1 Adi 10.1; Hes 43.2 Na eyinom akyi no, mihuu ɔbɔfo foforo sɛ ofi soro resian ba, na ɔwɔ tumi kɛse, na n’anuonyam nti asase haranee.
2Adi 14.8; Yes 13.21; 34.11; 34.13; Yer 50.39 Na ɔde nne a emu yɛ den teɛɛm sɛ:
Wahwe ase, Babel kɛse no ahwe ase,
na adan ahonhommɔne tenabea
ne ahonhom fi nyinaa atɛwee
ne nnomaa a wɔyɛ fi
na wokyi wɔn nyinaa atɛwee.
3 Yer 51.7; Nah 3.4 Efisɛ amanaman nyinaa anom
n’aguamammɔ abufuw nsa no bi,
na asase so ahene ne no abɔ aguaman,
na asase so aguadifo nam ne taamudi ahoɔden so anya wɔn ho.
4 Yes 48.20; 52.11; Yer 50.8; 51.6; 51.45 Na metee nne foforo fii soro sɛ:
Me man, mumfi no mu,
na moanyɛ ne nneyɛe bɔne no bi,
na moannya ne haw no bi.
5 Gye 18.20-21; Yer 51.9 Efisɛ ne nneyɛe bɔne atoatoa abedu soro,
na Onyankopɔn akae n’amumɔyɛ.
6 Nnw 137.8; Yer 50.15; 50.29 Muntua no ka, sɛnea otuaa mo ka,
na momfa mmɔ ho abien mma no, sɛnea ne nnwuma te.
Kuruwa a ɔfrae no, momfra mmu mmɔ ho abien mma no.
7 Yes 47.7-9 Dodow a ɔhyɛɛ ne ho anuonyam na odii taamu no,
momma n’ayayade ne n’awerɛhow nnɔɔso saa;
Efisɛ ɔkae ne komam sɛ:
Mete hɔ sɛ ɔhemmea, na menyɛ okunafo, na merenni awerɛhow da.
8 Yes 47.9; Yer 50.31; Adi 17.16 Eyi nti na ne haw bɛba da koro pɛ,
owu ne awerɛhow ne ɔkɔm,
na wɔde gya bɛhyew no,
efisɛ Awurade Nyankopɔn a obu no atɛn no yɛ ɔhoɔdenfo.
9 Adi 17.2 Na asase so ahemfo a wɔne no abɔ aguaman na wɔadi taamu no, sɛ wohu ne hyew wusiw a, wobesu no, na wɔabobɔ ne ho abubuw.
10 Adi 14.8; Yes 21.9; Yer 51.8 N’aninyanne no suro nti wobegyinagyina akyiri aka sɛ:
Due, due, kurow kɛse
Babel, kurow a ɛyɛ den,
efisɛ dɔnhwerew biako mu na w’atemmu aba.
11 Hes 27.36 Na asase so aguadifo besu no na wɔadi ne ho nkɔmmɔ, efisɛ obi ntɔ wɔn aguade bio:
12Hes 27.12-13; 27.22 Sika kɔkɔɔ, dwetɛ, aboɔden abo, nhene pa, nwera pa, ntama afasebiri, sedaa ne nkranhoma aguade, nnua a ɛyɛ huam nyinaa, asommɛn adwinni a wɔde nnua a ɛwɔ din, ayowa, dade ne abohemmaa ayɛ nyinaa,
13pɛprɛ, mmurongo, nnuru huamhuam, kurobow, huamfufu, nsa, ngo, asikresam muhumuhu, awi, nyɛmmoa, nguan, apɔnkɔ, nteaseɛnam, nnipadua ne nnipa akra.
14Na nnuaba a wo kra kɔn dɔ no
afi wo nkyɛn,
na nnepa ne anuonyanne nyinaa
afi wo ho ayera, na worenhu bio koraa.
15Nneɛma yi ho aguadifo a kurow no nti wɔanya ade no, begyinagyina akyiri n’aninyanne no suro nti, na wɔasu na wɔadi nkɔmmɔ sɛ:
16 Adi 17.4 Due, due, kurow kɛse
a ofura nwera pa
ne ntama afasebiri ne nkranhoma,
na ɔde sika
ne aboɔden abo ne nhene pa ahyehyɛ ne ho.
17 Yes 23.14; Hes 27.27-29 Efisɛ dɔnhwerew biako pɛ mu na saa ahonya no ayɛ pasaa yi. Na hyɛn akwankyerɛfo nyinaa ne wɔn a wɔnam hyɛn mu kɔ baabi nyinaa ne hyɛn mufo ne dodow a wɔyɛ po so adwuma gyinagyina akyiri,
18 Yes 34.10 na wohuu ne hyew wusiw no, wɔteɛɛm sɛ:
Kurow bɛn na ɛte sɛ kurow kɛse yi?
19 Hes 27.30-34 Na wɔde dɔte guu wɔn atifi, na wɔde osu ne gyam teɛɛm sɛ:
Due, due, kurow kɛse yi a n’aboɔdenne nti
wɔn a wɔwɔ hyɛn wɔ po so nyinaa
anyinya wɔn ho wɔ mu,
efisɛ dɔnhwerew biako pɛ mu na wɔayɛ no pasaa.
20 Yes 44.23; Yer 51.48 Ɔsoro ne mo, ahotefo ne asomafo ne adiyifo,
momma mo bo ntɔ mo yam wɔ ne ho,
efisɛ Onyankopɔn abu no atɛn ama mo.
21 Yer 51.63-64 Na ɔbɔfo hoɔdenfo bi maa ɔbo bi a ɛte sɛ owiyammo kɛse so tow kyenee po mu kaa sɛ:
Sɛnea wɔbɛtow kurow kɛse Babel
akyene hwii ne no,
na wɔrenhu bio koraa.
22 Yes 24.8; Hes 26.13 Na wɔrente asankubɔfo ne nnwontofo ne mmɛnhyɛnfo ne ntorobɛntohyɛnfo
nne wo mu bio,
na wɔrenhu adwinni bi mu dwumfo biara
wo mu bio,
na wɔrente wiyammo
biara nka wo mu bio,
23 Yer 7.34; 16.9; 25.10; Yes 23.8 na ɔkanea hann renhyerɛn wo mu bio,
na wɔrente ayeforokunu ne ayeforo
nne wo mu bio,
efisɛ w’aguadifo yɛɛ asase so nnipa akɛse,
na wɔde w’aduto adaadaa amanaman nyinaa.
24 Adi 6.10; 17.6; 19.2; Mat 23.35; 23.37 Na ɛno mu na wohuu adiyifo ne ahotefo
ne wɔn a wɔakum wɔn asase so no nyinaa mogya.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.