1 Deut 7.5; 2 Ah 18.4 Na wowiee eyi nyinaa no, Israelfo a wohuu wɔn hɔ no nyinaa fii adi kɔɔ Yuda nkurow mu, na wokobubuu adum, na wotwitwaa Asera nnua, na woburuw sorɔnsorɔmmea ne afɔremuka no, Yuda ne Benyamin nyinaa, ne nea ɛwɔ Efraim ne Manase no nso, de kosii sɛ wowiei. Ɛnna Israelfo no nyinaa san kokɔɔ wɔn de mu, wɔn nkurow mu.
2Na Hesekia de asɔfo ne Lewifo no nkyekyem no sisii wɔn nkyekyem so, obiara sɛ ne som te, asɔfo no ne Lewifo no, sɛ wɔmmobɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre na wɔnsom na wɔnna ase nyi ayɛ AWURADE nsra apon mu.
3Num 28; 29 Na ɔhyɛɛ ɔhene kyɛfa a efi n’ade mu maa ɔhyew afɔre no, anɔpa ne anwummere ɔhyew afɔre ne home nna ne asram foforo ne afahyɛ ɔhyew afɔre no, sɛ wɔakyerɛw AWURADE mmara mu no.
4Na ɔka kyerɛɛ nkurɔfo a wɔte Yerusalem no sɛ wɔmfa asɔfo ne Lewifo no kyɛfa mma, na wɔaso AWURADE mmara no mu den.
5Eks 23.19; Deut 14.22-23 Na asɛm no hyetae no, Israelfo no de awi ne nsa ne ngo ne ɛwo ne mfuw mu nnɔbae nyinaa mu adikanne bebree bae, na ade nyinaa mu ntotoso du du no nso, wɔde pii bae.
6Na Israel ne Yudafo a wɔtete Yuda nkurow mu no, wɔn nso wɔde anantwi ne nguan mu ntotoso du du ne akronkronne a wɔayɛ no kronkron ama AWURADE wɔn Nyankopɔn no mu ntotoso du du bae, na wɔde beguu hɔ akuwakuw.
7Ɔsram a ɛto so abiɛsa no so na wofii akuwakuw no ase, na ɔsram a ɛto so ason so na wowiei.
8Ɛnna Hesekia ne mmapɔmma no bae behuu akuwakuw no, na wohyiraa AWURADE ne ne man Israel.
9Na Hesekia bisaa asɔfo ne Lewifo no akuwakuw no ho asɛm.
10Ɛnna Asaria, ɔsɔfo panyin a ofi Sadok fi no ka kyerɛɛ no sɛ: Efisɛ wofii ase de soma afɔrebɔde baa AWURADE fi no, yɛadidi amee, na pii aka, efisɛ AWURADE ahyira ne man, na nkae ne kuw kɛse yi.
11Na Hesekia kae sɛ wonsiesie mpumpunu AWURADE fi; na wosiesiei,
12na wɔde soma afɔrebɔde no ne ntotoso du du no ne akronkronne no hyɛɛ hɔ nokwaredi so. Na ɛso panyin ne Lewini Konania, na ne nua Simei di hɔ.
13Na Yehiel ne Asasia ne Nahat ne Asahel ne Yerimot ne Yosabad ne Eliel ne Ismakia ne Mahat ne Benaia ne ɛso hwɛfo wɔ Konania ne ne nua Simei ase, sɛnea ɔhene Hesekia ne Onyankopɔn fi so panyin Asaria hyɛe no.
14Na Imna ba Kore, Lewini a ɔwɛn apuei pon no na ɔhwɛ Onyankopɔn ayamye ayɛyɛde no so, sɛ ɔde AWURADE soma afɔrebɔde ne akronkronne mu ade kronkron no.
15Na n’ase na Eden ne Miniamin ne Yesua ne Semaia, Amaria ne Sekania hyɛ wɔ asɔfo nkurow no mu, nokwaredi so, sɛ wɔde bɛma wɔn nuanom, sɛnea nkyekyem no te, ɔkɛse de te sɛ akumaa de.
16Ɛsono wɔn a wɔkan wɔn sɛ wɔn mmusua te, mmarima a wɔadi mfe abiɛsa de rekɔ, wɔn a wɔba AWURADE fi bɛyɛ wɔn adwuma sɛ da biara de te, sɛ wɔn nkyekyem te no;
17ne asɔfo no nkanee de, sɛ wɔn mpanyimfi te, ne Lewifo no de nso, de fi nea wadi mfirihyia aduonu so de rekɔ, wɔn ahwɛde mu, wɔn nkyekyem mu;
18ne wɔn mma nkumaa ne wɔn yerenom ne wɔn mmammarima ne wɔn mmabea nyinaa nkanee de nso, sɛ asafo no nyinaa te, efisɛ wɔn nokwaredi so na wɔyɛɛ akronkronne no ho ade.
19Na Aaron mma, asɔfo no a wɔwɔ wɔn nkurow ho mfikyisaase so mfuw mu, mmarima a wɔabobɔ wɔn din wowɔ nkurow no nyinaa mmiako mmiako mu ma wɔn sɛ wɔmfa kyɛfa no mmoma asɔfo no mu mmarima nyinaa ne wɔn a wɔakan wɔn Lewifo no mu no nyinaa.
20Na Hesekia yɛɛ saa ara Yuda nyinaa mu. Na ɔyɛɛ nea eye na ɛteɛ na ɛyɛ nokware AWURADE ne Nyankopɔn anim.
21Nnw 1.3 Na nneyɛe a ofii ase Onyankopɔn fi som mu ne mmara ne mmara nsɛm mu de hwehwɛɛ ne Nyankopɔn no nyinaa, ɔde ne koma nyinaa na ɛyɛe, na esii no yiye.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.