1 Berɛsosɛm 5 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Ruben asefo

1 Gye 35.22; 49.4 Na Israel abakan Ruben mma, na ɔno ne abakan de, nanso (Sɛ ɔne n’agya mpena bi dae nti, wɔde n’abakanyɛ no maa Israel ba Yosef mma no, enti wɔankyerɛw wɔn abakanyɛ no, anato nhoma mu.

2Gye 49.8, 10, 22; Deut 33.7, 13-17 Na Yuda ho yɛ den ne nuanom mu, na ɔbapɔmma fii no mu de, nanso abakanyɛ no dan Yosef de).

3Eks 6.14 Ruben, Israel abakan no mma ne: Hanok Palu, Hesron ne Karmi.

4Yoel mma ne: Ne ba Semaia, ne ba Gog, ne ba Simei,

5ne ba Mika, ne ba Reaia, ne ba Baal,

61 Be 5.26 ne ba Beera a Asaria hene Tilgat-pilneser tuu no kɔe no; ɔno ne Rubenfo bapɔmma.

7Na ne nuanom, sɛ wɔn mmusua te wɔn awo horow so anato mu ne: Otitiriw Yeiel ne Sakaria,

8ne Yoel ba Sema ba Asas ba Bela a ɔtenaa Aroer de kosii Nebo ne Baal-meon ho.

9Na apuei fam nso ɔtenae de kosii sare a efi asubɔnten Eufrate ho no ano; na wɔn mmoakuw dɔɔso Gilead asase so.

10Na Saul bere so no, wɔne Hagarfo dii ako, na wɔtotɔe wɔn nsa ano, na wɔtenatenaa wɔn ntamadan mu Gilead apuei fam nyinaa.

Gad asefo: Hagarfo

11Na Gad mma tenaa wɔn ntentenso, Basan asase so de koduu Salka.

12Yoel di ti, na Safam di hɔ, ne Yanai ne Safat wɔ Basan.

13Na wɔn nuanom sɛ wɔn mpanyimfi te ne: Mikael ne Mesulam ne Seba ne Yorai ne Yakan ne Sia ne Eber, wɔyɛ baason.

14Eyinom ne Bus ba Yahdo ba Yesisai ba Mikael ba Gilead ba Yaroa ba Huri ba Abihail mma;

15Guni ba Abdiel ba Ahi di wɔn mpanyimfi so ti.

16Na wɔtenaa Gilead a ɛwɔ Basan ne ɛso nkurowa mu ne Saron nkuraa nyinaa mu, nea wɔn hye kɔsoe.

172 Ah 15.32; 14.23 Wɔkyerɛw wɔn nyinaa anato Yuda hene Yotam bere so ne Israel hene Yeroboam bere so.

18Rubenfo ne Gadfo ne Manase abusuakuw fa no, nnipa a wotumi mu mmarima a wokura akyɛm ne nkrante na wokuntun ta na wɔasua akodi no si nnipa peduanan anan ne ahanson aduosia a wotumi kɔ ɔsa.

19Na wɔne Hagarfo ne Yetur ne Nafis ne Nodab dii ako,

20na wonyaa mmoa ne wɔn koe, na wɔde Hagarfo ne wɔn a wɔka wɔn ho no nyinaa hyɛɛ wɔn nsa, efisɛ wɔteɛɛm frɛɛ Onyankopɔn ɔko no mu, na otiee wɔn, sɛ wɔn ani da no so nti.

21Na wɔfaa wɔn mmoakuw kɔe: Wɔn yoma mpemnum ne nguan ɔpehanu aduonum ne mfurum mpennu, ne nnipa ɔpeha, nnommum.

22Na apirafo pii totɔe, na Onyankopɔn nkyɛn na ɛdɔm no fi bae. Na wɔtenatenaa wɔn afa hɔ de kosii otukɔ no mu.

Manase abusuakuw fa

23 Deut 3.9 Na Manase abusuakuw fa no mma tenaa asase no so fii Basan de kosii Baal-hermon ne Senir ne Hermon bepɔw ho; wɔdɔɔso.

24Na eyinom ne wɔn mpanyimfi atitiriw: Efer ne Yisi ne Eliel ne Asriel ne Yeremia ne Hodawia ne Yahdiel, nnɔmmarima a wotumi, nnipa a wɔwɔ din, wɔn mpanyimfi so atitiriw.

25Nanso wɔfom wɔn agyanom Nyankopɔn, na wokodii asase no so aman a Onyankopɔn sɛee wɔn, wɔn anim, no anyame akyi aguamammɔ so;

262 Ah 15.19, 29 ɛnna Israel Nyankopɔn hwanyan Asaria hene Pul ne Asaria hene Tilgat-pilneser honhom, na otuu Rubenfo ne Gadfo ne Manase abusuakuw fa no de wɔn koduaa Hala ne Habor ne Harsa ne asubɔnten Gosan ho de besi nnɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help