Wɔbɔɔ ɔman no kɔkɔ, de nnam kasa maa AWURADE sɛ mma ɔmanfo nnsom abosom na wɔnnyɛ asoɔden mma Onyankopɔn. Nea wɔbɔ ne din titiriw ne Odiyifo Elia a ɔne Baal akɔmfo no, dii asi no Ti 18.EMU NSƐMDawid ahenni no awiei 1.1—2.12

Solomon di hene 2.13-46

Solomon ahenni bere 3.1—11.43

Solomon ahenni no mfiase 3.1—4.34

Asɔredan no si 5.1—8.66

Solomon ahenni no awiei bere 9.1—11.43

Ahemman no mu kyɛ abien 12.1—22.53

Abusua a ɛwɔ atifi ahemman no tew atua 12.1—14.20

Yuda ne Israel ahemfo 14.21—16.34

Odiyifo Elia ho nsɛm 17.1—19.21

Ahab di Israel so hene 20.1—22.40

Yudahene Yehosafat ne Israel hene Ahasia bere so 22.41-53

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help