Nnwom 100 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Mommɔ ose mma AWURADEAseda dwom

1Asase nyinaa, mommɔ ose mma AWURADE.

2Momfa anigye nsom AWURADE,

na momfa ahurusi dwom mmra n’anim.

3 Nnw 95.7 Munhu sɛ AWURADE ne Nyankopɔn,

yɛyɛ ne de na yɛnne yɛn ho,

yɛyɛ ne man ne n’adidibea nguan.

4Momfa aseda nhyɛn n’aponkɛse mu,

na momfa ayeyi mmra n’abangua so.

Monna no ase, munhyira ne din.

5 Nnw 106.1 Na AWURADE ye, n’adɔe wɔ hɔ daa,

na ne nokwaredi kodu awo ntoatoaso nyinaa so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help