Nnwom 73 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

NHOMA A ƐTO SO ABIƐSA(Nnwom 73—89)Gyidi mu tumiAsaf dwom

1Ampa ara, Onyankopɔn ye ma Israel,

ma wɔn a wɔn komam tew.

2 Nnw 94.18 Na me de, anka me nan reyɛ aman,

m’anammɔn rekame awatiriw.

3 Hiob 21.7 Na metwee ahupoofo ho ninkunu,

efisɛ mihuu abɔnefo yiye a wodi no.

4Wonhu owu mu aninyanne,

na wɔwɔ ɔhonam ne ahoɔden.

5Ɔdesani haw de, wonni bi,

nanso wonguan wɔn ho sɛ nnipa binom.

6Enti ahantan adi wɔn kɔn ho barehyia,

na akokobirisɛm asi wɔn adurade.

7 Hiob 15.27 Srade ama wɔn ani apupuw,

wɔn komam adwene fi bu so.

8Wosi atwetwe na wɔde tibɔne ka amimdi asɛm,

wɔka akokurokosɛm.

9Wɔma wɔn ano to ɔsoro,

na wɔn tɛkrɛma nenam asase so.

10Enti wɔn nkurɔfo twiw bɛdan wɔn,

na wonya nsu kuruwa ma nom.

11 Nnw 10.11 Na wose: Ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn behu,

so nimdeɛ wɔ ɔsorosoroni no tirim anaa?

12Hwɛ, eyinom ne abɔnefo,

nanso wɔn ho dwo wɔn daa,

wɔama wɔn ade adɔɔso.

13Ampa ara, matew me koma ho kwa,

na mahohoro me nsa bemdi mu kwa,

14nanso wɔahaw me daa adesae

na wɔatwe m’aso daa anɔpa.

15Sɛ mise: Mɛka no sɛɛ de a,

anka matwa wo mmasanten nkontompo.

16Na misusuw ho sɛ mehu ade yi,

ɛyɛɛ m’ani so den dodo,

17kosii sɛ mekɔɔ Onyankopɔn kronkron mu hɔ

mikohuu nea akyiri kowie wɔn.

18Ampa ara, wode wɔn gyina nea ɛhɔ yɛ toro,

wode wɔn hwe fam bubu wɔn pasaa.

19Hwɛ sɛ wɔadan sɛ amamfo mprempren yi ara,

ehu ama wɔawie sa.

20Sɛ ɔdae a wɔaso anyan,

na wo, AWURADE, wohwanyan wo ho a,

woma ani pa wɔn sunsumaban so.

21Sɛ ɛyɛ me koma awerɛhow

na m’asaabo mu wowɔ me a,

22 Rom 8.35-39 anka meyɛ ɔkwasea a minnim de,

na mayɛ sɛ aboa, w’ani so.

23Na me de, mɛtena wo nkyɛn daa yi,

woaso me nsa nifa mu.

24Wonam w’atirimpɔw so kyerɛkyerɛ me kwan,

na akyiri no, woagye me akɔ anuonyam mu.

25Hena na mewɔ no ɔsoro?

Na sɛ wowɔ me a, menhwehwɛ asase so hwee.

26 Nnw 16.5 Ma me honam ne me koma nwie sa,

Onyankopɔn ne me koma botan ne me kyɛfa daa.

27Na hwɛ, wɔn a wofi wo nkyɛn kɔ akyiri no bɛyera,

wobɛsɛe wɔn a wofi wo nkyɛn kɔbɔ aguaman nyinaa.

28Na me de, Onyankopɔn nkyɛn tena ye ma me,

mede AWURADE mayɛ me guankɔbea, na maka wo nnwuma nyinaa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help