Sirak 34 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Biribiara nni adaeso mu

1Nea onni adwene no, anidaso yɛ hunu na ɛnka hwee,

na adaeso ma nkwasea nya ntaban.

2Sɛnea obi a ɔkyere sunsuma na ɔtaa mframa te no,

saa ara na nea ogye adaeso di no te.

3Nea yehu no adaeso mu no yɛ ade bi sunsuma kɛkɛ,

anim a ɛrehwɛ no sɛso.

4Nea ɛho ntew no,

ahotew bɛn na ebefi mu aba?

Na nea ɛnyɛ nokware no,

nokwasɛm bɛn na ebefi mu aba?

5Sɛ wokɔ abisa, ne sunsum mu hwehwɛ, ne adaeso nyinaa, nyɛ nokware,

ɛte sɛ ɔbea a ɔreko awo, n’adwene susuw nneɛma hunu pii.

6Gye sɛ ɛyɛ biribi a, Ɔsorosoroni no ayi akyerɛ

mfa w’adwene nkɔ so.

7Efisɛ adaeso adaadaa nkurɔfo pii,

na wɔn a wɔde wɔn werɛ hyɛ mu no asɛesɛe.

8Sɛ saa nnaadaa yi nni hɔ a, anka mmara no bedi mu,

na nyansa awie pɛyɛ, wɔ ɔnokwafo anom.

Osuahu sɛ ɔkyerɛkyerɛfo

9Onipa a wasua nhoma no nim nneɛma pii;

na nea wanya abrabɔ mu suahu pii no, kasa a na onim nea ɔka ho asɛm.

10Nea onni abrabɔ mu suahu no,

nneɛma kakraa bi na onim,

11na nea watu kwan no ɔfa mu suahu pii.

12Mahu nneɛma pii wɔ m’akwantu mu,

na mete nneɛma pii ase a merentumi nka.

13Mpɛn pii no, makɔ ɔhaw a owu wɔ mu,

nanso ɛnam saa abrabɔ mu suahu yi nti mifii mu.

Suro AWURADE

14Wɔn a wosuro Awurade no, honhom bɛtena ase,

15efisɛ wɔn anidaso wɔ nea ogye wɔn no mu.

16Nea osuro Awurade no remmɔ hu,

anaa nso ɔrenyɛ ohufo, efisɛ ɔno ne n’anidaso.

17Nea osuro Awurade no kra ani gye!

18Hena na ɔhwɛ no? Na hena ne ne boafo?

19Awurade ani wɔ wɔn a wɔdɔ no no so.

Ɔyɛ aban dennen ne okyigyinafo kɛse,

ɔyɛ hintabea wɔ ɔhyew mframa bere mu, ne onwini wɔ awia ketee mu.

ɔkwankyerɛfo na yɛanhintiw, ne ɔboafo na yɛanhwe ase.

20Ɔma ɔkra so na ɔma n'ani gye;

ɔma ahoɔden, nkwa, ne nhyira.

Afɔrebɔ

21Sɛ obi de ade a onyaa no kwan bɔne so bɔ afɔre a,

afɔre no ho ntew;

22Mmaratofo akyɛde ne afɔrebɔ nnsɔ ani.

23Ɔsorosoroni no, ani nnsɔ nea onni nyamesuro no afɔrebɔ;

ne afɔrebɔ bebrebe a entumi mpata bɔne.

24Sɛnea obi kum ɔba wɔ n’agya anim te no,

saa na onipa a ɔde ohiani agyapade bɔ afɔre no te.

25Ohiani aduan ne nea ohuw fam da no nkwa;

obiara a ogye wɔn nsam aduan yi no, yɛ owudifo.

26Sɛ wugye wo yɔnko

ano aduan a, ɛyɛ awudi,

27Sɛ woma wo dwumayɛni akatua bɔ no a,

ɛyɛ mogya hwiegu.

28Sɛ obi si na ɔfoforo dwiriw gu a,

dɛn na wonya wɔn brɛ mu?

29Sɛ obi bɔ mpae na ɔfoforo nso dome a,

hena nne na Awurade betie?

30Sɛ obi de ne nsa kɔka funu na oguare,

na ɔsan de ne nsa kɔka bio a,

na mfaso bɛn na onyaa wɔ n’aguare no mu?

31Nti sɛ onipa di mmuada wɔ ne bɔne ho,

na ɔsan kɔ kɔyɛ saa nneɛma no ara bio a,

hena betie ne mpaebɔ?

Na mfaso bɛn na onyaa no wɔ n'ahobrɛase no mu?

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help