1 Nnw 26.6-8 M’ani gyei sɛ wosee me sɛ:
Ma yɛnkɔ AWURADE fi.
2Yɛn nan begyina
w’aponkɛse mu, Ao, Yerusalem.
3Yerusalem a wɔakyekye no
sɛ kurow a ɛtoatoam yiye.
4Ɛhɔ na mmusuakuw no nantew kɔ,
Mekyerɛ AWURADE mmusuakuw,
sɛ wodii Israel adanse no,
sɛ wokoyi AWURADE din ayɛ.
5Ɛhɔ na wɔde nkongua sisi maa atemmu,
Dawid fi nkongua no.
6 Sak 4.7 Monsrɛ mma Yerusalem asomdwoe,
ensi w’adɔfo yiye.
7Asomdwoe ntena w’afasu mu,
na yiyedi ntena w’aban mu.
8Me nuanom ne me mfɛfo nti
mɛka sɛ: Asomdwoe ntena wo mu.
9AWURADE yɛn Nyankopɔn, fi nti
mɛhwehwɛ papa mama wo.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
