Sirak 7 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Afotu Ahorow

1Nyɛ bɔne, na bɔne ammedi wo so.

2Twe wo ho fi bɔne ho, na bɔne bɛtwe ne ho afi wo ho akɔ.

3Nnua ntɛnkyew aba,

na woremmu so aba mpɛn ason.

4Nhwehwɛ dibea a ɛkorɔn mfi Awurade hɔ,

anaa nidi tenabea mfi ɔhene hɔ.

5Mmu wo ho ɔtreneeni wɔ Awurade anim,

Anaa nkyerɛ wo nyansa wɔ ɔhene anim.

6Mpere sɛ wobɛyɛ ɔtemmufo,

anyɛ saa a wontumi nyi amumɔyɛ mfi hɔ,

na wubedi ama otumfo,

na wonam saa so de asɛe wo din pa.

7Nyɛ bɔne ntia ɔman no,

na ngu w’anim ase wɔ nnipa mu.

8Nyɛ bɔne koro no ara mprennu;

mpo sɛ wɔanhu wo antwe w'aso wɔ biako ho a.

9Nka da se: Ɔbɛhwɛ m’akyɛde pii no ho,

na sɛ mebɔ afɔre ma Ɔsorosoroni Nyankopɔn no a obetie.

10Mmrɛ wɔ wo mpaebɔ ho

na mmu w'ani nngu mmɔborohunu ade ho.

11Nserew obi a ne kra werɛ ahow,

efisɛ Obiako wɔ hɔ a, ɔbrɛ nnipa ase na ɔman nipa so.

12Nni atoro nhyɛ wo nua,

anaa nyɛ saa ntia wo yɔnko.

13Nni atoro biara,

efisɛ ɛyɛ suban bi a ɛmmoa hwee.

14Nyɛ w’ano krokro wɔ mpanyimfo nhyiam ase,

na nka asɛm koro pii wɔ wo mpaebɔ mu.

15Nkyi adwumaden,

anaa afuw mu adwuma a

Ɔsorosoroni no hyehyɛe no.

16Mfa wo ho mfra abɔnefo mu;

na kae sɛ abufuhyew nkyɛ.

17Brɛ wo ho ase kosi awiei,

efisɛ nea onnim Nyame no,

nya asotwe, ahoyeraw ne owu.

Afoforo nkitahodi

18Ntɔn w'adamfo nnye sika,

anaa w'ankasa wo nua nnye Ofir sika kɔkɔɔ.

19Mpam ɔyere pa nyansafo mfi wo fi,

Efisɛ n'ahoɔfɛ sen sika kɔkɔɔ.

20Nyeyaw akoa a ɔyɛ n’adwuma nokwarem,

anaa ɔpaani a n'ani ku n'adwuma ho.

21 Eks 21.2; Deut 15.12-15 Ma wo kra ani nnye akoa ɔbadwemma ho;

Na mma ne fawohodi mmɔ no.

22Wowɔ anantwi? Hwɛ wɔn;

sɛ wɔn ho wɔ mfaso ma wo a, yɛn wɔn.

23Wowɔ mma? Tetew wɔn,

na ma wɔnyɛ osetie mfi wɔn mmabunbere mu.

24Wowɔ mmabaa? Ma wɔn kronkronyɛ nhia wo,

na nkorɔkorɔ wɔn pii.

25Fa ababaa ma aware; na wawie adwumaden.

Mmom fa no ma ɔbarima a n'ani da fam.

26Wowɔ ɔyere a wopɛ n'asɛm? Nnyae no;

na mfa wo ho mma obi a wompɛ n’asɛm.

27 Eks 20.12 Fa wo koma nyinaa di w’agya ni,

na mma wo werɛ mmfi wo na awoko.

28Kae sɛ ɛnam w’awofo so na wobaa wiase,

na wubetumi atua nea wɔde ama wo no so ka?

29Fa wo kra nyinaa suro Awurade,

na di n’asɔfo ni.

30fa w’ahoɔden nyinaa dɔ wo Bɔfo,

na mpo n’asomfo.

31Suro Awurade na di asɔfo ni,

na fa ne kyɛfa ma no,

sɛnea wɔahyɛ wo ho mmra no:

Aduankan no, asodi ho afɔre,

mmati akyɛde no,

ahotew afɔre, ne akronkronde mu aba kan.

32Bue wo nsam ma ohiani,

na wo nhyira adi mu.

33Ma wo nsam ngow wɔ adasamma nyinaa so,

na nyi w'ayamye nsa mfi awufo so.

34Nyi wo ho mfi awerɛhowfo ho,

na wone asufo nsu.

35Ntwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛsra ayarefo,

efisɛ ɛnam saa nneyɛe yi so na wɔbɛdɔ wo.

38nea woyɛ nyinaa mu no, kae wo nkwa awiei,

na amma woanyɛ bɔne.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help