Rut 1 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Elimelek tutu kɔtena Moab

1Akannifo no bere so no, ɔkɔm baa Yuda asase so. Na ɔbarima bi a ofi Betlehem a ɛwɔ Yuda kɔe sɛ ɔkɔtena Moab asase so ayɛ hɔ hɔho, ɔno ne ne yere ne ne mmammarima baanu.

2Ɔbarima no din de Elimelek, na ne yere din de Naomi, na ne mmammarima baanu no din de Mahlon ne Kilion, wɔyɛ Efratifo a wofi Betlehem a ɛwɔ Yuda. Na woduu Moab asase so, na wɔtenaa hɔ.

3Na Elimelek, Naomi ne kunu no wui, na ɛkaa ɔno ne ne mma baanu no.

4Na wɔwaree yerenom Moabfo mu, obiako din de Orpa, na obiako no din de Rut. Na wɔtenaa hɔ bɛyɛ sɛ mfe du.

5Na wɔn baanu no: Mahlon ne Kilion, nso wuwui, na ɛkaa ɔbea no (Naomi) nko ne mma baanu no ne kunu no wu akyi.

Naomi ne ne sew san kɔ Betlehem

6Ɛnna ɔsɔree, ɔne ne nsenom baanu no, sɛ ɔresan afi Moab asase so aba, efisɛ ɔtee wɔ hɔ sɛ: AWURADE abɛhwɛ ne man na wama wɔn aduan.

7Na ofii nea ɔwɔ hɔ, na ne nsewnom baanu no ka ne ho. Na wosii kwan so sɛ wɔresan aba Yuda asase so.

8Na Naomi ka kyerɛɛ ne nsewnom baanu no sɛ: Monsan nkɔ mo nanom fi. AWURADE ne mo nni no yiye sɛnea mo ne awufo no ne me adi no yi.

9

na momfrɛ me Mara,

efisɛ Tweaduampɔn ne me

adi no bɔnwoma so sɛ!

21Mekɔɔ no ma,

na AWURADE de me hunu na aba;

ɛdɛn na mofrɛ me Naomi,

bere ko a AWURADE ayi me ntɛn,

na Tweaduampɔn ne me adi no bɔne yi?

22Sɛ Naomi ne n’ase Moabni Rut san fii Moab asase so bae ni. Na woduu Betlehem no, na wɔafi atokotwa ase.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help