Eksodɔs 30 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Aduhuamhyew muka(Eksodɔs 37.25-28)

1 Eks 37.25-28 Na yɛ aduhuamhyew muka, ɔkanto na fa yɛ.

2Ne tenten nyɛ anammɔn biako ne fa, na ne tɛtrɛtɛ nso nyɛ anammɔn biako ne fa, na ɛnyɛ ahinanan, na ne sorokɔ nyɛ basafa baako, na ne mmɛn nso ntuatua mu ara.

3Na fa sika amapa dura ɛso ne ɛho ne ne mmɛn no ho hyia; na yɛ sika hankare twa ho hyia.

4Na yɛ ɛho sika nkaa abien wɔ ne hankare no ase, wɔ n'afanu, na wɔmfa mpoma nwurawura mu, na wɔde asoa.

5Na fa ɔkanto sinsen mpoma no, na duradura ho sika.

6Eks 25.22 Na fa si mmɔhɔɔ a ɛwɔ Adanse adaka no ho no anim wɔ mpata agua a esi Adanse no so no anim, nea me ne wo behyia hɔ no.

7Nnw 141.2; Adi 5.8 Na Aaron nhyew so aduhuam daa anɔpa; osiesie akanea no a, ɔnhyew aduhuam no.

8Na sɛ Aaron de akanea no sisi so anwummere a, ɔnhyew aduhuam no: ɛyɛ daa aduhuam a wɔnhyew no AWURADE anim, mo awo ntoatoaso nyinaa mu.

9Lew 10.1 Monnhyew so aduhuam foforo bi, ɔhyew afɔre anaa aduan afɔre, na munnhwie ahwiesa nso nngu so.

10Lew 16.18; Eks 29.37 Na daa afirihyia mu pɛnkoro Aaron mfa bɔne ho mpata afɔre mogya no bi mpata wɔ ne mmɛn no so; daa afe ɔmpata wɔ so pɛnkoro, mo awo ntoatoaso nyinaa mu: ɛyɛ akronkronne mu ade kronkron ma AWURADE.

Akra mpata

11Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ:

12Sɛ wubu Israelfo ano hwehwɛ wɔn dodow a, wɔn kan yi mu no wɔn nyinaa mfa wɔn kra mpata ade mma AWURADE, na, sɛ wɔkan wɔn a, owuyare bi amma wɔn mu.

13Nea wɔmma ni: obiara a wɔkan no fra dodow a wɔkan wɔn no mu no mma dwetɛbona fa, sɛ kronkronbea dwetɛbona no te (dwetɛbona biako yɛ gera aduonu), dwetɛbona fa sɛ AWURADE soma afɔrebɔde.

14Obiara a wadi mfe aduonu ne akyiri a wɔkan no fra dodow a wɔkan wɔn no mu no mfa soma afɔrebɔde yi mma Awurade.

15Sɛ wɔde soma afɔrebɔde no rema AWURADE de apata ama mo kra a, ɔdefo nnto so, na ohiani nso nntew dwetɛbona fa no so.

16Na gyigye mpata sika no Israelfo no nsam, na fa ma ahyiae ntamadan no mu som no, na ɛnyɛ Israelfo no nkae, AWURADE anim, na wɔmfa mpata mma mo kra.

Asankasɔn

17Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ:

18Eks 38.8 Fa ayowa yɛ asankasɔn nso a n'ase nso yɛ ayowa, na wɔaguare mu, na fa si ahyiae ntamadan no ne afɔremuka no ntam, na gu mu nsu.

19Na Aaron ne ne mma mfa nhohoro wɔn nsa ne wɔn nan ho.

20Sɛ wɔrekɔhyɛn ahyiae ntamadan no mu a, wɔmfa nsu nhohoro wɔn ho, na wɔanwuwu; anaasɛ wɔrebɛbɛn afɔremuka no abɛsom abɛbɔ ogya afɔre ama AWRADE a,

21wɔnhohoro wɔn nsa ne wɔn nan ho, na wɔanwuwu; na ɛnyɛ daa atɔremude mma wɔn, ɔno ne n'asefo, wɔn awo ntoatoaso nyinaa mu.

Ɔsra ngo

22Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ:

23Wo nso fa nnuhuam mu atitiriw, kurobow a anene nnwetɛbona ahannum, ne dupapo huamhuam saa fa, ahanu aduonum, ne mmetire huamhuam ahanu aduonum,

24ne bɛwewonua huamhuam ahannum, kronkronbea dwetɛbona so, ne ngodua ngo susutoa biako,

25Eks 37.29 na fa yɛ ɔsra ngo kronkron, adufrae a wɔafra no adufrafo nyansa mu, na ɛnyɛ ɔsra ngo kronkron.

26Na fa sra ahyiae ntamadan no ne Adanse adaka no,

27ne ɔpon no ne ɛho nneɛma no nyinaa ne kaneadua no ne ɛho nneɛma no ne aduhuamhyew muka no,

28ne ɔhyew afɔremuka no ne ɛho nneɛma nyinaa ne asankasɔn no ne ne ntaase no ho;

29Eks 30.10 na dwira ho ma ɛnyɛ akronkronne mu ade kronkron; obiara a ɔka no nyɛ kronkron.

30Eks 29.7 Na sra Aaron ne ne mma no ngo yɛ wɔn kronkron, na wonni me asɔfo.

31Na ka kyerɛ Israelfo no sɛ: Eyi nyɛ ɔsra ngo kronkron mma me, mo awo ntoatoaso nyinaa mu,

32wonnhwie nngu onipa honam so, na munnsusuw so nnyɛ bi a ɛte sɛ ɛno; ɛyɛ kronkron, ɛnyɛ kronkron mma mo.

33Obiara a ɔbɛfra bi a ɛte sɛ ɛno anaasɛ ɔde bi bɛka ɔhɔho no, wobetwa no afi ne man mu akyene.

34Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Fa nnuhuam, aneneduru ne nworahuam ne prɛkɛsɛ huamhuam ne ohuamfufu gyenennyenen, wonsusuw ne nyinaa pɛ,

35Eks 37.29 na fa yɛ aduhuam a wɔhyew, adufrafo nyansa so adufrae a wɔaposa a ɛyɛ gyenennyenen ne kronkron.

36Eks 30.6 Na siw bi fekɔfekɔ, na fa bi si Adanse no anim ahyiae ntamadan no mu, nea me ne wo behyia no: Ɛnyɛ mo akronkronne mu ade kronkron.

37Na aduhuam a worebɛyɛ yi, munnsusuw so nnyɛ bi mmfa: Ɛnyɛ wo kronkron mma AWURADE.

38Obiara a ɔbɛyɛ bi a ɛte sɛ ɛno ahuam ahwɛ no, wobetwa no afi ne man mu akyene.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help