Tobit 10 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Awofo no wɔ ateetee mu

1Afei nna retwam na ne ba no mma no, Tobit fii ase kenkan nna a Tobias behia de akɔ ne nna nso a ɔde bɛba.

2ɔkae sɛ: Ebetumi aba sɛ biribi besianka no anaa? Anaasɛ nso annyɛ a na Gabael awu ma obiara nni hɔ a ɔde sika no bɛma no?

3Na n'adwene mu haw no pii.

4Na ne yere kae sɛ: Aberante no ahwere ne nkwa; na ɔmfra ateasefo mu bio. Na ɔhyɛɛ ase sɛ ɔretwa adwo adi awerɛhow, na ɔkae sɛ,

5Minnue, midii mfomso sɛ memaa me dɔba a ɔyɛ me kwankyerɛfo no tuu kwan yi.

6Mmom Tobit see no sɛ: Yɛ komm na nhow wo werɛ, no ho ye na ɛnkyɛ na waba.

7Na ɔno nso buaa no sɛ: Yɛ komm na mmɛdaadaa me; me ba no ahwere ne nkwa. Na otuu mmirika da biara kɔ kwan a ne ba no nam so kɔe no so; na edu awia bere nso a onnidi, na anadwo nyinaa ongyae sɛ otwa adwo wɔ ne ba Tobias ho, na ɔnna.

Wosim Fi Ekbatana

Afei ayeforohyia aponto akyi nnawɔtwe abien no dui, sɛnea Raguel kaa ho ntam sɛ ɔntwɛn nni wɔ ne hɔ no, Tobias see Raguel sɛ: Gya me kwan na menkɔ, na m'agya ne me na ani nna so sɛ wobehu me bio. Enti mesrɛ wo gya me kwan nkuhu m'agya ankasa na makyerɛ wo nea ɛyɛe a mebeduu ha.

8Nanso Raguel see no sɛ: Tena me nkyɛn na mɛsoma akɔbɔ w'agya Tobit amanneɛ na wahu nea wahu nea wowɔ.

9Na Tobias buaa no sɛ: Dabi, gya me kwan na menkɔ m'agya nkyɛn.

10Nti Raguel sɔree ntɛm na ɔde Tobias yere Sara ne n'agyapade mu fa; nkoa ne mfenaa, anantwi ne nguan, mfurum ne yoma, ntama, sika, ne ofie nneɛma de maa no.

11Na ohyiraa wɔn, gyaa wɔn kwan, yɛɛ Tobias atuu kae sɛ: Monantew yie. Nyame a ɔwɔ soro no mma wo ne wo yere Sara nya nkɔso, na minhu mo mma, ansa na mawu.

12Afei ɔfew ne babea Sara ano see no sɛ: Me ba: Di wo nsenom ni; afei wɔn ne w'awofo. Ma mente wo ho asɛm pa. Na Edna see Tobias sɛ: Nyame a ɔwɔ soro no, mfa wo nsan mmra komm, me nua dɔfo, na ɔnnom me mma minhu wo ne me babea Sara mma, na minni ahurusi wɔ AWURADE anim. Hwɛ mede me babea no rehyɛ wo nsa; nnyɛ biribiara ma ɛnhow ne werɛ.

13Tobias de anigye ne ahurusi fii Raguel nkyɛn, na oyii Onyankopɔn a ɔyɛ ɔsoro ne asase wura no ayɛ. Ɔno a ɔyɛ Ahene mu Hene no, sɛ wama n'akwantu ayɛ dwoodwoo. Afei ohyiraa Raguel ne ne yere Edna na ɔkae sɛ: AWURADE ahyɛ me sɛ minni mo nni me nkwa nna nyinaa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help