1Na wotu fii Elim, na Israelfo asafo no nyinaa baa Sin sare a ɛda Elim ne Sinai ntam no so. Wofii Misraim asase so no, ɔsram a ɛto so abien no da a ɛto so dadu nnanum ne no.
2 Efisɛ wonnim dekode. Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Eyi ne aduan a Awurade de ama mo sɛ munni.
16Nsɛm a Awurade ahyɛ ni: Montase bi sɛnea obiara bedi: Omer mmiako mmiako, sɛnea mo nnipa dodow si na montase. Obiara ntase mma wɔn a wɔwɔ ne ntamadan mu no.
17Na Israelfo no yɛɛ sa; na wɔtasee, ebinom de pii, ebinom de kakraa bi.
182 Ko 8.15 Na wɔde omer susuwii, na nea ɔtasee pii no annya akyiri bi, na nea ɔtasee kakraa bi no, anka no bi. Wɔn nyinaa tasee sɛnea wobedi.
19Mat 6.34; Luka 11.3 Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Obiara nnnyaw bi mmma ade nnkye so.
20Nanso wɔantie Mose, na ebinom gyaw bi ma ade kyee so; na ɛdɔɔ mmoawa na ɛbɔnee. Na Mose bo fuw wɔn.
21Na wɔtasee anɔpa anɔpa, obiara sɛnea obedi; na owia mu yɛ den a, na anan.
22Na da a ɛto so asia no, wɔtasee aduan no mmɔho, obiako de omer abien. Na asafo no mu mpanyimfo nyinaa bae bɛka kyerɛɛ Mose.
23Gye 2.2-3; Eks 20.8 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Nea Awurade aka ni: Ɔkyena yɛ ɔhome, homeda kronkron a wodi ma Awurade, monto nea mowɔ to, na monnoa nea mowɔ noa; na nea ɛbɛka no, momfa nsie nkosi anɔpa.
24Na wɔde siei kosii anɔpa, sɛnea Mose hyɛe no; na ammɔn, nso mmoawa bi nni mu.
25Na Mose kae sɛ: Munni no nnɛ, na ɛnnɛ yɛ homeda a wodi ma Awurade; ɛnnɛ morenhu bi wuram.
26Nnansia na montase, na ɛda a ɛto so ason no yɛ homeda, ɛda no de, ebi rentɔ.
27Na da a ɛto so ason no, nkurɔfo no mu bi fii adi sɛ wɔkɔtase, nanso wɔannya bi.
28Na Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ: Mobɛkame m'ahyɛde ne me mmara so di akosi da bɛn?
29Monhwɛ, sɛ Awurade ama mo homeda nti na da a ɛto so asia no ɔma mo nnanu aduan; montenatena mo afi mu; mma obiara mmfi adi mmfi ne tenabea da a ɛto so ason no.
30Ɛnna ɔman no homee da a ɛto so ason no.
31Na Israelfo frɛɛ no: Mana, nso ɛte sɛ yisa aba fitaa, na ne dɛ te sɛ tetare a ɛwo wɔ mu.
32Na Mose kae sɛ: Asɛm a Awurade ahyɛ ni: Momfa ebi nhyɛ omer ma mfa nsie awo ntoatoaso a ɛbɛba mo akyi no, na wɔahu aduan a mede memaa mo dii wɔ sare so bere a miyii mo Misraim asase so no.
33Heb 9.4 Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Fa kuruwa bi, na fa mana omer ma gu mu, fa si Awurade anim, na wɔmfa nsie mo awo ntoatoaso.
34Sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no, Aaron de sii Adanse no anim sɛ wɔde resie.
35Yos 5.12 Na Israelfo no dii mana mfirihyia aduanan de kosii sɛ woduu asase bi a nkurɔfo bi te so so; wodii mana de kosii sɛ woduu Kanaan asase no hye so.
36Nso omer yɛ olonka abupɛn du mu biako.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.