2 Timoteo 1 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Nkyia

1Paulo a ɔnam Onyankopɔn pɛ so yɛ Kristo Yesu somafo, sɛnea nkwa a ɛwɔ Kristo Yesu mu bɔhyɛ no te no,

2de kɔma ɔdɔba Timoteo: Adom, mmɔborohunu, asomdwoe mfi Agya Onyankopɔn ne yɛn Awurade Kristo Yesu nka wo.

Aseda

3 Aso 23.1; 24.16; Flp 3.5 Meda Onyankopɔn a mifi me nenanom so mesom no sɛ m'agyanom no ase sɛ mekae mo daa wɔ me mpaebɔ mu awia ne anadwo,

4na mekae wo nusu a, ɛma m’ani gyina sɛ mehu wo, na anigye ayɛ me ma,

5Aso 16.1 na ɛma mekae wo gyidi a nkontompo nnim a kan ɛwɔ wo nena Lois ne wo na Eunike mu, na migye midi sɛ ɛwɔ wo nso mu no.

Afotu ahorow

6 1 Te 5.19; 1 Tim 4.14 Ɛno nti merekae wo sɛ: Nyan Onyankopɔn adom akyɛde a ɛnam me nsa a mede miguu wo so no a ɛwɔ wo mu no so ka sɔ ano bio;

7Rom 8.15 efisɛ Onyankopɔn amma yɛn ehu honhom, na mmom ahoɔden ne ɔdɔ ne adwenemtew de.

8 Rom 1.16 Enti mma w’ani nnwu yɛn Awurade adansedi ne me a meyɛ ne deduani no ho, na mmom hu asɛmpa no ho amane bi, sɛnea Onyankopɔn ahoɔden te no.

9Tito 3.5 Ɔno na wagye yɛn, na ɔde ɔfrɛ kronkron afrɛ yɛn, ɛnyɛ yɛn nnwuma nti, na mmom ne tirim agyina ne adom a wɔde adom yɛn Kristo Yesu mu fi teteete

10Rom 16.26; 1 Ko 15.54-55; 15.57; Heb 2.14 na afei wɔnam yɛn agyenkwa Kristo Yesu ahoyi so ayi adi no ho. Ɔno na wayi owu hɔ, na ɔnam asɛmpa no so ayi nkwa ne ade a ɛmporɔw adi hann.

111 Tim 2.7 Ɛno na wɔabɔ din ahyɛ me ɔsɛnkafo ne ɔsomafo ne ɔkyerɛkyerɛfo.

12Ɛno ara nti na mihu amane yi nso, nanso m’ani nwu ho; efisɛ minim onii ko a magye no madi, na migye midi sɛ obetumi ahwɛ nea wɔde ahyɛ me nsa no so asie da no.

13 1 Tim 6.3; Tito 2.1 So nsɛm pa a eye a wotee me nkyɛn no nhwɛso no mu yiye, gyidi ne ɔdɔ a ɛwɔ Kristo Yesu no mu.

141 Tim 6.20 Ade pa a wɔde ahyɛ wo nsa no, fa Honhom Kronkron a ɔte yɛn mu no so hwɛ so.

Figelo, Hermogene, Onesiforo

15 2 Tim 4.16 Wunim eyi, sɛ wɔn a wɔwɔ Asia nyinaa adan afi me nkyɛn, wɔn mu bi ne Figelo ne Hermogene.

16Awurade nhu Onesiforo fi mmɔbɔ, efisɛ ɔtaa huhuw me maa me ho dwoo me, na n’ani anwu me nkɔnsɔnkɔnsɔn ho.

17Na ɔbaa Roma no, ɔbɔɔ mmɔden hwehwɛɛ me, na ohuu me.

18Awurade mma onnya Awurade hɔ mmɔborohunu ɛda no! Na som a ɔsomee Efeso no, wo ara wunim yiye.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help