1 Yer 51.5 Ao, kurow a anka emu nkurɔfo dɔɔso no,
ne nko ara te hɔ dɛn ni?
Nea anka ɔso amanaman mu no,
wayɛ sɛ okunafo.
Nea odi nsaase horow so hemmaa no,
wayɛ nea oyi tow.
2 Nnw 69.20 Osu ara na osu anadwo,
na nusu sensan n’afono so.
Onnya n’adɔfo nyinaa mu
ɔwerɛkyekyefo bi.
Ne mfɛfo nyinaa atwitwa no nkontompo,
wɔadannan no atamfo.
3Amane ne ɔsom dodow nti
Yuda atu kɔ.
Ɔte amanaman mu,
na onnya homebea.
N’atiwfo nyinaa kɔtoo no
n’ahokyere mu.
4Sion akwan no di awerɛhow,
sɛ obiara mma afahyɛ no ase nti.
N’aponkɛse nyinaa ayɛ afo.
N’asɔfo gu ahome,
ne mmabaa ayɛ mmɔbɔmmɔbɔ,
na wɔn nso werɛ ahow.
5N’ahohiafo abedi ti,
n’atamfo di yiye;
na ne mmarato dodow nti
AWURADE ahyɛ no awerɛhow:
Ne mmotafowa adi ɔtamfo anim
kɔ nnommumfa mu.
6Na Sion babea ahokeka
nyinaa aguan afi ne ho kɔ;
ne mmapɔmma ayɛ sɛ atwe
a wonnya adidibea,
wodi atiwfo anim
na wonni ahoɔden.
7 Lew 26.34-35 Yerusalem amane ne n’ahometew nna yi mu
wakae n’afɛfɛde
a ɛwɔ hɔ fi tete nna no mu no nyinaa;
ne nkurɔfo hwee ɔhohiafo nsam
na wannya ɔboafo no,
n’ahohiafo ani gyei,
na wɔserew n’asehwe no.
8 Kwa 1.17; Yer 13.22 Yerusalem ayɛ bɔne kɛse
ɛno nti na wadan asrede.
Wɔn a anka wodi no ni nyinaa to ne ho mpe,
efisɛ wɔahu n’adagyaw.
Ɔno ankasa gu ahome,
na wadan n’ani.
9N’ahohwi bra ada adi n’atade mmuano mu;
wannwene ne daakye ho,
enti n’asehwe yɛ hu;
onni ɔwerɛkyekyefo bi.
AWURADE, hwɛ m’amane,
na ɔtamfo di akokurokosɛm!
10 Deut 23.3 Ɔhohiafo no ateɛ ne nsa
n’afɛfɛde nyinaa so,
na wahu amanaman mpo,
sɛ wɔrefow ne kronkronbea hɔ ade,
nnipa a wohyɛe
sɛ wɔnnhyɛn w’asafo mu no.
Sion kwadwom ne n’adesrɛ11Ne nkurɔfo nyinaa gu ahome
rehwehwɛ aduan.
Wɔde wɔn agyapade ma gye aduan
de hyɛ wɔn ho den.
AWURADE, hwɛ na hu,
sɛ madan ohuhuni!
12 Kwa 1.5 So ɛmfa mo a mofa ɔkwan so twam nyinaa ho bi?
Monhwɛ na munhu,
sɛ ɛyaw bi wɔ hɔ a ɛte sɛ me yaw
a wɔde aba me so yi
a AWURADE de ahow me werɛ
n’abufuhyew da no!
13Wama ogya fi soro
aduru me nnompe mu,
na edidi mu;
wasum m’anan afiri,
wama masan m’akyi.
Wama mayɛ pasaa,
meyɛ gorɔw daa adesae.
14Ɔde ne nsa
akyekyere me mmaratode ayɛ no kɔndua;
ɛtoatoa mu gu me kɔn mu,
wama m’ahoɔden atu,
AWURADE ayi me ahyɛ wɔn
a mintumi minnyina wɔn anim no nsa.
15 Yes 63.3 AWURADE atow m’akunini
a ɛwɔ me mu nyinaa agu;
ɔfrɛɛ nnipa ma wohyiaa mu hyɛɛ me,
sɛ wɔnnwerɛw me mmerante;
AWURADE atiatia Yuda babea so
sɛ wotiatia nsa-kyi-amoa mu.
16 Yer 9.1 Eyinom nti na misu;
m’aniwam kyi nusu;
na me werɛkyekyefo
a obedwudwo me kra
ne me ntam ware;
me mma ayɛ pasaa,
efisɛ ɔtamfo no adi nim.
17 Kwa 1.8 Sion atrɛw ne nsam:
Onni ɔwerɛkyekyefo bi;
AWURADE ahyɛ Yakob sɛ,
ne mfɛfo a atwa ne ho ahyia nyɛ n’atamfo;
Yerusalem adan afide wɔ wɔn ntam.
18 Kwa 3.42; 5.16 Ɔtreneeni ne ɔno AWURADE,
na me na matew n’anom asɛm ho atua.
Amansan nyinaa, muntie,
monhwɛ me yaw!
Me mmabaa ne me mmerante
kɔ nnommumfa mu.
19 Kwa 1.11 Mefrɛɛ m’adɔfo,
nanso wɔdaadaa me;
m’asɔfo ne me mpanyimfo
repɛ aduan
de ahyɛ wɔn ho den no,
wɔtotɔɔ beraw kuro no mu.
20AWURADE hwɛ m’awerɛhow yi!
M’ayamde kyinkyim;
me koma adan me yam;
efisɛ matew atua kɛse,
afoa twitwa me mma abɔnten so,
na owu nso wɔ fie.
21 Kwa 4.21 Wɔtee sɛ meresi apini;
minni ɔwerɛkyekyefo bi;
m’atamfo nyinaa ate m’amane;
wɔn ho sɛpɛw wɔn sɛ woayɛ me saa;
wobɛma ɛda a woahyɛ no adu,
na wɔn nso ayɛ sɛ me.
22Ma wɔn nnebɔne nyinaa mmra w’anim,
na yɛ wɔn
sɛnea me mmaratode nyinaa nti
woyɛɛ me no;
na m’apinisi adɔɔso,
na me koma agurow.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.