Lewitikɔs 24 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Nkanea no ngo

1Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

2Eks 27.20 Hyɛ Israelfo no ma wɔmmrɛ wo ngodua aba a wɔasiw ngo kurunnyenn na wɔmfa nsɔ ɔkanea no, na ɔkanea no nsi so daa;

3adanse ntwamu mmɔhɔɔ no akyi, ahyiae ntamadan no mu na Aaron nsiesie mfi anwummere nkosi anɔpa, AWURADE anim daa; ɛyɛ daa ahyɛde ma mo awo ntoatoaso nyinaa.

4Sika amapa kaneadua a ɛho tew no so na onsiesie akanea no, AWURADE anim daa yi.

Kyerɛ abodoo

5Na fa asikresam to tetare dumien; olonka abupɛn du mu abien nyɛ tetare biako.

6Eks 25.30 Na fa sensɛm so akyerɛpɛn abien, asia nyɛ kyerɛpɛn biako, sika amapa ɔpon a ɛho tew no so, AWURADE anim.

7Na fa ohuamfufu kurunnyenn toto akyerɛpɛn no so, na ɛnyɛ abodoo no so nkae ade, ogya afɔre a wɔsɔ ma AWURADE.

8Daa homeda na onsiesie wɔ AWURADE anim daa yi, ɛyɛ Israelfo fam daa apam.

9Na ɛnyɛ Aaron ne ne mma de, na wonni wɔ nea ɛhɔ yɛ kronkron, efisɛ ɛyɛ akronkronne mu ade kronkron a efi AWURADE gya afɔre so ma no, ɛyɛ daa kyɛfa.

Mmusu so asotwe

10Na Israelni bea bi ba a n'agya yɛ Misraimni fii adi Israelfo no mu, na Israelni bea no ba no ne Israelni bi hamee nsra no mu.

11Lew 24.16 Na Israelni bea no ba no kaa din no ho abususɛm, na ɔdomee. Na wɔde no brɛɛ Mose; nso ne na din de Selomit, Dibri ba a ofi Dan abusuakuw mu;

12Num 15.34 na wɔbɔɔ no dua mu sɛ enkosi sɛ obenya AWURADE anom asɛm aka akyerɛ wɔn.

13Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

14Fa nea wadome no fi adi kɔ nsra no akyi, na wɔn a wɔtee no nyinaa mfa wɔn nsa ngu n'atifi, na asafo no nyinaa nsiw no abo.

15Na kasa kyerɛ Israelfo nso sɛ obiara a ɔbɛdome ne Nyankopɔn no, ɔbɛsoa ne bɔne.

16Eks 20.7; Mat 26.65 Na nea ɔka AWURADE din ho abususɛm no, okum na wonkum no: osiw na asafo no nyinaa nsiw no abo; ɔhɔho oo, okuromani oo, sɛ ɔka din no ho abususɛm a, wonkum no.

17 Eks 21.12 Na sɛ obi kum onipa biara a, okum na wonkum no.

18Na nea okum afieboa no, onsi ananmu, ɔkra nsi ɔkra ananmu.

19Eks 21.23-25 Na nea opira ne yɔnko nipa no, sɛnea ɔyɛe no, wɔnyɛ no saa ara.

20Obu nsi obu ananmu, aniwa nsi aniwa ananmu, ɛse nsi ɛse ananmu; sɛnea opiraa onipa no, saa ara na wɔnyɛ no.

21Na nea okum afieboa no, onsi ananmu, na nea okum onipa no, wonkum no.

22Lew 19.34; Eks 12.49 Atemmu koro nna hɔ mma mo: ɔhɔho nyɛ sɛ okuromani; na mene AWURADE mo Nyankopɔn.

23 Num 15.36 Na Mose kasa kyerɛɛ Israelfo no, na wɔde nea ɔdomee no fii adi kɔɔ nsra no akyi kosiw no abo. Na Israelfo yɛɛ sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help