Yosua 23 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Yosua ne ɔman no nkradi

1 Yos 21.44 Nna pii akyi no, AWURADE maa Israel home fii wɔn atamfo a wɔatwa wɔn ho ahyia nyinaa nsam, saa bere no na Yosua abɔ akora, na wadi nna bebree no,

2Ɔfrɛɛ Israel nyinaa, wɔn mpanyimfo ne wɔn atitiriw, ne wɔn atemmufo ne wɔn ahwɛfo no hyiae, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Me de, mabɔ akora, madi nna pii.

3Na mo nso moahu nea AWURADE mo Nyankopɔn ayɛ amanaman yi mo anim na AWURADE mo Nyankopɔn no, ɔno na ɔko maa mo.

4Monhwɛ, mede ntonto makyɛ amanaman a aka yi ne amanaman a matwitwa agu no nyinaa mu mama mo, sɛ mo mmusuakuw nni so; efi Yordan ano, kodu Po Kɛse no ho, atɔe fam.

5Na AWURADE mo Nyankopɔn no, ɔno na obesunsum wɔn afi mo anim na obetu wɔn afi mo anim sɛ munni wɔn asase so, sɛnea AWURADE mo Nyankopɔn ka kyerɛɛ mo no.

6Deut 5.29 Enti monhyɛ mo ho den pa ara, na monhwɛ nyɛ nea wɔakyerɛw Mose mmara nhoma no mu nyinaa, na moamman amfi ho ankɔ nifa anaa benkum,

7Eks 23.13, 24 na moankɔ amanaman a akeka mo ho yi mu; na mommmɔ wɔn anyame din, na monnka wɔn ntam, na monnsom wɔn, na monnsɔre wɔn,

8na mmom AWURADE mo Nyankopɔn ho na momfam, sɛnea moayɛ de abedu nnɛ yi.

9Lew 26.7-8; Deut 28.7 Na AWURADE atu amanaman akɛse a wɔn ho yɛ den afi mo anim, na mo de, obi nnyinaa mo anim de abesi nnɛ.

10Mo mu biako bɛpam nnipa apem, na AWURADE mo Nyankopɔn no, ɔno na ɔko ma mo, sɛnea ɔka kyerɛɛ mo no.

11Enti monhwɛ mo ho yiye, na monnɔ AWURADE mo Nyankopɔn.

12Na sɛ mosan mo akyi de mo ho kɔbata amanaman yi nkae a wɔakeka mo ho yi ho, na mo ne wɔn di ayeware no, mokɔ wɔn mu, na wɔba mo mu a,

13Num 33.35; Deut 7.16; Ate 2.3 ɛnne munhu ampa ara sɛ AWURADE mo Nyankopɔn renkɔ so ntu amanaman yi mfi mo anim bio, na wɔbɛdannan mo afiri ne hentia ne mpire, mo mfem, ne nsɔe, mo aniwa mu, akosi sɛ mobɛsɛe afi asase pa yi a AWURADE mo Nyankopɔn de ama mo yi so.

14 1 Ah 2.2; Yos 21.45 Na hwɛ, me de, ɛnnɛ merekɔ asase sofo nyinaa kwan; na munhu mo koma nyinaa mu ne mo kra nyinaa mu sɛ, asɛm biako pɛ ntɔɔ fam, nsɛmpa a AWURADE mo Nyankopɔn kaa wɔ mo ho no nyinaa mu: Ne nyinaa aba mu ama mo, emu asɛm biako pɛ antɔ fam.

15Na sɛnea asɛmpa a AWURADE kaa mo no nyinaa aba mo so no, saa ara na AWURADE bɛma asɛmmɔne nyinaa nso aba mo so akosi sɛ ɔbɛsɛe mo afi asase pa yi a AWURADE mo Nyankopɔn de ama mo yi so.

16Sɛ mofom AWURADE mo Nyankopɔn apam a ɔhyɛɛ mo no, na mokɔ kɔsom anyame foforo na mosɔre wɔn a, ɛnne AWURADE abufuw bɛdɛw ahyɛ mo, na moasɛe ntɛm afi asase pa a ɔde ama mo no so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help