1Due, ɔsɛefo
a wo de, wɔnsɛee wo ɛ,
wo ɔfatwafo
a wɔmfaa wo ntwae ɛ!
Sɛ wuwie ɔsɛe no a,
wɔbɛsɛe wo
na sɛ wunya wie ɔfatwa a,
wɔde wo betwa so.
2O, AWURADE, dom yɛn, wo na yɛtwɛn wo.
Yɛ yɛn basa daa adekyee,
ne yɛn nkwagye, ahohia bere mu.
3 Nnw 68.1 Hooyɛ no ano na aman guanguan,
wo ho soma ano na amanaman pete.
4Na wɔtase asade sɛ ntuntummɛ tase ade,
sɛnea mmoadabi huruhuruw no, saa ara na wohuruhuruw wɔ so.
5Wɔama AWURADE so, na ɔte soro tɔnn;
ɔde atemmu ne trenee ahyɛ Sion ma.
6Na ɔmannwoe, nkwagye, nyansa
ne nimdeɛ mmoroso bɛba wo bere so;
AWURADE suro ne n’ademude.
7Hwɛ, wɔn abran reteɛm mmorɔn so,
asomdwoe bɔfo resu osu yawyaw;
8Akwantempɔn ada mpan,
akwantemfo agyaa mu twa;
wabu apam no so,
wabu nkurow animtiaa,
ommu ɔdasani bi.
9Asase redi nkɔmmɔ, akisa;
Lebanon ani awu, na aguan koraa;
Saron adan anweatam,
Basan ne Karmel so nhaban apo.
10AWURADE se: Afei mɛsɔre,
afei mɛma me ho so,
afei wɔbɛma me so.
11Modwene ade huhuw, na mo nsusuwii yɛ ɔkwa;
mo ahome yɛ ogya a ɛbɛhyew mo.
12 Nnw 118.12 Na aman bɛyɛ akado a wɔahyew,
nkraadua a wɔatwa a wɔde gya sɔ ano.
Asomdwoe a ɛbɛba no13Mo a mowɔ akyirikyiri, muntie nea mayɛ,
na mo a mobɛn, munhu me mmaninyɛ.
14Sion mu nnebɔneyɛfo ho popo,
na ehu aka ahuhufo:
Yɛn mu hena na ɔbɛtena ogya a ɛhyew ade ho?
Yɛn mu hena na ɔbɛtena daa hyew mu?
15 Nnw 15.2-5; 24.3-4 Nea ɔnam trenee mu na ɔka nea ɛteɛ,
nea okyi apempensika,
nea ɔtwe ne nsa na anso anadwode mu,
nea osisiw n’aso na ante mogya ho asɛm,
na omua n’aniwa na anhu bɔne,
16ɔno na ɔbɛtena sorɔnsorɔmmea,
abotan aban bɛyɛ no guankɔbea,
wɔde n’aduan bɛma no, ne nsu remmɔ no da.
17 Yes 32.1 W’aniwa behu ɔhene n’ahoɔfɛ mu,
ebehu asase a ɛtrɛw haharaa.
18Wo koma bedwen ahude no ho:
Ɔkanfo no wɔ he?
Ɔkarifo no wɔ he?
Nea ɔkan abantenten no wɔ he?
19 Deut 28.49 Worenhu anuɔdenfo,
ɔman a wɔn kasa mu dɔ a wɔnte,
na wɔpɔtɔ a wɔnte ase no.
20Hwɛ Sion, yɛn afahyɛ kurow no,
w’aniwa behu Yerusalem,
ofi a ɛyɛ komm, ntamadan a entwiw nkɔ
a wɔrentutu ne mmofunnua da biara da
na ne ntampehama biara rentetew no.
21Na mmom AWURADE bɛtena hɔ ama yɛn, tumidi mu,
kurow a ɛho wɔ asu akɛse ne nsuwansuwa;
atabon ahyɛmma biara renkɔ mu,
na ahyɛn akɛse rentwam wɔ hɔ.
22Na AWURADE ne yɛn temmufo,
AWURADE ne yɛn hene ɔno na obegye yɛn nkwa.
23Wo ntampehama mu agow,
entumi nsuso ne hyɛn dua mu,
na ɛntrɛw hyɛn ntama mu.
Ɛno na wɔbɛkyɛ asade a wɔafa no bebree mu,
mpakye po bɛfow ade.
24 Sak 12.8 Na ɔmanfo no mu bi renka sɛ: Magurow!
Ɔman a wɔte mu no, wɔde wɔn amumɔyɛ befiri wɔn.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.