1 mu, efisɛ ɔsram Abib mu na wufi Misraim bae.
19Ade biara a ebue ɔyafunu ano ne wo mmoa nyinaa mmakan a wɔyɛ anini no, nantwi oo, oguan oo, me dea.
20Eks 13.12-16 Na afurum abakan de, fa oguan ba sesa no, na sɛ woansesa no a, ɛnne bu ne kɔn mu. Wo mmammarima mu mmakan nyinaa, sesa gye wɔn; na obiara mmfa ne nsapan mmmepue m'anim.
21Nnansia na yɛ adwuma, na ɛda a ɛto so ason no de, home, fɛntɛm bere mu ne otwa bere mu na home.
22Na hyɛ wo nnapɛn fa no, awitwa bere mu adekan de no, ɛne anoboa afahyɛ no, afedan mu.
23Afe mu mpɛn abiɛsa na wo mmarima nyinaa mmepue AWURADE Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn, no anim.
24Na metu amanaman no afi w'anim, na matrɛw w'ahye mu; na woreforo akopue AWURADE wo Nyankopɔn anim afirihyia mu mpɛn abiɛsa no a, obiara ani remmere w'asase.
25Mfa mmɔkaw nka w'afɔre a wobɔ no mogya ho, na mma ade nnkye twam afahyɛ afɔre no so.
26W'asase so adekan a ɛbɛba kan no fa bra AWURADE wo Nyankopɔn fi. Nnoa oguan ba ne na nufu mu.
27Eks 24.4 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kyerɛw nsɛm yi fa, efisɛ nsɛm yi so na migyina me ne wo ne Israelfo no apam.
Mose de abopon no ba28 Eks 24.18; Mat 4.2; Eks 31.18 Na ɔne AWURADE dii hɔ adaduanan awia ne anadwo, wannidi na wannom. Na ɔkyerɛw apam nsɛm no, nsɛm du no, apon no so.
29Na Mose fi Sinai bepɔw so resian no, na adanse apon abien no kura ne nsam; nanso na Mose onnim sɛ ɔne AWURADE kasae nti, n'anim were ahyerɛn.
302 Ko 3.7-18 Na Aaron ne Israelfo no nyinaa huu Mose no, na hwɛ, n'anim were hyerɛn; na wosuroe sɛ wɔbɛbɛn no.
31Na Mose frɛɛ wɔn, na Aaron ne asafo no mu mpanyimfo no nyinaa san baa ne nkyɛn, na Mose ne wɔn kasae.
32Na ɛno akyi no, Israelfo no nyinaa twiw bae, na ɔhyɛɛ wɔn nea AWURADE ka kyerɛɛ no Sinai bepɔw so no nyinaa.
33Na Mose ne wɔn wiee ɔkasa no, ɔde nkataanim kataa n'anim.
34Eks 33.8-9 Na sɛ Mose rekɔ AWURADE anim ne no akɔkasa a, oyi nkataanim no de kosi sɛ obefi adi; na ofii adi bɛkaa nea wɔahyɛ no no kyerɛɛ Israelfo no.
35Na Israelfo no huu Mose anim were no sɛ ahyerɛn; na ɔde nkataanim no san kataa n'anim kosii sɛ ɔkɔɔ mu ne no kɔkasae.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
