Yesaia 14 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Babel hene asehwe

1 1 Sa 1.17 Na AWURADE yam bɛhyehye no Yakob ho, na wapaw Israel bio, na ɔde wɔn adua wɔn asase so, na ananafo de wɔn ho afam wɔn ho, na wɔabata Yakob fi ho.

2Yes 49.22 Na aman bɛfa wɔn de wɔn aba wɔn tenabea, na Israel fi afa wɔn adi AWURADE asase no so ma wɔayeyɛ nkoa ne mfenaa, na wɔafa wɔn nnommumfafo nnommum, na wɔahom wɔn ahoguanfo so.

3Na ɛda a AWURADE bɛma wo ɔhome afi wo yaw ne w’ahoyeraw ne w’anyadi dennen a wodii wo no mu no,

4wɔbɛbɔ Babel hene akutia sɛ:

Ɛyɛɛ dɛn na ɔhawfo no agyae,

na ahoguan no to atwa yi?

5AWURADE abubu abɔnefo abaa

ne wɔn a wodi panyin poma no mu;

6ɔde abufufa bobɔɔ aman

ɔbɔ a ennyae da,

ɔde abufuw bedi amanaman no so

ɔbɛhyɛ wɔn ahometew a emu yɛ den.

7 Hab 2.20 Asase nyinaa so adwo, ayɛ komm;

mpofirim ara wɔma dwom so;

8 Yes 37.24 ɔpopaw nso nya wo ho anigye,

ɛne Lebanon nkyeneduru,

na ɛka sɛ: Sɛ woakɔda yi,

obi remforo mma yɛn so mmɛtow yɛn.

9Asamando keka ne ho

rebehyia wo ba a woreba no;

ɛrehwanyan nsamanfo ahyia wo,

asase so akunini nyinaa;

ɛma amanaman ahene nyinaa

sɔresɔre fi wɔn agua so.

10Wɔn nyinaa begye so

aka akyerɛ wo sɛ:

Wo nso woagurow te sɛ yɛn ara,

woayɛ sɛ yɛn ara pɛ!

11 Hes 32.18-19 Wo kɛseyɛ asian aba asaman,

ne wo mmɛnta sanku nne no nso;

w’ase kɛtɛ ne mmoawa manyamanya,

na wo so nkataso ne asonson!

12Woafi soro ahwe ase,

nsoromma hyerɛnfo, adekyee ba,

Wɔatwa wo ahwe fam,

wo a wobrɛɛ amanaman ase no.

13 Hes 28.14 Na wo de, wokae wo komam sɛ:

Ɔsoro na mɛforo makɔ,

Onyankopɔn nsoromma no atifi

na mɛma m’ahengua so masi,

na matena ahyiae bepɔw no so,

atifi fam asase ano noho tɔnn;

14mɛforo makɔ omununkum sorɔnsorɔmmea,

mɛyɛ me ho sɛ ɔsorosoroni no.

15Mmom asaman na woresian akɔ

akodu amoa no ase tɔnn.

16Wɔn a wohu wo no hwɛ wo dinn

de wɔn ani kari wo komm ka sɛ:

Ɔbarima a ɔmaa asase wosowee

na ɔmaa ahenni hinhimii no ni?

17Nea ɔmaa wiase dan anwea so

na oburuburuw emu nkurow,

na wannyaw emu nneduafo kwan ankɔ ofie no ni?

18Amanaman ahene nyinaa,

wɔn nyinaa deda hɔ anuonyam mu,

obiara da ne damoa mu;

19 Yes 34.3; Yer 22.19 na wo de, wɔatow wo afi wo damoa mu akyene

sɛ dubaa a wɔapo no;

sɛ atɔfo a afoa ahwirew wɔn mu

na wɔasian akɔ abo amoa mu no adurade,

sɛ funu a wɔatiatia so.

20Wɔremfa wo nka wɔn ho afunsie mu,

efisɛ woasɛe w’asase

na woakunkum wo nkurɔfo.

Wɔmmmɔ nnebɔneyɛfo asefo din

da biara da bio.

21 Eks 20.5 Wɔn agyanom amumɔyɛ nti,

munsiesie akumii mma ne mma;

na wɔansɔre amfa asase anni so,

na wɔamfa nkurow anyɛ asase ani ma.

22Na mɛsɔre mahyɛ wɔn, asafo AWURADE asɛm ni, na matwa din ne wɔn a aka, mma ne mmanana, mafi Babel, AWURADE na ose.

23Na mede no mɛyɛ mpɛsɛe agyapade ne nsu atare, na mede ɔsɛe prae mapra no, asafo AWURADE asɛm ni.

Asiriafo ne Filistifo ho atemmusɛm

24Asafo AWURADE aka ntam sɛ:

Ampa ara, sɛnea misusuwii no,

saa na ɛbɛba mu,

na sɛnea mabɔ me tirim no,

saa ara nso na ebegyina,

25sɛ mebubu Asiriafo m’asase so,

na matiatia no so, me mmepɔw so,

ne kɔndua no befi wɔn so akɔ,

na n’adesoa no afi wɔn mmati so.

26Ɛno ne pɔw a wɔabɔ

afa asase nyinaa ho,

na ɛno ne nsa a wɔateɛ,

amanaman nyinaa so.

27Na asafo AWURADE abɔ ne tirim,

hena na ɔbɛma ayɛ ɔkwa?

Na ne nsa ateɛ,

hena na obesianka no?

28 2 Be 28.27 Afe a ɔhene Ahas wui no mu

na atemmusɛm yi bae.

29 Yer 47 Nni ahurusi, wo Filistia nyinaa,

sɛ abaa a ɛhwee wo no abu,

na ɔwɔ ntini no mu na ɔkyereben befi aba,

na n’aba nso ayɛ ogya wɔ a otu.

30Na mmɔborɔfo mmakan bedidi,

na ahiafo nso adeda hɔ dwoodwoo;

na mede ɔkɔm mekum wo ntini,

na w’akyikafo nso, mɛma wɔatotɔ.

31Kurow pon, twa adwo, kurokɛse, teɛm ɛ! Wo Filistia nyinaa

ma wo bo ntu,

efisɛ owusiw fi atifi fam aba,

na n’asafo mu biara nka akyiri.

32Na asɛm bɛn na wɔde bebua ɔman no abɔfo?

Sɛ AWURADE de Sion atim,

na ne man mu amanehunufo

te mu dwoodwoo.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help