Mmebusɛm NHYƐNMU - KYER?W KRONKRON(ATWDB)
NHYƐNMUMmebusɛm nhoma no yɛ ɔbra pa ne ɔsom pa ho kyerɛkyerɛ a wɔahyehyɛ no nyansakasa ne mmebu mu. Emu dodow no ara yɛ daadaa asetena mu nsɛm. Nhoma no mfitiase no kae yɛn sɛ: AWURADE suro ne nimdeɛ mfiase, na ɛtoa so ka nneɛma a ɛboa ɔsom kronkron, anidahɔ, ne abrabɔ pa. Kasanyansa ntiantia a ɛwom no kyerɛ sɛnea tete Israelfo akyerɛkyerɛfo no wɔ nimdeɛ, wɔ nea ɛsɛ ɔba nyansafo sɛ, ɔyɛ wɔ tebea biara mu.Mmebusɛm no bi ka abusua mu asetena ho nsɛm, na ebinom nso ka aguadi ho nsɛm. Ebi reka asetena mu nneyɛe, ne hia a ehia sɛ onipa hyɛ ne ho so tebea bi mu no, na afoforo nso ka ahobrɛase, ntɔboase ne nidi a yɛde ma ahiafo. Nnamfofa mu nokwaredi ho nsɛm pii nso ka ho.EMU NSƐMNea wɔde yi nyansa ayɛ 1.1—9.18Solomon mmebusɛm 10.1—29.27Agur nsɛm 30.1-33Nsɛm horow bi 31.1-31