Hiob NHYƐNMU - KYER?W KRONKRON(ATWDB)
NHYƐNMUHiob nhoma no yɛ nhoma bi a ɛfa onipa trenee bi a atoyerɛnkyɛm too no ho. Ne mma ne n’agyapade nyinaa fii ne nsa, na ɔyare a ɛyɛ yaw nso bɛbɔɔ no. Ɔkyerɛwfo no nam anwensɛm nkɔmmɔdi ahorow abiɛsa so kyerɛ sɛnea Hiob nnamfo ne Hiob ankasa yɛe wɔ amanehunu yi mu. Awiei no Onyankopɔn ankasa yii ne ho adi kyerɛɛ Hiob. Onyankopɔn ne adasamma nkitahodi yɛ asɛm titiriw wɔ nkɔmmɔdi yi mu. Hiob ayɔnkofo no faa nyamesom ho ntease a ɛwɔ hɔ saa bere no so, kyerɛɛ n’amanehunu no ase. Ɛsiane sɛ, na wɔsusuw daa nyinaa sɛ Nyankopɔn tua papa a yɛyɛ so ka na ɔtwe yɛn aso wɔ bɔne ho nti, nea Hiob amanehunu no kyerɛ ara ne sɛ wayɛ bɔne. Na Hiob de wanhu no saa. Na ɔmfata saa asotwe yayaw yi, efisɛ ɔyɛ onipa pa ne ɔteneneeni. Na ɔnte ase sɛ Nyankopɔn bɛtumi ama mmusu a ɛte sɛɛ aba obi a ɔte sɛ ɔno so, na osii ne bo bisaa Onyankopɔn hɔ asɛm. Hiob ampa abaw ara, na ɔkɔɔ so gyee Onyankopɔn dii, nanso ɔpɛe sɛ odi bem wɔ Nyankopɔn anim, na wɔasan anya nidi sɛ ɔyɛ onipa papa.Onyankopɔn amma Hiob nsɛmmisa no ho mmuae, na mmom ɔnam anwonsɛm so twaa ne tumi ne ne nyansa mfonini de hyɛɛ Hiob gyidi den. Eyi akyi no, Hiob gye too mu ahobrɛase mu sɛ Nyankopɔn yɛ kɛse na ɔyɛ Onyansafo nso. Ɔnuu ne ho wɔ nsɛm a ɔde abufuw kae no ho. Nhoma no awiei no, wɔakyerɛw sɛnea Hiob besii ne dedaw mu na ɔnyaa ne ho pa ara sen mfiase no. Onyankopɔn twiw Hiob ayɔnkofo no anim sɛ wɔante Hiob amanehunu no ase. Hiob nkutoo na ɔhuu sɛ Nyankopɔn so sen nyamesom ho ntease a ɛwɔ hɔ saa bere no.EMU NSƐMNnianim 1.1—2.13Hiob ne ne nnamfo no 3.1—31.40Hiob anwiinwii 3.1-26Nkɔmmɔdi a edi kan no 4.1—14.22Nkɔmmɔdi a ɛto so abien 15.1—21.34Nkɔmmɔdi a ɛto abiɛsa 22.1—27.23Nyansa ho ayeyi 28.1-28Hiob kasa a edi awiei 29.1—31.40Elihu kasa 32.1—37.24Onyankopɔn ma Hiob mmuae 38.1—42.6Awiei 42.7-17