1 Ate 21.7, 18; 20.1 Nso na Israel mmarima no akeka ntam Mispa sɛ: Yɛn mu biara mmfa ne ba mmma Benyamin aware.
2Ate 20.18 Na ɔman no baa Betel bɛtenaa Onyankopɔn anim koduu anwummere, na wɔmomaa wɔn nne so suu osu kɛse.
3Na wɔkae sɛ: O AWURADE, Israel Nyankopɔn, ɛdɛn nti na eyi aba Israel, sɛ nnɛ Israel mu abusuakuw biako nni hɔ yi?
4Na ade kyee no, ɔman no tuaa ahema sii afɔremuka wɔ hɔ, na wɔbobɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre.
5Ate 20.1 Na Israelfo no kae sɛ: Israel mmusuakuw nyinaa mu hena na wamma guabɔ no mu AWURADE nkyɛn? Efisɛ wɔaka ntankɛse agu nea wamma AWURADE nkyɛn Mispa no so sɛ: Okum na wonkum no.
6Na Israelfo no yam hyehyee wɔn maa wɔn nua Benyamin, na wose: Ɛnnɛ wɔatwa abusuakuw biako afi Israel mu akyene.
7Ate 21.1 Yɛbɛyɛ dɛn anya ɔyerenom ama wɔn a wɔaka no, efisɛ yɛaka AWURADE ntam sɛ yɛremfa yɛn mma mu bi mma wɔn aware?
8Na wɔkae sɛ: Israel mmusuakuw mu hena ara po na wamma AWURADE nkyɛn Mispa? Na hwɛ, obiara amfi Yabes-gilead amma bagua no mu, nsra no mu.
9Na wɔkan ɔman no, na hwɛ, Yabes-gileadfo mu biara nni hɔ.
10Ɛnna asafo no somaa akofofo no mu mmarima ɔpedumien, na wɔhyɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkokum Yabes-gileadfo no mmea ne mmofra nkrante ano.
11Num 21.2; 31.17 Na eyi ne ade a monyɛ: Mmarima nyinaa ne mmea a wonim mmarima nna nyinaa, monsɛe wɔn pasaa.
12Na wohuu Yabes-gileadfo no mu mmabaa ahanan a wonnim mmarima nna, na wɔde wɔn baa nsra no mu Silo a ɛwɔ Kanaan asase so.
13 Ate 20.47 Ɛnna asafo no nyinaa soma ma wɔne Benyaminfo a wɔwɔ Rimon botan mu no kɔkasae, na wɔkaa wɔn asomdwoesɛm.
14Na Benyamin san bae bere no mu, na wɔde mmea a wogyee wɔn nkwa wɔ Yabes-gilead mmea mu no momaa wɔn aware; nanso anso wɔn.
15Na ɔman no yam hyehyee wɔn maa Benyamin, sɛ AWURADE ama ntewmu aba Israel mmusuakuw mu.
Benyaminfo wia mmabaa16Na asafo no mu mpanyimfo no kae sɛ: Yɛbɛyɛ dɛn anya ɔyerenom ama wɔn a wɔaka no? Efisɛ Benyamin mu mmea ase agu.
17Na wɔkae sɛ: Aguanfo a wofii mu no agyapade ntena hɔ mma Benyamin, na wɔampopa abusuakuw bi amfi Israel.
18Ate 21.1, 7 Na yɛn de, yɛrentumi mfa yɛn mma mu bi mma wɔn aware, efisɛ Israelfo akeka ntam sɛ: Nnome nka nea ɔde ɔbea bi bɛma Benyamin aware.
19Na wɔkae sɛ: Hwɛ, wɔhyɛ AWURADE fa daa afe Silo a ɛwɔ Betel benkum fam, ɔtempɔn a efi Betel kɔ Sekem no apuei fam ne Lebona nifa fam.
20Na wɔhyɛɛ Benyaminfo no sɛ: Monkɔ nkɔtetɛw wɔn bobe nturo no mu,
21na monhwɛ, na sɛ Silo mmabaa no fi adi bɛsaw wɔn asaw no a, mumfi adi mfi bobe nturo no mu mmra, na obiara mmɛkyere ɔyere mfi Silo mmabaa no mu mfa nkɔ Benyamin asase so.
22Na sɛ wɔn agyanom anaa wɔn nuanom ba yɛn nkyɛn ne yɛn bɛham a, yebese wɔn sɛ: Monhwɛ yɛn anim nnom wɔn, na yɛannya ɔyerenom amma wɔn mmiako mmiako, dɔm no mu; nso ɛnyɛ mo na mode wɔn maa wɔn, na anka sesɛɛ de, moadi so.
23Na Benyaminfo no yɛɛ saa, na wɔfofaa yerenom sɛ wɔn dodow te fii wɔn a wɔbɛsawee a wɔkyeree wɔn no mu. Na wosii mu san kɔɔ wɔn agyapade so, na wɔkyekyee nkurow no tenatenaa mu.
24Na Israelfo no nso fii hɔ bere no mu kokɔɔ wɔn mmusuakuw ne wɔn mmusua mu, na wofii hɔ kokɔɔ wɔn agyapade ho.
25 Ate 17.6 Nna no mu no, na ɔhene bi nni Israel; obiara yɛ nea ɛteɛ n’ani so.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.