1Afei ɔhemmea Ester de ahoyeraw kɔɔ Awurade anim kɔbɔɔ mpae.
2Oyii n'atade fɛfɛ no guu hɔ, faa ahometew ne awerɛhow atade hyɛe. Anka ɛsɛ sɛ ɔde sradehuam sra no, ɔde nso ne fi na ɛyɛɛ ne ho. Ɔbrɛɛ ne nnipadua ase. Na ne ho nam akwaa baabiara a ɛho hia sɛ ɔsra no, ɔde ne nwi kataa hɔ.
3Ɔbɔɔ Awurade Israel Nyankopɔn mpae sɛ: O m'Awurade, wo nko ne yɛn hene, boa me, na aka me nkutoo. Ɔboafo bi nni hɔ sɛ wo nko.
4Na merehu amane.
5Efi sɛ wɔwoo me, mate wɔ me fi ne m'abusua mu sɛ: O Awurade wo na woyii Israel fii amanaman nyinaa mu, ne yɛn agyanom, ne wɔn asefo, na wode daapem agyapade maa wɔn. Na nea wohyɛɛ wɔn ho bɔ nyinaa, woyɛe.
6Na yɛayɛ bɔne wɔ w'anim, na wode yɛn ahyɛ yɛn atamfo nsa.
7efisɛ yɛhyɛɛ wɔn anyame no anuonyam
8Na afei wodi yaw sɛ yɛwɔ nkoasom yawyaw mu. Nanso wɔne wɔn abosom ayɛ apam,
9sɛ wɔbɛpo nea wode w'ano aka, na wɔasɛe w'agyapade, na ano a ebeyi w'ayɛ no aka atom, na wɔadum wo fi afɔremuka so gya, ne wo fi anuonyam.
10Na amanaman abue wɔn ano ayi wɔn, anyame din ayɛ, de ahyɛ wiase hene a otumi wu anuonyam daa daa.
11Awurade nnyaw w'ahempoma mma nea onni nkwa, na mma wɔnserew yɛn, yɛn asehwe mu, na mmom, dan wɔn nsusuw bɔne bra wɔn so, na ma eyi nyɛ nhwɛso mma nea ɔpɛ yɛn bɔne.
12O Awurade, kae na ma yɛnte wo nka, yɛn amanehunu bere yi mu, na ma me akokoduru. O anyame mu Onyame, ne awuranom mu tumfo.
13Fa ɔkasadɛ hyɛ m'anom wɔ gyata yi anim, na dan ne koma na ɔtan nea ɔne yɛn anya yi. Nea ɛbɛyɛ a ɔne ne mpamfo no benya wɔn awiei.
14Ma w'abasa so gye yɛn, na boa me, obiakofo a minni obi.
15Wonim ade nyinaa, na wonim sɛ mikyi abɔnefo ahomaso. Na momonotofo ne ahɔho mpa de menkɔ ho.
16Wonim m'ahiasɛm, sɛ mikyi ahomaso nsɛnkyerɛnne a me dibea yi de rema me, nna yi a mepue wɔ gua mu yi. Mikyi no sɛ ntama fi, na memfa nkata me ho, m'adagyew bere mu.
17W'afenaa nnidii wɔ Haman didipon so da. Na ɔhene apontow, ne ne nsa, ne ne nsagu nso memfra mu bi.
18Na w'afenaa nni anigye bi, fi da a wɔde me baa ha besi nnɛ. Gye wo nkutoo mu. O Abraham Awurade, ne ne Nyankopɔn.
19O Awurade a wo tumi di ade nyinaa so, hu yɛn mmɔbɔ, na gye yɛn abɔnefo yi nsam. Na yi hu fi me mu.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
