2 Samuel 13 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Amnon ne Tamar

1Na eyi akyi no na Dawid ba Absalom wɔ nuabea fɛfɛ bi a ne din de Tamar, na Dawid ba Amnon pɛ no.

2Na Amnon ne nuabea Tamar nti ne ho hiaa no ma ɔyaree, na ɔyɛ ɔbaabun na ɛyɛɛ Amnon den sɛ ɔbɛyɛ no biribi.

3Na Amnon wɔ adamfo bi a wɔfrɛ no Yonadab, Dawid ne nua Simea ba. Na Yonadab yɛ onitefo sɛ.

4Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdɛn nti na wo ɔhene ba mu wofɔn sɛɛ daa anɔpa yi? So worenka nkyerɛ me? Na Amnon ka kyerɛɛ no sɛ: Mepɛ me nua Absalom nuabea Tamar.

5Na Yonadab ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔda wo nnae so na twa mpayare; na sɛ w’agya bɛhwɛ wo a, ka kyerɛ no sɛ: Ma me nua Tamar mmra mmɛma me aduan, nanso ɔnyɛ aduan no m’anim, na minhu, na minni ne nsam.

6Ɛnna Amnon kɔdae na ɔboapa yaree. Na ɔhene bae bɛhwɛɛ no no, Amnon ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Mesrɛ ma me nua Tamar mmra mmɛyɛ tetare abien m’anim na minni ne nsam.

7Na Dawid soma kɔɔ Tamar nkyɛn ofie sɛ: Kɔ wo nua Amnon fi ɛ na kɔyɛ aduan ma no.

8Na Tamar kɔɔ ne nua Amnon fi; faako a ɔda hɔ. Na ɔfaa mmɔre fɔtɔwee na ɔyɛɛ tetare n’anim na ɔkyew tetare no.

9Na ɔtoɛɛ kyew dade no na ohwiei n’anim; nso wampɛ sɛ odi. Na Amnon kae sɛ: Ma nnipa nyinaa mfi me ho mfi adi. Na nnipa no nyinaa fii ne ho fii adi.

10Na Amnon ka kyerɛɛ Tamar sɛ: Fa aduan no bra piam, na minni wo nsam. Na Tamar faa tetare a ɔyɛe no de kɔmaa ne nua Amnon pia no mu.

11Na ɔde rema no sɛ onni no, osoo no mu na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Bra, bɛda me nkyɛn, me nua!

12Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Daabi, me nua nhyɛ me, na wɔnyɛ saa ade yi Israel mu; nni nkwaseasɛm yi!

13Na me de, ɛhe po na mede m’ahohora mɛkɔ? Na wo nso, wobɛyɛ sɛ Israel mu nkwaseafo no bi. Enti mesrɛ, wo ne ɔhene nkɔkasa na ɔremfa me nkame wo.

14Nanso wampɛ sɛ otie no na sɛ ne ho yɛ den sen no nti, ɔhyɛɛ no ne no dae.

15Ɛnna Amnon de ɔtan kɛse tan no pii, ma ɔtan a ɔde tan no no sen ɔdɔ a ɔdɔɔ no no. Na Amnon ka kyerɛɛ no sɛ: Sɔre kɔ!

16Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Dabi, me nuabarima, ɔpam a worepam me yi sen bɔne a woyɛɛ me no. Na Amnon ampɛ sɛ otie no.

17Na ɔfrɛɛ n’abofra a ɔsom no no sɛ: Pam ɔbea yi fi me so fi adi na to ɔpon no akyi korɔkorɔ mu wɔ n’akyi.

18Nso atade nworannworan yuu bi hyɛ no na saa mmatakari no na ɔhene mmabea a wɔyɛ mmabun no hyɛ. Na ne somfo no de no fii adi na ɔtoo ɔpon akyi korɔkorɔ mu guu n’akyi.

19Hiob 2.12 Ɛnna Tamar sesaw nso guu n’atifi na osunsuanee n’atade nworannworan a ɛhyɛ no no mu na ɔde ne nsa soaa ne ti de benabɔ ara kɔe.

20Na ne nua Absalom ka kyerɛɛ no sɛ: So wo nua Amnon akɔ wo ho anaa? Na afei, me nua, mua w’ano, ɔyɛ wo nua. Mfa wo koma nto asɛm yi so. Na Tamar tenaa ne nua Absalom fi komm.

Absalom tɔ Amnon so were

21Na ɔhene Dawid tee nsɛm yi nyinaa no ne bo fuwii sɛ.

22Na Absalom ne Amnon ankasa bɔne anaa papa so. Na Absalom tan Amnon, sɛ wahyɛ ne nua Tamar ne no ada nti.

Absalom aweretɔ

23Na mfe abien akyi no, Absalom ma wokotwitwaa ne nguan ho wɔ Baal-hasor a ɛda Efraim ho na Absalom hyiaa ɔhene mma nyinaa kɔɔ hɔ.

24Na Absalom baa ɔhene nkyɛn bɛkae sɛ: Hwɛ w’akoa rema wɔakotwitwa ne nguan ho; enti ma ɔhene ne ne nkoa ne w’akoa nkɔ.

25Na ɔhene ka kyerɛɛ Absalom sɛ: Dabi, me ba, mma yɛn nyinaa nnkɔ na yɛankɔyɛ wo so duru. Na ɔhyɛɛ no nanso wampɛ sɛ ɔkɔ, na ohyiraa no.

26Ɛnna Absalom kae sɛ: Sɛ ɛnte saa a, ma me nua Amnon ne yɛn nkɔ. Na ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdɛn nti na ɔne wo nkɔ?

27Na Absalom hyɛɛ no ara na ɔmaa Amnon ne ɔhene mma no nyinaa ne no kɔe.

28Lew 20.17 Nso Absalom ahyɛ ne mmerante sɛ: Monhwɛ na sɛ Amnon nom nsa na n’ani gye na mise mo sɛ: Mommɔ Amnon a, munkum no. Munnsuro, so ɛnyɛ me na mahyɛ mo? Monyɛ den na monyɛ mo ho mmarima.

29Na Absalom mmerante no yɛɛ Amnon sɛnea Absalom hyɛɛ wɔn no. Ɛnna ɔhene mma no nyinaa sɔresɔre tenatenaa wɔn mfurum so guanguanee.

30Na wɔwɔ ɔkwan mu no, asɛm no duu Dawid nkyɛn sɛ: Absalom akum ɔhene mma no nyinaa na wɔn mu biako pɛ anka.

31Ɛnna ɔhene sɔre sunsuan ne ntade mu na ɔdaa fam na ne nkoa nyinaa gyinagyina hɔ asunsuan wɔn ntade mu.

32Na Dawid ne nua Simea ba Yonadab buae sɛ. Mma me wura nnnwen sɛ wɔakum ɔhene mma mmerante no nyinaa na Amnon nko na wawu, na ɛwɔ Absalom anom ara fi da no a ɔhyɛɛ ne nua Tamar ne no dae no.

33Na afei mma me wura ɔhene mmfa asɛm no nnhyɛ ne koma mu, sɛ ɔhene mma nyinaa awuwu na Amnon nko na wawu.

Absalom aguan

34Na Absalom guanee. Na aberante a ɔwɛn no maa n’ani so hwɛe na hwɛ, nnipa bebree nam Horonaim kwan a ɛwɔ n’akyi no so, bepɔw nkyɛn mu, reba.

35Na Yonadab ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Hwɛ, ɔhene mma no reba; sɛ w’akoa kae no, sɛ ɛte neno.

36Na owiee ɔkasa no pɛ na hwɛ, ɔhene mma no bae na wɔmomaa wɔn nne so sui, na ɔhene nso ne ne nkoa nyinaa nso suu osu kɛse pa ara.

37 2 Sa 3.3; 14.33 Na Absalom guanee na ɔkɔɔ Gesur hene Amihud ba Talmai nkyɛn. Na Dawid gyam ne ba no nna nyinaa.

38Na Absalom guan kɔɔ Gesur no, ɔtenaa hɔ mfe abiɛsa.

39Na ɔhene Dawid ani gyinaa Absalom, efisɛ na ne werɛ akyekye Amnon wu no ho.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help