2 Petro 1 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Nkyia

1Simon Petro, Yesu Kristo akoa ne somafo, de kɔma wɔn a wɔanya gyidi a ne bo yɛ den sɛ yɛn de no, yɛn Nyankopɔn ne Agyenkwa Yesu Kristo trenee mu:

2Adom ne asomdwoe nnɔɔso mma mo, Onyankopɔn ne yɛn Awurade Yesu ho nimdeɛ mu.

Okristoni frɛ ne ne yiye no

3 1 Pe 2.9 Sɛnea ne Nyankopɔn fam ahoɔden de nneɛma a ɛfa nkwa ne onyamesom pa ho nyinaa akyɛ yɛn, nea ɔnam anuonyam ne mmaninyɛ so afrɛ yɛn no ho nimdeɛ mu.

4Ɛno nso so na ɔnam akyɛ yɛn bɔhyɛ a ɛsosoe akɛseakɛse a ne bo yɛ den, na sɛ moanya aguan akɔnnɔ mu porɔw a ɛwɔ wiase a, moafa eyinom so anya Onyankopɔn su no bi.

5Gal 5.6; 5.22 Eyi ara nti na mo nso mommɔ mmɔden nyinaa mfa nka ho, na monkyerɛ mo papayɛ nka gyidi ho, na nimdeɛ nka papayɛ ho,

6na anidahɔ nka nimdeɛ ho, na boasetɔ nka anidahɔ ho,

7Gal 6.10 na onyamesom pa nka boasetɔ ho, na onuadɔ nka onyamesom pa ho, na ɔdɔ mapa nka onuadɔ ho.

8Gal 6.10Na sɛ eyinom wɔ mo mu na ɛdɔɔso a, ɛremma monyɛ anihafo ne wɔn a wɔnsow aba, yɛn Awurade Yesu Kristo ho nimdeɛ fam.

91 Yoh 2.9; 2.11 Efisɛ nea eyinom abɔ no no yɛ onifuraefo, na n’ani anyam, onhu akyiri ade, na ne werɛ afi ne bɔne a wayɛ dedaw no ho hohoro.

10Enti mmom, anuanom, mommɔ mmɔden nhyɛ mo frɛ ne mo yi mu den; na sɛ moyɛ eyinom a, morenhintiw da.

11Na saa na wɔbɛma mo kwan aboro so akɔ yɛn Awurade ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo daa ahenni no mu.

12Enti meremma m’ani mpa so sɛ mɛkae mo eyinom daa, nanso munim dedaw, na moatim nokware a ɛwɔ hɔ yi mu.

132 Ko 5.1 Nanso mibu no sɛ ɛteɛ sɛ mete ntamadan yi mu yi, mede nkae mekanyan mo,

14Yoh 21.18-19 efisɛ, minim sɛ ɔpa a wɔbɛpa me ho ntamadan yi bɛba ntɛm so, sɛnea yɛn Awurade Yesu Kristo nso ayi akyerɛ me no.

15Nanso mɛbɔ mmɔden, na me wiasefi akyi no, moatumi akae eyinom da biara.

Kristo anuonyam haran ho adansedi

16Na ɛnyɛ anansesɛm a wɔtoo no nyansam akyi na yedi kaa mo yɛn Awurade Yesu Kristo tumi ne ne ba no ho asɛm, na mmom yɛyɛɛ n’anuonyam kɛse no ho adansefo a na yɛn ani tuae.

17Mat 17.5 Na onyaa nidi ne anuonyam fii Agya Onyankopɔn nkyɛn no, ɛne sɛ saa nne yi fii anuonyam a ɛsɛ ɔkɛse no baa no so sɛ: Oyi ne me Dɔba a ɔsɔ m’ani no,

18yɛn a yɛne no wɔ bepɔw kronkron no so no tee saa nne yi sɛ efi soro bae.

19Nanso yɛwɔ adiyifo asɛm a egyina hɔ pintinn kyɛn sa, ɛno na sɛ mohwɛ no yiye sɛ ɔkanea a ɛharan baabi a ɛhɔ yɛ kusuu, de kosi sɛ ade bɛkye na adekyee nsoromma no apue mo koma mu a, moyɛ no yiye.

20Munhu eyi kan sɛ kyerɛw mu adiyisɛm biara nnam onipa nkyerɛase so;

212 Tim 3.16-17 efisɛ adiyisɛm bi amfa nnipa pɛ so amma pɛn, na mmom Onyankopɔn nnipa kronkron so, sɛnea Honhom Kronkron de wɔn rekɔ no, na wɔkasae.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help