1 Makabe 9 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Bakide san kɔ Yudea

1Bere a Demetri tee sɛ Nikano ne n'asraafo no atotɔ wɔ akono no, ɔsomaa Bakide ne Akimu kɔɔ Yuda asase so ne mprenu so, na wɔne nifa asraafo no na ɛkɔe.

2Wɔfaa Gilgal kwan no so, na wɔne Mesalof a ofi Areba kɔkoe na wodii no so, kunkum nnipa pii.

3Ɔsram a edi kan, afe ɔha ne aduonum mu no, wɔde dɔm kɔtoaa Yerusalem.

4Afei wɔde anammɔn mu asraafo ɔpeduonu ne apɔnkɔ so de mpennu, twaam kɔɔ Berea.

5Na Yuda ne ne dɔm mpensa abɔ ntoa wɔ Elasa.

6Wohuu atamfo dɔm pii no, wɔn bo tui yiye, na dodow no ara guan fii nsra no mu, ma ɛkaa asraafo no, ahanwɔtwe pɛ.

7Bere a Yuda hui sɛ ne dɔm no fa kɛse no ara aguan, nanso ɔko wɔ n'anim no, ne honhom brɛɛ ase ne mu, efisɛ onni bere a ɔde bɛboaboa wɔn ano.

8Ɔyɛɛ mmerɛw, nanso ɔka kyerɛɛ wɔn a aka no sɛ: Momma yɛnsɔre ne yɛn atamfo no nkɔko. Yebetumi wɔn.

9Asraafo no pɛe sɛ wobu n'abasa mu kae sɛ: Yenni ahoɔden, ma yennye yɛn kra nkwa ansa, na akyi yi yɛde afoforo aka yɛn ho, ne wɔn abɛko, efisɛ yesua.

10Nanso Yuda buae sɛ: Ɛmpare yɛn sɛ, yɛbɛyɛ ade a ɛte sɛɛ, aguan afi yɛn atamfo anim. Sɛ bere adu sɛ yɛko gye yɛn nkurɔfo a, mommma yenngu yɛn ho anim ase.

11Afei Bakide asraafo no fii nsra no mu, siesiee wɔn ho maa ɔko no. Wɔkyɛɛ asraafo no mu akuw abien, abotowfo ne agyankurafo na edii asraafo no kan, na asahene nso dii hɔ.

12Bakide di nifa, na asraafo akuw abien ka ne ho. Apɔnkɔso asraafo no, di anammɔn mu asraafo no, fa ha ne ha. Wɔhyɛn ɔko trobɛnto no, na Yuda ne n'asraafo no nso hyɛn wɔn de.

13Bere a asraafo akuw abien no hyiae no, ɔko no mu dede no maa asase wosowee. Na wɔko fii anɔpa kosii anwummere.

14Na bere a Yuda huu sɛ Bakide ne Siria asraafo no wɔ nifa no, n'asraafo akokodurufo no bɛkaa ne ho.

15Na wodii nifa so Siria asraafo no so nkonim, na wɔtaa wɔn ara koduu bepɔw no ase.

16Nanso benkum so, Siria asraafo no hui sɛ nifa sofo no adi nkogu no, wofii ase ne Yuda asraafo no ko fii akyi.

17Ɔko no mu yɛɛ den maa afanu no mu asraafo pii totɔe na ebinom nso pirapirae.

18Akyiri yi, atamfo no nsa kaa Yuda ankasa kum no, maa n'abusuafo nyinaa guanguanee.

19Yonatan ne Simon faa wɔn nua no amu no kosiee no wɔ abusuafo amusiei wɔ Modein.

20Wosui yiye wɔ ɔda no so. Na Israelfo nyinaa nso dii awerɛhow kɛse.

21Na wɔkae wɔn mu sɛ: Ɛnyɛ nokware, sɛ wɔakum Israel kofoni kɛse ne agyenkwa yi.

22Yuda mmaninne, n'akosɛm, n'akokodurusɛm, ne n'abodin akɛse, dɔɔso pii mpo, sɛ wobetumi akyerɛw ato hɔ.

Yonatan si Yuda anan mu

23Yuda wu akyi no, asowuifo pii sɔree wɔ Israel, na abɔnefo pii nso, yiyii wɔn ti adi.

24Nna no mu no, ɔkɔm kɛse bae, na ɔmanfo no mu fa kɛse no ara kɔɔ wɔn afa.

25Bakide hyɛɛ da paw asowuifo no bi sɛ, ɔman no so ahwɛfo.

26Wobisabisae, hwehwɛɛ mu, huu Yuda akyidifo no, kyeree wɔn de wɔn brɛɛ Bakide, na ɔtwee wɔn aso dii wɔn ho fɛw.

27Enti ɔhaw kɛse a, ebi mmae da fi adiyifo no bere so, baa Israel.

28Enti Yuda akyidifo no nyinaa hyiaa Yonatan see no sɛ:

29Fi bere a wo nua Yuda wui no, obiara nsɔree te sɛ ɔno, a ɔne yɛn atamfo, ne Bakide ne wɔn a wɔtan ɔman yi adi asi.

30Enti nnɛ da yi, yɛapaw wo, sɛ yɛn sodifo ne odikanfo, sɛ ko gye yɛn.

31Enti Yonatan penee so sɛ: Ɔbɛyɛ odikanfo ahyɛ ne nua Yuda anan mu.

Yonatan akodi

32Bere a Bakide tee eyi no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ obekum no.

33Nanso Yonatan ne ne nua Simon ne wɔn a wɔka ne ho no, tee eyi no, woguan kohintawee wɔ Ɔtare Asfa ho wɔ Tekoa sare so.

34Bakide tee eyi homeda, na ɔne n'asraafo no, twaa asubɔnten Yordan.

35Enti Yonatan somaa ne nua Yohane sɛ nnipa dɔm no so dikanfo kɔɔ Nabatefo a wɔyɛ ne nnamfo no nkyɛn, kɔsrɛɛ wɔn sɛ wɔmma wɔn baabi mfa wɔn nnesoa nngu.

36Na Yambri abusuafo a wofi Medeba bae bɛkyeree Yohane ne n'ahode nyinaa de wɔn kɔe.

37Eyinom akyi no, Yonatan ne ne nua Simon tee sɛ: Yambri abusuafo rehyia ayeforo kɛse bi, na ɔbea no yɛ Kanaan atitiriw no bi ba, na dɔm kɛse pa ara ne no nam.

38Wɔkae sɛnea wokum wɔn nua Yohane. enti wɔkɔɔ bepɔw no ase kohintawee.

39Wɔhwɛe, na wohui, nnipa dɔm a wɔsoso nnesoa pii ne mu dede. Na ayeforo kunu nso ne ne nnamfo, ne ne nuanom nso de nnwontofo, asankubɔfo, ne akode pii kohyiaa wɔn.

40Mpofirim na Yonatan asraafo no tow hyɛɛ wɔn so kunkum wɔn. Pii pirapirae na wowuwui. Afoforo nso guan kɔɔ bepɔw no atifi, na Yudafo no faa wɔn ahode nyinaa.

41Enti ayeforo no dan ayiyɛ, na asankubɔfo no, dan too ayiase nnwom.

42Wɔtɔɔ wɔn nua mogya so were wiei no, wɔdan wɔn ani kyerɛɛ Yordan atɛkyɛ ho.

43Bakide tee eyi no, ɔne n'asraafo dɔm kɛse baa Yordan ano homeda.

44Na Yonatan ka kyerɛɛ wɔn a wɔne no nam no sɛ: Momma yɛnsɔre nko nnye yɛn kra, na nnɛ nneɛma nte sɛ kan no.

45Na monhwɛ: Ɔko no da yɛn anim ne yɛn akyi. Yordan mu nsu no, wɔ ɔfa ha ne ha, ne atɛkyɛ ne kwae, wontumi mfa baabiara.

46Munsu mfrɛ ɔsoro, sɛ wobegye yɛn afi atamfo nsam.

47Wɔde ɔko no hyehyɛɛ so, na Yonatan teɛɛ ne nsa sɛ ɔde rebɔ Bakide nanso oyii no akwa kɔɔ n'akyi.

48Afei Yonatan ne n'asraafo no guare twaa Yordan no kɔɔ n'agya, nanso atamfo no antwa asu no ammɛtoa wɔn.

49Na Bakide asraafo bɛyɛ apem totɔe saa da no.

Bakide sisi abandennen

50Na Bakide san baa Yerusalem, besisii ahenkurow wɔ Yeriko, Emaus, Bef-horon, Betel ne Timnaf. Ɔtow ho afasu atenten, ne ano apon, ne akyi dade maa.

51Na ɔde asraafo tenatenaa mu sɛ wɔnhaw Israelfo.

52Ɔbɔɔ nkurow Bef-su, ne Gasara ho ban, na abandennen no mu no, ɔde asraafo ne nnuan guguu hɔ.

53Na ɔfaa nnipa titiriw a wɔwɔ ɔman no mu no, mma sɛ nkoa na ɔde asraafo hwɛɛ wɔn so wɔ aban no mu.

54Ɔsram a ɛto so abien, wɔ afe ɔha aduonum abiɛsa mu no, Akimu hyɛɛ mmara sɛ, wommubu asenniibea a ɛwɔ kronkronbea hɔ no. Enti wobubuu adiyifo no nnwuma no.

55Ofii ase pɛ na Akimu nyaa akwanside bi. N'ano ka too mu, na ɔyaree mmubui. Enti na ontumi nkasa, nyɛ hwee wɔ ne fi.

56Enti Akimu wui wɔ ɔyaw kɛse mu.

57Bere a Bakide hui sɛ Akimu awu no, ɔsan kɔɔ ɔhene no nkyɛn, na Yuda asase nyaa asomdwoe mfe abien.

Ɔko no awiei

58Afei asowuifo no kaa wɔn ho boom kae sɛ: Hwɛ sɛ Yonatan ne ne nkurɔfo te hɔ wɔ asomdwoe ne ɔmannwoe mu. Sɛ yɛde Bakide ba ha a, ɔbɛkyere wɔn nyinaa anadwokoro.

59Enti wɔkɔɔ ne nkyɛn ne no kɔ kasae.

60Na ofii ase de dɔm kɛse bae, nam sum ase de krataa kɔmaa n'aboafo wɔ Yudea sɛ: Wɔnkyere Yonatan ne ne nkurɔfo no, nanso wɔantumi, efisɛ wɔn nhyehyɛe no daa adi.

61Yonatan asraafo no kyeree asowuifo no mu nnipa bɛyɛ aduonum kunkum wɔn.

62Yonatan ne Simon ne wɔn akyidifo no san kɔɔ Befbasi wɔ sare no so, na wokosii nea abubu no, bɔɔ ho ban.

63Bakide tee eyi no, ɔboaboaa ne dɔm nyinaa ano, somaa wɔn kɔɔ Yuda.

64Enti wɔbɛbɔɔ nsra ko tiaa Befbasi de ɔko mfiri koe nna pii.

65Na Yonatan gyaw ne nua Simon wɔ kurow no mu, na n'ankasa de, ɔne asraafo kakraa bi, kɔɔ ɔman no mu.

66Okokum Odomera ne n'abusuafo, ne nnipa a wɔtete wɔn ntamadan mu wɔ Fasiron.

67Na ɔne n'asraafo no fii ase kɔɔ ɔko, na Simon nso, ne ne dɔm no puei de gya kɔtoo ɔko mfiri no mu.

68Wɔne Bakide koe ara kosii sɛ wodii no so nkonim, maa ne nhyehyɛe nyinaa yɛɛ ɔkwa.

69Ne bo fuwii asowuifo a wotuu no fo sɛ ɔmmra ɔman no mu no. Enti ɔkyeree wɔn mu pii kunkum wɔn. Na ɔyɛɛ adwene sɛ ɔbɛkɔ n'ankasa asase so.

70Yonatan tee eyi no, ɔsomaa abɔfo kɔɔ ne nkyɛn ne no kɔyɛɛ asomdwoe apam, nam so gyee nneduafo no.

71Ɔpenee na ɔyɛɛ nea ɔkae no, nam so kaa Yonatan ntam sɛ: Sɛ ɔte ase yi, ɔrenyɛ no bɔne bi da.

72Ɔde nneduafo a, kan ɔfaa wɔn Yuda asase so no, maa no, na ɔsan kɔɔ n'asase so, a wansan amma bio.

73Saa na ɔko no kɔɔ awiei wɔ Israel ni. Yonatan kɔtenaa Mikmash, na ɔhwɛɛ nnipa no so, na oyii abosonsɛm fii Israel.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help