Nnwom 42 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

NHOMA A ƐTO SO ABIEN(Nnwom 42—72)Onyankopɔn ho anigyinaWɔde ma dwonkyerɛfo. Kora mma nnwenho dwom

1Sɛ ɔforote pere hwehwɛ nsuwa no,

sɛ me kra pere hwehwɛ wo, Nyankopɔn, ne no.

2 Nnw 84.2 Onyankopɔn, nkwa Nyankopɔn ho kɔm de me kra.

Da bɛn na mɛba mabefi Nyankopɔn anim?

3 Nnw 79.10 Me nusu ayɛ me aduan awia ne anadwo,

sɛ wose me daa sɛ: Wo Nyankopɔn wɔ he?

4 Nnw 27.4 Mekae eyinom, na mihwie me kra wɔ me mu,

sɛnea me ne asafokuw nantew kɔɔ Onyankopɔn fi,

na me ne nkurɔfo a wɔnam yuu hyɛ fa no

de ayeyi ne aseda nnwom kɔe no.

5 Nnw 42.11; 43.5 Me kra, adɛn na woabotow sɛɛ,

na wusi me mu apini?

Fa w’ani to Nyankopɔn so,

na mɛda so mayi no ayɛ,

sɛ ɔyɛ m’anim boafo ne me Nyankopɔn.

6Me kra abotow wɔ me mu,

enti mekae wo, Yordan ne Hermon mmepɔw asase so,

Misar bepɔw so.

7 Nnw 88.7 Ebun frɛ ebun, wo nsu

a ɛworo gugu no gyegyeegye no mu,

w’asorɔkye ne w’aworo nyinaa abu afa me so.

8Adekyee, AWURADE beyi n’adɔe adi,

na anadwo mato no dwom

mabɔ mpae ama me nkwa Nyankopɔn.

9 Deut 32.4; Nnw 43.2 Mɛka makyerɛ Onyankopɔn, me botan no, sɛ:

Adɛn nti na wo werɛ afi me?

Adɛn nti na ɔtamfo hyɛ a ɔhyɛ me so nti

memfa awerɛhow mennantew?

10Ahohora a m’ahohiafo bɔ me no

yɛ me sɛ me nnompe redwerɛw,

sɛ daa wose me sɛ: Wo Nyankopɔn wɔ he?

11 Nnw 42.5 Me kra, adɛn na woabotow sɛɛ,

na wusi me mu apini?

Fa w’ani to Nyankopɔn so,

na mɛda so mayi no ayɛ,

sɛ ɔyɛ m’anim boafo ne me Nyankopɔn.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help