Nyansa 17 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Ehu ba Misraimfo so Anadwo

1W’atemmu so, na emu kyerɛkyerɛ yɛ den;

Ne saa nti akra a wonnim nyansa no, ayera.

2Efisɛ bere a mmaratofo dwenee sɛ

ɔman kronkron no hyɛ wɔn tumi ase no,

mpofirim na wɔyɛɛ sum mu nneduafo saa ara adesae,

wɔaka wɔn ahyɛ wɔ wɔn suhyɛ ase,

atukɔfo a Ɔbɔadeɛ no anuoyam abɔ wɔn

3Wɔdwenee sɛ obi nhu wɔn bɔne

a wɔyɛ no sum mu no

na awerɛfiri ntamadan akata wɔn anim no

wɔbɔɔ wɔn petee ma akomatu

kɛse kaa wɔn,

na nea ɛyɛ hu yii wɔn hu.

4Na pia a wohintaw mu

no mpo antumi ammɔ wɔn ho ban amfi osuro no mu,

mmom dede a ɛyɛ hu, na etu koma

twaa wɔn ho hyiae,

na abɔde huhuuhu a wɔn anim yɛ

hu yiyii wɔn ho kyerɛe.

5Gya biara mpo antumi amma hann anhyerɛn hɔ,

na nsoromma a ɛhyerɛn mpo

hann antumi anhyerɛn,

wɔ saa sum kabii no mu.

6Biribiara anhyerɛn amfa wɔn so,

gye sɛ gya huhu bi a wɔn ankasa asɔ,

na ahopopo ne suro mu

wɔdwenee sɛ nneɛma a

wohui no yɛ ade ketewa

mpo koraa sen nea ɛrebɛba.

7Na wɔn nkonyaayi nneɛma no bɛbrɛ ase,

na wɔn ahomaso nyansa abrɛ ase,

na wɔde serew abu no animtiaa.

8Na wɔn a wɔhyɛɛ bɔ sɛ wɔbɛsa

ɔkra yarefo yare afi osuro ne ahopopo mu no,

mmom osuro huhuuhu bɔɔ wɔn yare.

9sɛ mpo ɔhaw bi nyi wɔn hu a

sɛ ɔwɔ anaa aboa bi retwam a

wɔn ho suro ma wɔn koma tu,

10Wɔyera wɔ osuro ne ahopopo nti,

na wɔmpɛ sɛ wɔbɛma wɔn ti so ahwɛ soro,

nanso na wontumi nyɛ ho hwee.

11Efisɛ amumɔyɛ de ehu ba,

na ɛno ara di ho adanse bu ne ho fɔ;

sɛ ne tiboa bu no fɔ nti,

daa daa obu n’ahokyere sɛ ɛdɔɔso.

12Efisɛ ehu nyɛ hwee, sɛ abasamtu

a mmoa a efi adwene mu de ba;

13na anidaso a saa mmerɛwyɛ yi adi so nkonim no,

pɛ mmom sɛ ɔbɛhwehwɛ ne haw farebae afi baabi a nimdeɛ nni.

14Mmom anadwo nyinaa a,

tumi biara nni hɔ no,

na asaman baa wɔn so

a tumi biara nni mu no,

wɔn nyinaa dedae saa ara.

15Afei ehude baa wɔn so

na akra abasa mu tui

ma wontumi nyɛ wɔn ho hwee,

efisɛ mpofirim ahopopo ahyɛ wɔn so.

16Na, obiara a ɔwɔ hɔ hwee fam,

na wɔkaa wɔ afiase a

wɔamfa nnade anyɛ;

17Na sɛ wɔyɛ akuafo anaa, nguanhwɛfo o,

anaa odwumayɛfo biara a ɔnenam yɛ n'adwuma wɔ sare so o,

wɔkyeree wɔn nyinaa,

na wohuu amane a wontumi nnye wɔn ho;

esiane sɛ sum koro no ara mu nkɔnsɔnkɔnsɔn

na wɔde agu wɔn nyinaa mpokyerɛ.

18Sɛ mframa ano nhwirema na ɔbɔ o,

anaa nnomaa su dɛdɛ a efi nnubaa

a atrɛw ne ho mu o;

anaa asuten a ɛreworo so dennen o,

19anaa abotan a wɔpaepae tow fi soro bɛhwe fam o,

anaa mmoa a wɔrebɔ krididi

de mmirika resen a wonhu wɔn o,

anaa aboa kɛse bi na ɔyɛ dede o,

anaa nnyigyei a efi obɔn a ɛda mmepɔw mu san ba o,

ebubuu wɔn ma wɔbɔɔ hu.

20Na wiase nyinaa hann kɛse biako na edi so,

na odi ne dwuma a hwee nsiw no kwan,

21Bere a saa nkurɔfo no nkutoo de,

anadwosum kabii kataa wɔn so no:

na wɔahyehyɛ sum no sunsuma ato hɔ

sɛ ɛsɛ sɛ wɔkɔ mu;

nanso nea ɛboro sum so yɛ wɔn kyɛfa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help