1 Amos 8.11 Na abofra Samuel som AWURADE, Eli anim. Na AWURADE asɛm ho yɛna saa bere no mu, na anisoadehu ntaa nni hɔ.
2Na ɛbere no mu, ɛbae sɛ da bi a Eli da ne dabere no, nso na n’ani so afi ase ayɛ kusukusu a onhu ade yiye,
3na Onyankopɔn kanea no nnya nnumii na Samuel da AWURADE asɔredan mu, nea Onyankopɔn adaka no si hɔ no.
4AWURADE frɛɛ Samuel se: Samuel, Samuel, na ose: Mini.
5Na otuu mmirika kɔɔ Eli nkyɛn kɔkae sɛ: Mini, na wofrɛɛ me. Na Eli buae sɛ: Memfrɛɛ wo ɛ, san kɔda. Na ɔkɔdae.
6Na AWURADE frɛɛ Samuel bio sɛ Samuel; na Samuel sɔre kɔɔ Eli nkyɛn kɔkae sɛ: Mini, na wofrɛɛ me. Na ose: Memfrɛɛ wo ɛ, me ba, san kɔda.
7Nso na Samuel nnya nhuu AWURADE, na wonnya nyii AWURADE asɛm nkyerɛɛ no ɛ.
8Na AWURADE kɔɔ so frɛɛ Samuel nea ɛto so abiɛsa; na ɔsɔre kɔɔ Eli nkyɛn kɔkae sɛ: Mini na wofrɛɛ me. Ɛnna Eli hui sɛ AWURADE na ɔrefrɛ abofra no,
9enti Eli ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Kɔda, na sɛ ɔfrɛ wo a, ka sɛ: AWURADE, kasa na w’akoa retie. Na Samuel kɔ kɔdaa ne dabere.
10Na AWURADE bae begyinaa hɔ frɛɛ sɛ kan no sɛ: Samuel, Samuel! Ɛnna Samuel se: Kasa, na w’akoa retie.
11Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Hwɛ, merebɛyɛ biribi Israelfo mu a obiara a ɔbɛte no aso abien mu bɛyɛ no yɔnn.
12Da no na mɛma ade a maka atia Eli fi nyinaa aba mu fi mfiase de kosi awiei.
131 Sa 2.27-36 Na maka makyerɛ no sɛ merebu ne fi atɛn akosi daa, amumɔyɛ no nti, efisɛ onim sɛ ne mma reyɛ abusude, na wanka wɔn anim.
14Na enti maka ntam afa Eli fi ho sɛ: Sɛ wɔde okum afɔre ne aduan afɔre pata ma Eli fi mpo a, ɛrempopa wɔn amumɔyɛ no da biara da.
15Na Samuel dae koduu anɔpa, na ohiɛhiɛɛ AWURADE fi apon no. Na Samuel suroe sɛ ɔbɛka ade a ohui no akyerɛ Eli.
16Ɛnna Eli frɛɛ Samuel sɛ: Me ba Samuel! Na ose: Mini!
17Na ɔkae sɛ: Asɛm bɛn na ɔka kyerɛɛ wo no? Nsiw me so. Sɛ wusiw me asɛm a ɔka kyerɛɛ wo no nyinaa bi so a, Onyankopɔn ntua wo ka, na ɔmfa bi nka ho.
182 Sa 15.26 Ɛnna Samuel kaa nsɛm no nyinaa kyerɛɛ no, na wansiw no bi so. Na Eli se: Ɛyɛ AWURADE, nea eye n’ani so no, ɔnyɛ.
19Na Samuel renyin no, na AWURADE di n’akyi, na asɛm biara a ɔkae no baa mu.
20Na Israel nyinaa, efi Dan kosi Beer-seba, hui sɛ wɔde Samuel asi hɔ, sɛ ɔnyɛ AWURADE diyifo.
21Na AWURADE kɔɔ so yii ne ho adi wɔ Silo; na AWURADE de n’asɛm yii ne ho kyerɛɛ Samuel wɔ Silo.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
