1Sɛnea Tobit de n'ayeyi nsɛm baa awiei ni.
2Bere a Tobit ani furae no na wadi mfe aduosia abien, n'ani san buei no, odii yiye, ɔkyɛɛ ade na ɔkɔɔ so ara suroo Awurade Nyankopɔn na oyii no ayɛ.
3Bere a ɔyɛɛ akwakora posoposo na ɔrebewu no, ɔfrɛɛ ne ba Tobias ne ne nenanom baasɔn no, na ɔhyɛɛ ne ba no sɛ: Fa wo mma no,
4Nah 1.2—3.19 na yɛ ntɛm kɔ Media, na Onyankopɔn asɛm a odiyifo Nahum ka faa Niniwe ho no nyinaa bɛba mu. Asɛm biara a Onyankopɔn adiyifo no aka afa Asiria ne Niniwe ho no bɛba mu. Na ɛbɛyɛ asomdwoe wɔ Media asen Asiria ne Babel, esiane sɛ: Minim na migye di nso sɛ nea Onyankopɔn aka nyinaa bɛba mu. Wɔde yɛn abusuafo ne Israel mma bɛpete wiase na wɔafa wɔn nnommum afi asase pa no so, na Israel asase nyinaa bɛdan amamfo, na Samaria ne Yerusalem nso mpo bɛyɛ amamfo. Na Onyankopɔn asɔrefi a ɔwɔ mu no, wɔbɛhyew no na waburuw agu fam mmere kakra.
5Mmom Onyankopɔn behu wɔn mmɔbɔ bio, na ɔde wɔn asan aba wɔn asase so; na wɔabesi Onyankopɔn fi no, mmom ɛrenkyɛ sɛ mfiase no, de akosi sɛ mmere tenten no bɛso. Eyi akyi no wobefi nnommumfa mu aba na wɔasan abesi Yerusalem bio fɛfɛɛfɛ. Na wobesi Onyankopɔn fi no bio wɔ hɔ sɛnea Israel adiyifo no adi kan aka afa ho no.
6Na amanaman bɛsakra abɛsom nokware Nyankopɔn no. Wobegyaw abosom a wɔnam nsisi so ama nnipa no adi mfomso no.
7Amanaman mufo nyinaa beyi ɔteasefo Nyankopɔn no ayɛ, na wɔbɛboaboa Israelfo a saa bere no mu wɔagye wɔn nkwa, na wɔasom Onyankopɔn nokwarem no ano abɛtena Yerusalem: Abraham asase no so dwoodwoo. Na wɔn a wɔdɔ Awurade Nyankopɔn nokwarem no bedi ahurusi, mmom wɔn a wɔyɛ bɔne na wosisi afoforo no, wɔbɛpopa wɔn afi asase so.
8Nti afei, me mma, mehyɛ mo sɛ, monsom Awurade nokwarem, na monyɛ nea eye wɔ n'ani so.
9Monhyɛ mo mma na wɔnyɛ saa ara, wɔnkyɛ ade, na wɔnsom Awurade, na wɔmfa wɔn ahoɔden nyinaa nhyira ne din nokwarem. Enti afei me ba, fi Niniwe, ntena ha bio.
10Sɛ da bi, wosie wo na wɔ me nkyɛn a, nna Niniwe ahenkurow no mu anadwo biako mpo. Efisɛ mihu ayakayakasɛm pii wɔ kurow no mu, na aniwu bi nso nni nnipa no ani so. Me ba, hwɛ nea Nadab de yɛɛ Ahikar a ɔhwɛɛ no no, sɛnea osi de no fii sum mu kɔɔ hann mu, ne nea ɔyɛ de tuaa no ka. Mmom wogyee Ahikar fii mu, na Nadab de, onyaa akatua sɛnea n'ankasa nneyɛe te. Ahikar memaa ayɛyɛde na ofii owu afiri a Nadab asum no, no mu; mmom Nadab no ara na ɔtɔɔ n'afiri mu na ɔhweree ne nkwa.
11Nti afei, me mma, monhwɛ nea ayɛyɛde tumi yɛ, ne nea ayakayakade nso de ba; ɛde owu ba. Na afei m'ahome resa wɔ me mu.
Tobit ne Anna wuNa owui ne mpa so, na wɔyɛɛ n'ayi sɛnea ɛfata.
12Anna wui no osiee no wɔ n'agya nkyɛn. Akyiri yi Tobias ne ne yere, ne ne mma tu kɔtenaa Ekbatana wɔ n'ase Raguel nkyɛn.
13Ɔde nidi kɛse maa ne nsenom wɔ wɔn wiase awiei berem, na osiee wɔn wɔ Ekbatana. Odii wɔn ade, na wɔn agyapade baa ne nsam de kaa n'agya agyapade ho.
14Owui wɔ Ekbatana a ɛwɔ Media bere a na wadi mfe ɔha ne aduɔson.
15Mmom ansa na ɔrebewu no ɔtee sɛ, Nebukadnesar ne Ahasuerus ako agye Niniwe abɔ no pasaa, na n'ani gyei wɔ ho, na ohyiraa Awurade Nyankopɔn afebɔɔ. Amen.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.