Nnwom 76 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Nkonimdi ne Nyankopɔn ayeyi dwomWɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔmfa asanku nto. Asaf sanku dwom

1Yuda mu na wɔahu Nyankopɔn,

ne din so Israel mu.

2

4W’anim yɛ nyam,

na ɛharan sen asade mmepɔw no.

5Wɔapa abran akokodurufo no akode,

wɔatɔ nko da wɔn nna,

na ahoɔdenfo no mu biara annya nsa anyɛ hwee.

6Yakob Nyankopɔn, w’ateɛteɛ nti

na nteaseɛnam ne apɔnkɔ nyinaa adeda nnahɔɔ.

7Wo na wo ho yɛ hu,

na sɛ wo bo refuw a,

hena na obetumi agyina w’anim?

8

10Na nnipa abufuhyew dan wo ayeyi,

wode abufuhyew a ɛboro so no bɔ wo ho so.

11 Eks 15.11; Deut 7.21 Monhyɛ AWURADE, mo Nyankopɔn, bɔ,

na momfa mma no.

Ma wɔn a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa

mfa ayɛyɛde mmrɛ nea ne ho yɛ hu no.

12Ohuw atumfo home gu,

ne ho yɛ asase ahene hu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help