Yosua 6 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Yeriko tua

1Na Yeriko de, wɔato mu na wɔabram ano Israelfo no anim. Obi mfi adi, na obi mma mu.

2Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Hwɛ, mede Yeriko ne ne hene ne akofofo no mahyɛ wo nsa.

3Na muntwa kurow no ho nhyia; akofo no nyinaa ntwa ho nhyia pɛnkoro. Saa na yɛ nnansia.

4Lew 25.9 Na asɔfo baasɔn nkurakura osebɔ ntorobɛnto ason mfa nni adaka no anim, na ɛda a ɛto so ason no, muntwa kurow no ho nhyia mpɛn asɔn, na asɔfo no nhyɛn ntorobɛnto no.

5Na sɛ wɔhyɛn osebɔ abɛn no na mote torobɛnto no nne a, ɔman no nyinaa nhuro mmɔ ose kɛse, na kurow no ho fasu no bɛhwe fam burum, na ɔman no mforo nkokɔ wɔn anim tee.

6Na Nun ba Yosua frɛfrɛɛ asɔfo no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monsoa apam adaka no, na asɔfo baasɔn nkurakura osebɔ ntorobɛnto nni AWURADE adaka no anim.

7Na wɔka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monsen nkotwa kurow no ho nhyia, na wɔn a wɔamia no nsen nni AWURADE adaka no anim.

8Na Yosua ka kyerɛɛ ɔman no no, asɔfo baasɔn a wokurakura osebɔ ntorobɛnto no sen dii AWURADE anim na wɔhyɛn ntorobɛnto no, na AWURADE apam adaka no dii wɔn akyi.

9Na wɔn a wɔamia no dii asɔfo a wɔhyɛn ntorobɛnto no anim, na kyidɔm no dii adaka no akyi; wɔnam na wɔhyɛn ntorobɛnto no ara.

10Na ɔman no de, Yosua hyɛɛ wɔn sɛ: Mommmɔ ose, na mommma wɔnnte mo nne, na asɛm bi mmfi mo anom kosi da a mese mo sɛ mommɔ ose no ansa na mommɔ ose.

11Na AWURADE adaka no twaa kurow no ho hyiae pɛnkoro, na wɔbaa nsra mu bɛdaa hɔ.

12Na Yosua sɔree anɔpahema, na asɔfo no soaa AWURADE adaka no;

13na asɔfo baasɔn no kurakura osebɔ ntorobɛnto ason no de di AWURADE adaka no anim, wɔnam na wɔrehyɛn ntorobɛnto no ara, na wɔn a wɔamia no dii wɔn anim, na kyidɔm no dii AWURADE adaka no akyi, wɔnam na wɔhyɛn ntorobɛnto no.

14Na da a ɛto so abien no, wotwaa kurow no ho hyiae pɛnkoro, na wɔsan baa nsra no mu. Wɔyɛɛ saa nnansia.

15Na da a ɛto so ason no, ade rekye pɛ, wotuaa ahema sɔree ntɛm, na wotwaa kurow no ho hyiae saa ara mpɛn asɔn; da no nko na wotwaa kurow no ho hyiae mpɛn ason.

16Na nea ɛto so ason no so a asɔfo no rehyɛn ntorobɛnto no no, Yosua ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Mommɔ ose, efisɛ AWURADE de kurow no ama mo.

17Num 21.2; Yos 2.12-13; Heb 11.31 Na kurow no ne emu ade nyinaa nyɛ nea AWURADE de ne nsa ato so ama ɔsɛe; aguaman Rahab nko na onnya nkwa, ɔno ne wɔn a wɔwɔ ne nkyɛn ne ne fi nyinaa, efisɛ ɔno na ɔde abɔfo a yɛsomaa wɔn no hintawee.

18Lew 27.28; Deut 13.18 Mo ho yiye ara na monhwɛ nea AWURADE de ne nsa ato so no ho, na moamfa bi, na moamfa Israel nsra no amfa nea AWURADE de ne nsa ato so no amma amane amma so.

19Na dwetɛ ne sika, ne kɔbere ne dade nneɛma nyinaa nyɛ kronkron mma AWURADE, na wɔmfa mmra AWURADE adekorabea.

20Heb 11.30 Ɛnna ɔman no bɔɔ ose na wɔhyɛn ntorobɛnto no. Na ɔman no tee ntorobɛnto no nne no, ɔman no huro bɔɔ ose kɛse, na ɔfasu no hwee fam burum, na ɔman no foro kɔɔ kurow no mu, wɔn nyinaa kokɔɔ wɔn anim tee, na wɔfaa kurow no.

21Na wɔde nkrante sɛee nea ɛwɔ kurow no mu nyinaa pasaa, mmarima ne mmea, mmofra ne mpanyin, anantwi ne nguan ne mfurum.

22 Yos 2.14 Na mmarima baanu a wɔkɔsraa ase no de, Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ ɔbea aguaman no fi nkɔfa ɔbea no ne nea ɔwɔ nyinaa mfi hɔ, sɛnea mokaa no ntam no.

23Num 31.19 Na mmerante akwansrafo no kɔe, na wɔde Rahab ne n’agya ne ne na ne ne nuanom ne nea ɔwɔ nyinaa fi bae, na wɔde n’abusua nyinaa fii adi begyaw wɔn Israel nsra no akyi.

24Na kurow no de, wɔde ogya hyewee, ɛne nea ɛwɔ mu nyinaa; emu dwetɛ ne sika, ne kɔbere ne dade nneɛma nko na wɔde beguu AWURADE fi adekorabea no mu.

25Mat 1.5; Ate 1.25 Na aguaman Rahab ne n’agya fi ne nea ɔwɔ nyinaa de, Yosua gyee wɔn nkwa, na ɔtenaa Israel mu de besi nnɛ, efisɛ ɔde abɔfo a Yosua soma ma wɔkɔsraa Yeriko no hintawee.

26 1 Ah 16.34 Na Yosua kaa ntam saa bere no sɛ: Nnome nka onipa a ɔbɛsɔre abɛkyekye Yeriko kurow yi, AWURADE anim: Ɔde n’abakan na ɛbɛhyɛ ase, na ɔde ne ba akumaa na ebesisi ano apon.

27Na AWURADE dii Yosua akyi, na wɔtee ne nka asase no nyinaa so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help