1 Samuel 4 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Israelfo di nkogu

1 Yos 15.53 Na Samuel asɛm duu Israel nyinaa. Na Israel tu kɔe sɛ wokohyia Filistifo ne wɔn ako; na wɔkɔbɔɔ nsra wɔ Ebeneser, na Filistifo nso bɛbɔɔ nsra wɔ Afek.

2Na Filistifo no twaa mpasua hyiaa Israel, na ɔko no mu trɛwee, na Israelfo dii nkogu Filistifo no anim, na wokum wɔn mu nnipa bɛyɛ mpemnan.

31 Sa 14.18 Na ɔman no baa nsra no mu no, Israel mpanyin kae sɛ: Ɛdɛn nti na AWURADE ama yɛadi nkogu nnɛ Filistifo anim yi? Momma yɛnkɔfa AWURADE apam adaka no mfi Silo mmra yɛn nkyɛn, na ɛmmra yɛn mu mmegye yɛn mfi yɛn atamfo nsam.

42 Sa 6.2 Ɛnna ɔman no soma kɔɔ Silo kɔsoaa asafo AWURADE a ɔte Kerubim ntam no apam adaka no bae, na Eli mma baanu no, Hofni ne Pinehas, na wɔwɔ Onyankopɔn apam adaka no ho.

5Na AWURADE apam adaka no duu nsram hɔ no, Israel nyinaa bɔɔ ose kɛse maa asase wosowee.

6Na Filistifo tee osebɔ no, wɔkae sɛ: Hebrifo nsram osebɔ kɛse yi ase ne dɛn? Na wɔtee sɛ AWURADE adaka no aba nsra no mu.

7Ɛnna Filistifo no suroe, na wose: Onyankopɔn aba nsra no mu. Na wɔkae sɛ: Buei, yennue! Na ɛmmae sɛɛ pɛn.

8Buei, yennue! Hena na obeyi yɛn afi anyame atumfo yi nsam? Eyinom ne anyame a wɔde ɔhaw ahorow haw Misraimfo wɔ sare so no.

9Ate 13.1 Mo Filistifo, monhyɛ mo ho den, na monyɛ mmarima, na moansom Hebrifo sɛnea wɔsom mo no; enti monyɛ mmarima na monko.

10Na Filistifo no koe, na Israel dii nkogu, na wɔn nyinaa guanguan kokɔɔ wɔn ntamadan mu; na ɛyɛɛ okunkɛse sɛ, na Israel mu nnipa a wɔnam anammɔn mu ɔpeduasa totɔe.

11Na Onyankopɔn adaka no, Filistifo no fae, na Eli mma baanu no, Hofni ne Pinehas nso totɔe.

12Na Benyaminni bi fi mpasua no so tutuu mmirika baa Silo da no ara, na n’atade asunsuane, na dɔte gu n’atifi.

13Na odui no, na hwɛ, Eli te agua so kwankyɛn rehwɛ kwan; na Onyankopɔn adaka no nti na ne bo ntɔ ne yam. Na ɔbarima no ba bɛkae, na kurow mu no nyinaa sui.

14Na Eli tee osu no, ɔkae sɛ: Hooyɛ gyegyeegye yi ase ne dɛn? Na ɔbarima no yɛɛ ntɛm bɛka kyerɛɛ Eli.

151 Sa 3.2 Nso na Eli adi mfe aduakron awotwe, na n’ani so ayɛ wusiwusi, na onhu ade yiye.

16Na ɔbarima no ka kyerɛɛ Eli sɛ: Mene nea ofi mpasua so mebae no. Ɛnnɛ na mifi mpasua no so miguanee. Na ose: Asɛm no te dɛn, me ba?

17Na ɔbɔfo no buae sɛ: Israelfo adi nkogu Filistifo anim, na wɔakunkum Israelman no mu nnipa pii nso, na wo mma baanu no, Hofni ne Pinehas nso atotɔ, na atamfo no afa Onyankopɔn adaka no.

18Na ɔbɔɔ Onyankopɔn adaka no din no, Eli fi n’agua so tew faa n’akyi hwee ase ɔpon kɛse no ho, na ne kɔn mu bui, na owui, efisɛ ɔyɛ akwakoraa na ɔyɛ duru. Na wahwɛ Israel so mfe aduanan.

19Na ne sew, Pinehas yere, anyinsɛn na n’awo bere reyɛ adu. Na ɔtee asɛm no sɛ wɔafa Onyankopɔn adaka no, na n’ase ne ne kunu awuwu no, awoko yaw patu kaa no, na ɔkotow woe amonom hɔ ara, na yaw dodow no nti, owui.

20Gye 35.17 Na ɔregyaa mu no, mmea a wogyinagyina ne nkyɛn no ka kyerɛɛ no sɛ: Nsuro, na ɔbarima na woawo yi. Nanso wammua, na wammu.

21Nnw 78.61 Na ɔtoo abofra no din Ikabod, ase ne: Anuonyam wɔ he? Ɛna ose: Ɔfa a wɔafa Onyankopɔn adaka no, ne n’ase ne ne kunu wu no nti, anuonyam no afi Israel kɔ.

22Enti na ose: Anuonyam apa afi Israel, efisɛ wɔafa Onyankopɔn adaka no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help