1 Mmb 15.16-17; 16.8 Aduan wesee a asomdwoe wɔ mu ye
sen ofi a afɔrebɔde a wɔko ho ayɛ no ma.
2Akoa nimdefo bedi ɔba a ɔyɛ aniwude so,
na obenya agyapade mu kyɛfa, anuanom mu.
3 Nnw 66.10 Kyɛmfɛre wɔ hɔ ma dwetɛ,
na fononoo wɔ hɔ ma sika;
na AWURADE na ɔsɔ koma hwɛ.
4Bɔneyɛfo tie ahuhude ano,
ɔtorofo yɛ aso ma mmusubɔ tɛkrɛma.
5 Mmb 14.31 Nea oyi ohiani ahii bɔ ne yɛfo ahohora,
nea n’ani gye amane ho no, ne ho renyɛ tɔtorɔtɔɔ.
6 Nnw 128.6 Nkwakoraa abotiri ne mma mma,
na mma anuonyam ne wɔn agyanom.
7Ɔkasatraso mfata ogyennyentwi,
na menne sɛ atoro ano bɛfata ɔdehye.
8Ayɛyɛ te sɛ aboɔden bo, nea onyae ani so,
baabiara a ɛfa no ɛma ɛyɛ yiye.
9Nea ɔkata mfomso so no hwehwɛ ɔdɔ,
na nea oti asɛm mu no tetew nnamfo ntam.
10Nkaanim hyɛn nhumufo mu
kyɛn sɛ mmaa ɔha hyɛn ɔkwasea mu.
11Atuatew nko na ɔbɔnefo hwehwɛ,
na wɔbɛsoma ɔbɔfo tirimmɔdenfo akɔ no so.
12Ma osisi a wɔafa ne mma nhyia wo mmom,
na ɛnyɛ ɔkwasea n’agyimisɛm mu.
13 Nnw 109.5 Nea ɔde bɔne hyɛ papa ananmu no,
bɔne rempa ne fi da.
14Atutuw mfiase te sɛ nsu ano tue,
enti ɔham mu nnya nyɛɛ den no, gyae.
15 Yes 5.23 Nea obu ɔbɔnefo bem ne nea obu ɔtreneeni fɔ no,
AWURADE akyide ne wɔn baanu nyinaa.
16Ɛdɛn nti na sika wɔ ɔkwasea nsam,
sɛ ɔde bɛtɔ nyansa, bere a onni ti?
17 Mmb 18.24 Adamfo dɔ bere nyinaa mu,
na onua, wɔwoo no maa hiada.
18 Mmb 6.1 Onipa a onni ti na odi akagyinam,
na odi ne yɔnko agyinam.
19Nea ɔpɛ atutuw no pɛ mmarato,
nea ɔma ne dan ano korɔn no hwehwɛ abu.
20Komam kɔntɔnkyefo nhu papa,
na tɛkrɛma dannanfo hwe bɔne mu.
21 Mmb 10.1 Nea ɔwo ɔkwasea no, ɔwo nya awerɛhow,
na anigye bi nni hɔ mma ogyennyentwi agya.
22 Mmb 15.13, 15 Anigye koma yɛ aduru pa,
na honhom a abotow yow nnompe mu.
23Ɔbɔnefo gye ayɛyɛde fi kokoam,
sɛ ɔrebɛdan atemmu akwan ani.
24 Mmb 4.25 Nyansa wɔ nhumufo anim,
na ɔkwasea de, n’aniwa da asase ano noho.
25 Mmb 17.21 Ɔba kwasea hyɛ n’agya awerɛhow
ne ne na a ɔwoo no ahometew.
26Sɛ wodi ɔtreneeni kasa a, enye,
na sɛ wɔhwe adɛɛfo a, enye koraa.
27 Mmb 10.19; Yak 1.19 Nea ɔkyɛe ne nsɛm hu nimdeɛ,
na nea ne honhom dwo yɛ nhumu nipa.
28 Hiob 13.5 Ogyimifo po, omua n’ano a, wobu no nyansafo,
Yiw, na nea ɔka n’ano tom no, wobu no ɔbadwemma.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.