1 Lew 18 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:
2Ka kyerɛ Israelfo no sɛ: Obiara a ofi Israelfo anaa ahɔho a wɔabɛtena Israel mu a ɔde ne mma mu bi ma Molek no, okum na wonkum no; asase no sofo nsiw no abo mma onwu.
3Na me nso mɛma m'ani asa onipa no, na matwa no afi me man mu akyene, efisɛ ɔde ne mma bi ama Molek de agu me kronkronbea no ho fi na wahura me din kronkron no ho.
4Na sɛ ɔde ne mma mu bi ma Molek na asase no sofo no bu wɔn ani gu saa onipa no so na wɔankum no a,
5me de, mɛma m'ani asa onipa no ne n'abusua, na metwa ɔno ne wɔn a wodi n'akyi aguamammɔ kwan so na wodi Molek akyi bɔ aguaman no nyinaa afi wɔn man mu agu.
6 Lew 19.31 Na obiara a ɔdan ne ho kɔ adebisafo anaa asumanfo nkyɛn kodi wɔn akyi aguamammɔ kwan so no, mɛma m'ani asa saa onipa no, na metwa no afi me man mu akyene.
7 Lew 19.2 Enti montew mo ho na monyɛ kronkron: na mene AWURADE mo Nyankopɔn.
8Lew 19.37 Na munni m'ahyɛde so na monyɛ, Mene AWURADE a ɔyɛ mo kronkron no.
9 Eks 21.17 Sɛ obiara dome n'agya anaa ne na a, okum na wonkum no; wadome n'agya ne ne na: ne mogya gu n'atifi.
10 Eks 20.14; Yoh 8.5 Ɔbarima a ɔfa ɔbarima bi yere na ɔne ne yɔnko yere sɛe aware no, okum na wonkum ɔbarima ne ɔbea awaresɛefo no.
11Na ɔbarima a ɔne n'agya yere da no, wayi n'agya adagyaw so; okum na wonkum wɔn baanu nyinaa; wɔn mogya gu wɔn atifi.
12Na ɔbarima a ɔne n'ase a ɔyɛ ne ba yere da no, okum na wonkum wɔn baanu nyinaa; wɔayɛ akyide; wɔn mogya gu wɔn atifi.
13Na ɔbarima a ɔne ɔbarima bi da ɔbea nna no, wɔn baanu ayɛ akyide, okum na wonkum wɔn; wɔn mogya gu wɔn atifi.
14Sɛ ɔbarima bi fa ɔbea ne ne na nyinaa a, ɛyɛ abusude: wɔmfa ogya nhyew ɔno ne wɔn nyinaa, na abusude antena mo mu.
15Na ɔbarima a ɔne aboa bi da no, okum na wonkum no, na aboa no nso munkum no.
16Na ɔbea a ɔkɔ aboa biara ho kɔda hɔ ma no no, kum ɔbea no ne aboa no; okum na wonkum wɔn; wɔn mogya gu wɔn atifi.
17Na ɔbarima a ɔfa ne nuabea a ɔyɛ n'agya ɔba anaa ne na ɔba na ohu n'adagyaw na ɔbea no nso hu n'adagyaw no, ɛyɛ animguasede, na wontwitwa wɔn ngu, wɔn man mma anim; wayi ne nuabea adagyaw so; ɔnsoa ne mmusu.
18Na ɔbarima a ɔne ɔbrafo da na oyi n'adagyaw so na obue n'abura ano, na ɔno nso yi ne mogya abura so no, wontwitwa wɔn baanu nyinaa mfi wɔn man mu ngu.
19Na nyi wo na nuabea anaa w'agya nuabea adagyaw so, efisɛ wayi ne bogya adagyaw so; wɔnsoa wɔn mmusu.
20Na ɔbarima a ɔne n'agya nua yere da no, wayi n'agya nua adagyaw so, wɔnsoa wɔn bɔne, wɔrenwo mma na wɔawu.
21Na obi fa ne nua yere ware a, ɛyɛ ade a ɛho ntew; wayi ne nua adagyaw so, wɔrennya ɔba.
22Enti munni m'ahyɛde nyinaa ne m'atemmude nyinaa so na monyɛ, na asase a mede mo rekɔ hɔ akɔtena so no amfe mo angu.
23Na mommfa aman a merebetu wɔn mo anim no ahyɛde so; na wɔayɛ eyinom nyinaa na wɔn ho ayɛ me nwini;
24na mise mo sɛ: Mo na munni wɔn asase so, na mede mema mo sɛ momfa, asase a ɛsen nufusu ne ɛwo no. Mene AWURADE mo Nyankopɔn a mayi mo afi amanaman mu no.
25Lew 11 Na mompae asase so mmoa a wɔn ho tew ne wɔn a wɔn ho ntew mu, ne nnomaa a wɔn ho ntew ne wɔn a wɔn ho tew mu, na moamfa asase so mmoa ne nnomaa ne ade biara a ɛwea fam a mapae mu mama mo sɛ ɛho ntew no angu mo kra ho fi.
26Na monyɛ kronkron mma me, efisɛ me AWURADE meyɛ kronkron; na mapaw mo afi aman mu sɛ mommɛyɛ me dea.
27 Eks 22.18 Na ɔbarima anaa ɔbea a adebisa anaa akɔm honhom wɔ ne mu no, okum na wonkum wɔn; wonsiw wɔn abo; wɔn mogya gu wɔn atifi.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.