Baruk 3 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

1O! Awurade Tumfo, Israel Nyankopɔn, ɔkra a ɛreteetee, ne honhom a abotow, na esu frɛ wo yi.

2O, Awurade, tie yɛn na hu yɛn mmɔbɔ, efisɛ yɛayɛ bɔne atia wo.

3Na wodi hene daa na yɛn de yɛn ase retɔre daa.

4O, Awurade Tumfo, Israel Nyankopɔn, afei tie wo nkurɔfo mpaebɔ. Wo mma a wɔyɛɛ bɔne wɔ w'anim, na wɔantie wo nne sɛ wɔn Awurade ne Nyankopɔn, na ɛmaa saa mmusu yi baa yɛn so no.

5Nkae yɛn agyanom amumɔyɛ, mmom saa tebea yi mu de, kae wo tumi ne wo din.

6Na wo ne Awurade yɛn Nyankopɔn, na ɛyɛ wo, O Awurade, na yebeyi wo ayɛ.

7Na wode wo ho suro ahyɛ yɛn koma ma, sɛnea yɛbɛbɔ wo din na yɛayi wo ayɛ wɔ yɛn nnommum mu, efisɛ yɛayi yɛn agyanom bɔne a wɔyɛɛ no wɔ w’anim nyinaa, afi yɛn komam.

8Hwɛ! nnɛ yɛwɔ nnommum mu, wɔ beae a wode yɛn apete, na yɛabɔ ahohora, na nnome ne asotwe aba yɛn so, yɛn agyanom amumɔyɛ nti. Wɔn na wɔpoo wo Awurade yɛn Nyankopɔn.

Nyansa ho ayeyi

9 Mmb 4.20-22 O, Israel, tie abrabɔ mu mmara a ɛma nkwa

yɛ aso na sua nyansa!

10Dɛn nti, O Israel, dɛn nti na wowɔ w’atamfo asase so

na worebɔ akora wɔ ananafo man mu

na wɔde funu gu wo ho fi

11na wɔkan wo fra wɔn a wɔwɔ asaman yi?

12Woapo nyansa nkwansuti.

13Sɛ anka wonantew Nyankopɔn kwan so a

anka wobɛtena asomdwoe mu daa.

14Hu beae a nyansa wɔ,

beae a ahoɔden wɔ,

beae a ntease wɔ,

sɛnea bere koro no ara woahu

bere a nna tenten ne nkwa wɔ,

beae a anibue wɔ, ne beae a asomdwoe wɔ.

15 Hiob 28.12, 20 Hena na wahu beae a ɔwɔ?

Na hena na wayɛn n'korade dan mu?

16Amanaman adikanfo wɔ he?

Na wɔn a wodi tumi wɔ asase ne mmoadoma so wɔ he?

17Na wɔn a wɔde wim nnomaa gye wɔn ani, wɔ he?

Ne wɔn nso a wɔakora dwetɛ,

na nnipa de wɔn werɛ hyɛ mu,

na daa wɔpɛ sɛ wonya bi ka ho no wɔ he?

18Wɔn a wɔfaa adwene na wɔperee sɛ wobenya dwetɛ

so wohu wɔn adwuma no ho mpopoe bi?

19Wɔayera, na wɔasian kɔ asaman,

na afoforo ahyɛ wɔn ananmu.

20Nkyirimma ahu adekyee hann

na wɔatena wiase,

nanso wɔansua nimdeɛ kwan,

na wɔante n’akwan ase

na wɔanso ne mu nso.

21Wɔn mma ayera kɔ akyirikyiri

afi ne kwan no ho.

22Wɔntee ne nka wɔ Kanaan,

na wonhuu no wɔ Teman.

23Hagar asefo a wɔhwehwɛ

ntease wɔ asase so,

Maran ne Teman aguadifo,

nsɛnkekafo ne wɔn a wɔrepere

ahwehwɛ ntease nyinaa,

nhuu nimdeɛ kwan a wɔnam so nya nyansa,

anaasɛ wɔasusuw n’akwan ho.

24O, Israel Nyankopɔn wo fi yɛ kɛse,

na w'asase terɛw ara!

25Ɛso na enni awiei;

ɛkorɔn na wontumi nsusuw.

26 Gye 6.4; Nya 14.6 Ɛhɔ na wɔwoo tete abirempɔn a, wogyee din no,

Na wɔyɛ akwabran ne akofo,

27Nanso Onyankopɔn ampaw wɔn,

nanso wamma wɔn nimdeɛ ho kwan.

28Nti wɔyerae efisɛ na wonni nyansa.

Ɛnam wɔn agyimisɛm nti wɔyerae.

29Hena na waforo akɔ soro, akoyi no

na ɔde no afi omununkum mu asian aba asase so?

30Hena na wakɔ po agya, akohu no,

sɛ ɔde sika kɔkɔɔ pa ara bɛtɔ no?

31Obiara nnim kwan a wɔde kɔ ne hɔ,

na atempɔn a wɔde kɔ ne hɔ nso nyɛ obiara ahiasɛm.

32Nanso nea onim ade nyinaa no nim no,

ohuu no wɔ ne ntease mu.

Nea osiesiee wiase too hɔ maa bere nyinaa no,

de abɔde a wɔwɔ anan anan hyɛɛ no ma.

33Nea ɔsomaa hann ma ɔkɔe no,

ɔfrɛɛ no, na ɔde ahopopo tiee no;

34nsoromma hyerɛn wɔ wɔn bere mu, na ɛmaa anigye;

ɔfrɛɛ wɔn na wosee sɛ: Yeni!

Wɔde anigye hyerɛn ma nea ɔyɛɛ wɔn no.

35Yɛn Nyankopɔn ni;

obi nni hɔ a wɔde no toto ne ho.

36Ɔno na ɔbɔɔ kwan a wɔde

kɔ nimdeɛ nyinaa hɔ.

na ɔde maa n’akoa Yakob,

ne Israel a ɔdɔ no no.

37Akyiri no ɔbaa asase so

na ɔbɛtenaa nnipa mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help