1Nea odi were no, Awurade bedi no so were,
efisɛ obu wɔn bɔne ho akontaa pɛpɛɛpɛ.
2Fa wo yɔnko bɔne a wayɛ kyɛ no,
na wo nso wobɔ mpae a, wɔde wo bɔne bɛkyɛ wo.
3So obi de ne yɔnko ho abufuw ahyɛ ne mu,
a ɔrehwehwɛ Awurade hɔ ayaresa?
4Sɛ obi nni ahummɔbɔ mma ne yɔnko nnipa a,
afei obetumi asrɛ bɔnefakyɛ wɔ n'ankasa bɔne ho?
5Sɛ nea ɔyɛ honam yi kura abufuw mu a,
hena na ɔbɛpata ama ɔno bɔne?
6Kae wo nkwa awiei, na gyaw nitan to nkyɛn,
kae porɔwee ne owu, na di mmaransɛm no so nokwarem.
7Kae mmaransɛm no na mfa wo yɔnko ho abufuw;
kae Ɔsorosoroni no apam no, na bu w'ani gu mfomso so.
Ɔham8Gyae ntɔkwaw, na wo bɔne so behuan;
efisɛ nea ne bo fuw ntɛm no twetwe ntɔkwaw ba.
9Ɔbɔnefo sɛe anyɔnkofa,
na ɔde akayɛ ba wɔn a wɔte hɔ asomdwoe mu no ntam.
10Sɛnea ngo no hwie te no, saa ara na ogya no dɛw bɛyɛ,
na sɛnea mpi no te no,
saa ara na ntɔkwaw no ano den bɛyɛ.
11Ɔham ntɛmso sɔ gya
na ntɔkwaw dennen hwie mogya gu.
12Sɛ wohuw gyansrama so a, ɛdɛw,
sɛ woto ntasu gu so a, edum;
nanso ne nyinaa fi w’anom.
Tɛkyerɛma13 Sir 51.2-6; Yak 3.5-12 Dome osekufo ne nea ne tɛkrɛma yɛ nta,
efisɛ wɔsɛe nnipa pii asomdwoe.
14Dinsɛe ayɛ nnipa pii suban,
abɔ wɔn apete, fi ɔman biako so kɔ foforo so,
abɔ ahenkurow a ɛyɛ den pii
na asɛe nnipa atitiriw pii afi.
15Dinsɛe apam mmea pa pii afi wɔn afi mu,
na ama wɔn brɛ so ade abɔ wɔn.
16Obiara a ɔde n’adwene kɔ dinsɛe so no renya ahotɔ,
na ɔrenya asetena mu asomdwoe.
17Abaabɔ ma nnipa ho soasoa,
na tɛkerɛmakam de, ebubu nnompe.
18Dodow no ara atotɔ, wɔ nkrante ano,
nanso wɔn a wɔatotɔ wɔ tɛkrɛma ano de, wɔnnɔɔso.
19Nea ɔbɔ ne ho ban fi dinsɛe ho no ani gye,
hena na onhuu n’abufuw da,
na hena na ɔnsoaa ne kɔnnua da,
anaa hena ɔnnaa ne mpokyerɛ mu da.
20Na ne kɔnnua yɛ dade,
na ne mpokyerɛ yɛ kɔbere mfrafrae.
21ne wu yɛ mmusu,
na efanim asaman.
22Enni tumi wɔ nea osuro Nyame no so,
na ne gyaframa renhyew wɔn.
23Wɔn a wɔpo Awurade no, bɛkɔ ne tumi ase;
ɛbɛhyew wɔn na ɛrennum da.
Wɔde bɛtaa wɔn sɛ gyata;
na sɛ ɔsebɔ te no, ɔbɛtetew wɔn.
24aSɛnea wɔde nsɔe bɔ w'agyapade ho ban no,
25bsaa ara na fa krado ne safe to w'ano.
24bSɛnea woto wo dwetɛ ne sika mu no,
25asaa ara na yɛ nsɛnia fa kari wo nsɛm,
26Hwɛ yiye na woamfa wo tɛkrɛma amfom,
na woankogyina wo hawfo anim.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
