1 Makabe 2 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Matias ne ne mma

1Nna no mu no, Matias a n'agya ne Simeon, na ɔyɛ ɔsɔfo ma Yoarib abusua no, tu fii Yerusalem kɔtenaa Modein.

2Na ɔwɔ mmammarima baanum, Yohane a n'abusua din ne Gadi,

3Simon a wɔfrɛ no Tasi,

4Yudas a wɔfrɛ no Makabe,

5Eliasa a wɔfrɛ no Awaran ne Yonatan a wɔfrɛ no Apuhus.

6Ohuu abususɛm a na ɛkɔ so wɔ Yuda ne Yerusalem no,

7na ɔkae sɛ:

Ao! Wɔwoo me behuu eyi yɛɛ dɛn?

me nkurɔfo ne kurow kronkron yi asɛe,

na mete mu na wɔde ama atamfo,

na ananafo abɛfa ne kronkronbea?

8N'asɔrefi ayɛ sɛ onipa a onni anuonyam

9wɔasoa n'ahyɛn fɛfɛ no kɔ nnommum mu.

wɔakunkum ne mmofra agu ne mmɔnten so.

ne mmabun nso atotɔ wɔ nkrante ano.

10Ɔman bɛn na n'ahemfi afi ne nsa

na ne nsa anka n'asade yi?

11Wɔafa n'anuonyam nyinaa kɔ;

onni fawohodi bio wabɛyɛ akoa

12Na hwɛ yɛn kronkronbea

ne yɛn anuonyam no asɛe koraa

ananafo agu ne nyinaa ho fi.

13Yɛtena ase bio ayɛ dɛn?

Afei Matias ne ne mma no tetew wɔn ntade mu, na wofuraa ayitama na wosuu kɛse pa ara.

Wɔpo abosonsom

15Ɔhene mpanyimfo a wɔpɛ sɛ wɔsɛe yɛn som kronkron no baa Modein kurow no mu bɛhyɛɛ wɔn bɔɔ afɔre.

16Israelfo pii baa wɔn nkyɛn, na Matias ne ne mma nso baa hɔ bi.

17Na ɔhene mpanyimfo no kasa kyerɛɛ Matias sɛ: Woyɛ ɔkannifo a wobu wo kɛse wɔ kurow yi mu, na wo mma ne wo nuanom di w'akyi.

18Afei di kan bra na bɛyɛ nea ɔhene hyɛ wo no, sɛnea amanaman mufo ne Yudafo a aka Yerusalem ayɛ no. Na wo ne wo mma aka ɔhene nnamfo ho. Na wɔde dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ne akyɛde pii bɛhyɛ wo ne wo mma no anuonyam.

19Na Matias de nne kɛse teɛɛm sɛ: Sɛ aman a wɔwɔ ɔhene mpasua so nyinaa tie no di n'ahyɛde so, na wɔn mu biara gyaw wɔn nenanom ne wɔn som a

20me ne me fi de, yɛbɛkɔ so adi yɛn nenanom ahyɛde no so.

21Ɛmpare yɛn sɛ yebegyaw mmara ne ahyɛde no.

22Yɛrentie ɔhene, nnyaw yɛn som, nkɔ benkum anaa nifa.

23Owiee nsɛm yi nyinaa ka no, Yudani bi fi baa petee no mu, bɛbɔɔ afɔre maa Modien sɛnea ɔhene ahyɛ no.

24Matias hui no, ne komam hyee no, na ɔde koma pa mu abufuw, tuu mmirika kokum no afɔremuka no so.

25Bere koro no ara, okum ɔhene somfo a ɔrehyɛ wɔn sɛ wɔmmɔ saa afɔre no, na obubuu afɔremuka no.

26Enti ɔde nsi ne Anem ko peree mmara no, sɛnea Pinehas ko tiaa Salu ba Simri.

27Na Matias de nne kɛse teɛɛm wɔ kurow no mu sɛ: Obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɔ mmara no ho ban, na odi ahyɛde no so no mpue mɛka me ho.

28Na afei ɔne ne mma no guan kɔɔ mmepɔw no so, na wogyaw wɔn agyapade nyinaa wɔ kurom hɔ.

29Saa bere no, wɔn a wɔpɛ adetrenee ne atɛntrenee no nyinaa kɔɔ sare no so kɔtenaa hɔ.

30Wɔne wɔn mma, wɔn yerenom ne wɔn mmoa nyinaa, efisɛ na ɔhaw no dɔɔso ma wɔn.

31Ankyɛ na asɛm yi duu ɔhene mpanyimfo a wɔwɔ Yerusalem no anim sɛ: Israelfo a atew ɔhene anim atua no, aguan akohintaw sare so.

32Asraafo pii tiw wɔn ne wɔn kɔkoe homeda

33Asraafo no teɛɛm sɛ: Bere da so wɔ hɔ, mommra mmedi ɔhene mmara no so, na munya nkwa.

34Na Israelfo no buae sɛ: Yɛremma, yɛrenni ɔhene mmara no so, na yengu homeda no ho fi.

35Wɔantwentwɛn wɔn anan ase bio nti wɔde ɔko no hyehyɛɛ so.

36Nanso Israelfo no anyɛ hwee, wɔantow ɔbo bi, nanso wɔamfa mpempe bi ansiw wɔn ɔbodan ano kwan.

37Na Israelfo no nyinaa kae sɛ: Momma yɛmfa adwenemtew nwuwu. Yɛfrɛ ɔsoro di yɛn adanse sɛ: Ɛnyɛ atɛntrenee na mo ne yɛn redi yi.

38Enti homeda no, wɔtoaa wɔn kunkum mmarima ne mmea ne mmofra bɛboro apem. Wɔne wɔn mmoa nyinaa.

39Mmere a Matias ne ne nnamfonom tee eyi no wodii awerɛhow pii.

40Na wɔka kyerɛɛ wɔn ho, wɔn ho sɛ: Sɛ yɛn nyinaa yɛ sɛnea yɛn nuanom ayɛ yi, na yɛanko annye yɛn ho, ne yɛn mmara ne yɛn amammerɛ amfi ananafo yi nsam a, ɛrenkyɛ wɔbɛpopa yɛn afi asase so.

41Saa da no wotuu agyina sɛ: Sɛ obi bɛpɛ wɔn ntɔkwaw homeda a, wɔnsɔre mmɔ wɔn ho ban, sen sɛnea wɔn nyinaa bewuwu sɛ ɛtoo wɔn nuanom wɔ ɔbodan no mu no.

42Hasidifo a wɔyɛ Israelfo aboafo, de wɔn ho mae, sɛ wɔbeboa abɔ mmara no ho ban.

43Na atukɔfo a wɔaguan afi ɔhaw no mu, bɛkaa wɔn dodow ho, maa wɔn ahoɔden dɔɔso.

44Mmere a afei asraafo no abɔ pɔw no, wɔdan wɔn abufuwhyew guu mmarima a wodi fɔ na wɔatew atua no so. Wɔn a wofii nsa no bɔɔ wɔn ho ban wɔ ananafo no mu.

45Matias ne ne nnamfo no, tutuu mmirika faa ɔman no mu bubuu abosonnan nyinaa.

46Na wɔhyɛɛ mmarimaa a wohuu wɔn Israel mpasua so nyinaa twitwaa wɔn twetia.

47Wɔhwehwɛɛ wɔn atamfo atuatewfo no, na wodii wɔn so nkonim.

48Enti wɔbɔɔ wɔn mmara no ho ban fii ananafo no nsam na wɔn ahemfo dii tumi wɔ abɔnefo no so.

49Mmere a Matias rebewu no, osee ne mma no sɛ: Abufuw bere ni, na etia yɛn. Nna yi yɛ ɔhaw bere.

50Enti me mma mommɔ mmara no ho ban, na momfa mo kra nto hɔ mma apam a ɛda mo ne agyanom ntam no.

51Sɛ mokae dwuma a wodii wɔn bere so a, mobenya anuonyam kɛse ne daa nidi bɛyɛ mo de.

52So Abraham anyɛ ɔnokwafo ne sɔhwɛ mu, nam so nyaa din sɛ onipa trenee anaa?

53Yosef ho kyeree no, nanso odii Awurade mmara no so nam eyi bedii panyin wɔ Misraim.

54Yɛn nena Pinehas ammerɛ ne mmɔdemmɔ mu, na onyaa daa apam no mu sɔfo.

55Yosua dii mmara no so, na ɔbɛyɛɛ ɔkannifo wɔ Israel.

56Kaleb adanse wɔ asafo no nyinaa anim, na onyaa asase no sɛ ne kyɛfa.

57Dawid yɛɛ ɔnokwafo na onyaa ahengua no wɔ ahemman no mu daa.

58Elia mmɔdemmɔ ankɔ fam wɔ mmara no ho na wɔmaa no so kɔɔ soro.

59Hanania Asaria ne Misael nyaa gyidi, na wogyee wɔn fii ogyaframa mu.

60Daniel yɛ onipa trenee, na woyii no fii gyata anom.

61Enti mokae sɛ awo ntoatoaso abakɔsɛm mu no, obi mfaa ne werɛ nhyɛɛ Awurade mu a biribi ahyia no.

62Nsuro ɔbɔnefo ahunahuna, ne yiyeyɛ bɛdan agyanan ne nsonson.

63Nnɛ ɔwɔ nidi fɛfɛ, ɔkyena wohwehwɛ ne tenabea a worenhu, wasan kɔ dɔte mu, na ne nsusuwii ayɛ ɔkwa.

64Nanso me mma, munnya akokoduru ne ahoɔden mfi mmara no mu, na emu na anuonyam wɔ.

65Na afei mo nua Simon ni. Minim sɛ ɔyɛ ɔfotufo pa, muntie no daa, na ɔbɛyɛ agya ama mo.

66Yuda Makabe ayɛ ɔhoɔdenfo ne ɔkokodurufo afi ne mmofraase, ɔno nyɛ mo panyin, na monko ntia nnipa no.

67Frɛ mmara sodifo nyinaa bra wo nkyɛn, na monko ntia nnipa no mmarato.

68Tua amanaman mufo no nnebɔne so ka. Na tie nea mmara no ka.

69Matias hyiraa wɔn, na afei otiw n'agyanom wɔ asaman.

70Owui afe 146 mu, na ne mma siee no abusuafo amusiei wɔ Modin. Wosuu no pii wɔ Israel afanan nyinaa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help