1 Eks 23.4 Nhwɛ wo nua nantwi anaa ne guanten sɛ wɔrefom kwan, na ntwe wo ho mfi wɔn ho; fa wɔn san brɛ wo nua.
2Na sɛ wo nua no mmɛn wo anaa wunnim no a, ɛnne fa no bra wo fi na ɔntena wo nkyɛn nkosi sɛ wo nua no bɛhwehwɛ no na woadan no ama no.
3Na saa nso na yɛ n’afurum, na saa nso na yɛ ne ntama, na saa nso na yɛ wo nua ade biara a ayera a wubehu; ntwe wo ho mfi ho.
4Nhwɛ wo nua afurum anaa ne nantwi sɛ wɔahwe ase ɔkwan mu, na ntwe wo ho mfi wɔn ho; boa no ma ɔmma wɔn so.
5Ɔbea nnhyɛ ɔbarima ade, na ɔbarima nso mmfura ɔbea ntama, efisɛ wɔn a wɔyɛ eyi nyinaa yɛ AWURADE wo Nyankopɔn akyide.
6Sɛ anomaa berebuw befi w’anim ɔkwan mu, dua biara so anaa ɛfam, mma oo, nkesua oo, na ɛna no butuw mma no anaa nkesua no so a, nkyere ɛna no mpae mma no so;
7Lew 22.28 na ma ɛna no nkɔ, na fa mma no, na asi wo yiye na wɔama wo nna aware.
8Sɛ wusi dan foforo a, gye wo dan no atifi ban, na obi amfi hɔ anhwe ase, na woamfa mogya ho asodi amma wo dan no so.
9 Lew 19.19 Mfa ade horow abien nnua wo bobeturo mu, na woanyɛ w’adua a wuduae no ne bobeturo no mu nnɔbae nyinaa kronkron prɛko.
10Mfa nantwi ne afurum mmɔ mu mfɛtɛw.
11Lew 19.19 Mfura ntama a wɔde kuntu ne asaawa afra anwene.
12 Num 15.38 Yɛ wo ntama a wode kata wo so ahinanan so nnwow.
Ɔyere nsopa13Sɛ obi ware yere na ɔkɔ ne ho, na ɔmpɛ no bio,
14na ɔde animguasesɛm to no so na ɔbɔ no dimmɔne sɛ: Maware ɔbea yi na mekɔɔ ne ho no, manto no ɔbaabun, a,
15ɛnne abofra no n’agya ne ne na mfa abofra no baabunyɛ sɛnkyerɛnne mfi mmra kurow no mu mpanyimfo nkyɛn wɔ kurow no pon ano,
16na abofra no n’agya nka nkyerɛ mpanyimfo no sɛ: Mede me ba mama ɔbarima yi aware, nso ɔmpɛ no bio,
17na hwɛ, ɔde animguasesɛm ato no so sɛ: Manto wo ba no ɔbaabun; nso me ba no baabunyɛ ade ni. Na wɔntrɛw ntama no mu kurow no mu mpanyimfo no anim.
18Na kurom hɔ mpanyimfo no mfa ɔbarima no ntwe n’aso,
19Deut 22.29 na wonnye no dwetɛ nnwetɛbona ɔha mfa mma ababaa no agya, efisɛ wabɔ Israel mu baabun dimmɔne; na ɔnyɛ ne yere, na ɔnnko no ne nna nyinaa mu.
20Na sɛ asɛm yi yɛ nokwasɛm na wɔanhu abofra no ɔbaabun a,
21Gye 34.7 ɛnne wonyi ababaa no mmra n’agya fi abobow ano, na ne kurom mmarima nsiw no abo mma onwu, efisɛ wayɛ nkwaseade Israel mu sɛ wabɔ aguaman n’agya fi; na yi bɔne no fi wo mu.
22 Lew 20.10 Sɛ wohu ɔbarima bi sɛ ɔne ɔbea a ɔyɛ obi yere da a, ɛnne wɔn baanu no nwu, ɔbarima a ɔne ɔbea no dae no ne ɔbea no; na yi bɔne no fi Israel.
23Sɛ wɔde abofra a ɔyɛ ɔbaabun ma ɔbarima bi aware, na ɔbarima bi hu no kurow mu na ɔne no da a,
24ɛnne momfa wɔn baanu no mfi adi nkɔ kurow no abobow ano, na munsiw wɔn abo mma wonwuwu: Ababaa no, sɛ ɔwɔ kurow mu na wanteɛm, ne ɔbarima no, sɛ wabrɛ ne yɔnko yere ase nti; na yi bɔne no fi wo mu.
25Na sɛ ɔbarima bi hu ababaa a wɔagye no aware wɔ wuram, na ɔbarima no kyere no ne no da a, ɛnne ɔbarima a ɔne no dae no nko na onwu,
26na ababaa no de, nyɛ no hwee, bɔne a ɛsɛ owu nni ababaa no so, efisɛ sɛnea onipa sɔre hyɛ ne yɔnko kum no no, saa na asɛm yi te;
27efisɛ wuram na ohuu no, na ababaa a wɔagye no aware no teɛɛm, na obi a obegye no nni hɔ.
28Sɛ ɔbarima bi hu abofra a ɔyɛ ɔbaabun a wɔmfaa no mmaa aware na ɔkyere no ne no da na wohu no a,
29Eks 22.16 ɛnne ɔbarima a ɔne no dae no mma ababaa no agya dwetɛ nnwetɛbona aduonum, na ɔnyɛ ne yere sɛ ɔbrɛɛ no ase nti; na ɔnnko no ne nna nyinaa.
30Lew 18.8 Ɔbarima bi nnware n’agya yere, na onnyi ɔbea a ɔyɛ n’agya de adagyaw so.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.