Sakaria 13 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Apam foforo no mu dom mayɛ

1 Yes 12.3; 55.1 Ɛda no, wobebue nsuaniwa ano ama Dawid fi ne Yerusalemfo, bɔne ne ahokum fam.

2 Mika 5.13 Na ɛda no, asafo Awurade asɛm ni, metwitwa abosonhuhuw din afi asase no so, na wɔrenkae bio; nanso mɛma adiyifo no ne efi honhom no afi asase no so akɔ.

3Deut 13.5 Na sɛ obi bɛda so ahyɛ nkɔm a, n’agya ne ne na a wɔwoo no no bɛka akyerɛ no sɛ: Worennya nkwa, efisɛ woaka Awurade din mu atosɛm. Na ne nkɔmhyɛ no nti na n’agya ne ne na a wɔwoo no no behwirew no mu.

42 Ah 1.8 Na ɛda no, adiyifo no ani bewuwu wɔn adehu ho, wɔn nkɔmhyɛ no mu, wɔremfura nwi nguguso mfa nsisi bio.

5Na wɔn mu biara bɛka sɛ: Menyɛ odiyifo, meyɛ okuafo a mayɛ kua, fi me mmofraase.

6Na obi bisa no sɛ: Akuru bɛn na ɛwɔ wo nsa mu yi? A, ɔbɛka sɛ: Opira a wopiraa me, m’adɔfo fi no nen.

Ahodwira atemmu

7 Mat 26.31 Afoa, sɔre hyɛ me guanhwɛfo

ne ɔbarima a ɔyɛ me ho nipa no,

asafo Awurade asɛm ni; bɔ oguanhwɛfo no,

na nguan no mpete,

na mɛdan me nsa aba nkumaa no so.

8 Yes 6.13 Na wobetwitwa asase no nyinaa

so nkyɛmu abien ma adwerɛw,

nkyɛmu a ɛto so abiɛsa no,

wobegyaw wɔ so, Awurade asɛm ni.

9 Hos 2.23 Na mede nkyɛmu a ɛto so abiɛsa no mɛfa ogya mu,

na manan wɔn sɛ wɔnan dwetɛ,

na mayiyi wɔn mu sɛ woyiyi sika mu.

Wɔbɛbɔ me din, na me nso mebua wɔn;

mɛka sɛ: Me man ne wɔn!

Na wɔn nso aka sɛ: Awurade me Nyankopɔn!

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help