1Yake ba Agur nsɛm. Anisoadehu.
Ɔbarima no ka kyerɛ Itiel,
Itiel ne Ukal sɛ:
2Na meyɛ aboa a menyɛ onipa,
na nhumu a onipa wɔ no, minni bi.
3Na minsuaa nyansa,
na minni ɔkronkronni no ho nimdeɛ.
4 Hiob 38 Hena na waforo akɔ soro na wasian?
Hena na okura mframa ne nsam?
Hena na ɔbɔ nsu boaa, ntama mu?
Hena na ɔde asase ano nyinaa sisii hɔ?
Sɛ wunim a, ne din de dɛn?
Na ne ba din de dɛn?
5 Nnw 12.6; 18.30 Onyankopɔn asɛm nyinaa ho tew,
ɔyɛ ɔkyɛm ma wɔn a wɔde wɔn ho to no so.
6 Deut 4.2 Mfa biribi nka ne nsɛm ho,
na wanka w’anim, na wɔanhu wo sɛ ɔtorofo.
7Nneɛma abien na mesrɛ wo hɔ,
nkame me ansa na mawu.
8 1 Tim 6.6-8; Mat 6.11 Yi ade huhuw ne atosɛm fi me ho kɔ akyirikyiri;
mma me ohia anaa ahonyade,
ma minnya m’aduan a ehia me no minni;
9na mammee mampa wo manka se:
Hena ne AWURADE?
Nanso manni hia manwia ade mamfom me Nyankopɔn din.
10Nni akoa ho nseku nkyerɛ ne wura,
na wammɔ wo dua na woanni fɔ.
11Nnipa bi wɔ hɔ a wɔdome wɔn agya,
na wonhyira wɔn na.
12 Mmb 20.9 Nnipa bi wɔ hɔ a wɔn ho tew wɔn ankasa ani so,
nanso wonguaree wɔn mfii wɔn fi mu ɛ.
13 Mmb 21.4 Nnipa bi wɔ hɔ a wɔn ani tra wɔn ntɔn,
na wɔamoma wɔn anisuatɛtɛw so!
14Nnipa bi wɔ hɔ a wɔn se yɛ nkrante,
na wɔn nnyepi yɛ asekan
a wɔde we abrɛfo fi asase so,
ne ahiafo fi nnipa mu.
15Amemem wɔ mmabea baanu:
Fa ma! Fa ma!
Nneɛma abiɛsa na ɛmmee da,
Yiw, nneɛma anan na ɛnka se: Ɛdɔɔso:
16Asaman ne ɔyafunu bonin,
asase a nsu mmee no ne ogya a ɛnka sɛ: Ɛdɔɔso.
17 Mmb 20.20 Aniwa a eyi n’agya ahii, na ebu ɛna tie animtiaa no,
asubɔnten ho kwaakwaadabi betutu, na akɔre mma bedi.
18 Mmb 6.16 Nneɛma abiɛsa na ɛyɛ me nwonwa dodo,
Yiw na anan de, minhu:
19Ɔkɔre kwan, ewim,
ɔwɔ kwan, ɔbotan so,
hyɛn kwan, ɛpo mu,
ne ɔbarima kwan, ababaa ho.
20Sɛ ɔbea ɔwaresɛefo kwan te ni:
Odidi popa n’ano, na ose:
Memmɔɔ mmusu bi ɛ.
21Nneɛma abiɛsa ase na asase wosow,
Yiw na anan na entumi nsoa:
22 Ɔsɛ 10.6 Akoa a wabedi hene,
ne ogyennyentwi a wadidi amee,
23ɔbea a obi mpɛ no, na wanya okunu,
ne abaawa a wadi n’awuraa ade.
24Nneɛma anan na esusua asase so,
nanso wɔyɛ anyansafo.
25 Mmb 6.6-8; 10.5 Ntɛtea, ɔman a wonni ahoɔden bi,
nanso wosiesie wɔn aduan ahohurubere;
26nkukuban, ɔman a wɔn ho nyɛ den,
nanso wɔyɛ wɔn adan abotan mu;
27mmoadabi nni hene,
nanso wɔn nyinaa fi nam akuwakuw;
28wubetumi de wo nsa akyere ɔkɔtew,
nso ahene aban mu na ɔte.
29Nneɛma abiɛsa yi nantew mu ye,
Yiw na anan kɔbea yɛ fɛ:
30Gyata, mmoa mu bran
a ɔnsan mfi obiara anim,
31akodi pɔnkɔ a n’asen amia,
ne ɔpapo, ne ɔhene a obi nsɔre nhyɛ no.
32Sɛ woayɛ nkwaseade ama wo ho so,
na sɛ woabɔ pɔw a,
fa wo nsa to w’ano.
33Na wumia nufusuda a, wuyi nufusu ani srade,
saa ara na wukyim hwene a, wuyi mogya,
na wumia abufuw a, wuyi ntɔkwaw.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.