2 Berɛsosɛm 6 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Solomon kasa kyerɛ ɔman no(1 Ahene 8.12-21)

1 1 Ah 8.12-53 Ɛnna Solomon kae se: AWURADE aka sɛ ɔbɛtena kusuu mu.

2Na me de, masi tenabea mama wo, na masiesie baabi a wobɛtena hɔ daa.

3Na ɔhene dan n’ani hyiraa Israel bagua no nyinaa; na Israel bagua no nyinaa gyina hɔ.

4Na ɔkae sɛ: Nhyira ne AWURADE, Israel Nyankopɔn, a ɔde n’ano kasa kyerɛɛ m’agya Dawid, na ɔde ne nsa ama aba mu no sɛ:

5Efi da a mikoyii me man Israel fii Misraim asase so bae yi, minyii Israel mmusuakuw nyinaa mu kurow bi, sɛ wonsi dan na me din ntena hɔ, nanso minyii ɔbarima bi, sɛ onni me man Israel so panyin,

6na mayi Yerusalem sɛ me din ntena hɔ, na mayi Dawid sɛ onni me man Israel so.

72 Sa 7.2-13 Na ɛwɔ m’agya Dawid komam sɛ anka obesi dan ama AWURADE, Israel Nyankopɔn, din.

8Na AWURADE ka kyerɛɛ m’agya Dawid sɛ: Esiane sɛ ɛwɔ wo komam sɛ anka wubesi dan ama me din yi, woayɛ yiye sɛ ɛwɔ wo koma mu.

9Nso ɛnyɛ wo na wubesi dan no, na wo ba a ofi w’asen mu no, ɔno na obesi dan ama me din.

10Na AWURADE ama n’asɛm a ɔkae no atim, na masɔre masi m’agya Dawid ananmu, na mete Israel ahengua so, sɛnea AWURADE kae no, na masi dan no mama AWURADE, Israel Nyankopɔn, din,

11na mede adaka a AWURADE apam a ɔne Israel mma pamee no wɔ mu no masi hɔ.

12Na okogyinaa AWURADE afɔremuka no anim, Israel bagua no nyinaa anim, na ɔtrɛw ne nsam.

13Na Solomon ayɛ kɔbere sumpii bi de asi abangua no mfinimfini, ne ntwemu basafa abien ne fa, ne trɛw basafa abien ne fa na ne korɔn basafa biako ne fa, na okogyinaa so. Na ɔkotow ne nankoroma anim, Israel bagua no nyinaa anim, na ɔtrɛw ne nsam kɔɔ ɔsoro,

14na ɔkae sɛ: AWURADE, Israel Nyankopɔn, Onyankopɔn bi nni hɔ sɛ wo, ɔsoro ne asase so a wokora apam ne adɔe ma wo nkoa a wɔde wɔn koma nyinaa nantew w’anim no,

15wo na woakora nea woka kyerɛɛ w’akoa, m’agya Dawid, no ama no; wode w’ano na ɛkae, na wode wo nsa ama aba mu, sɛ ɛte nnɛ yi.

162 Sa 7.16 Na afei, AWURADE, Israel Nyankopɔn, kora nea woka kyerɛɛ w’akoa, m’agya Dawid, no ma no, sɛ wokae sɛ: Wɔremma onipa mmɔ wo m’anim a ɔbɛtena Israel ahengua so. Ɔhwɛ nko na wo mma nhwɛ wɔn kwan sɛ wɔbɛnantew me mmara mu, sɛnea wonantew m’anim no.

17Na afei, AWURADE, Israel Nyankopɔn, ma w’asɛm a woka kyerɛɛ w’akoa Dawid no ntim.

18 2 Be 2.5 Na so ampa sɛ, Onyankopɔn bɛtena nnipa nkyɛn asase so anaa? Hwɛ, ɔsoro ne ɔsoro mu soro ntumi nkora wo, na menne ɔdan yi a masi yi.

19Nanso dan w’ani kyerɛ w’akoa mpaebɔ ne ne nkotɔsrɛ, AWURADE me Nyankopɔn, na tie nteɛm ne mpae a w’akoa reyi w’anim yi,

20Eks 20.24 sɛ w’ani bebue akyerɛ ɔdan yi awia ne anadwo, nea woka sɛ wɔmfa wo din nsi hɔ no, na woatie mpae a w’akoa rebɔ wɔ ha yi.

21Na tie w’akoa ne wo man Israel nkotɔsrɛ a wɔde rebɔ mpae wɔ ha yi, na wo de, fi wo tenabea, ɔsoro hɔ, tie, na wote a, fa firi!

22Eks 22.11 Sɛ obi yɛ ne yɔnko bɔne na wɔde ntam gye no sɛ ɔnka, na ntam no ba w’afɔremuka anim ofi yi mu a,

23ɛnne wo ara tie wɔ ɔsoro, na yɛ, na bu wo nkoa atɛn, sɛ wubetua ɔbɔnefo ka ama ne kwan abua n’atifi, na woabu ɔtreneeni bem ama no sɛ ne trenee te.

24 Deut 28.25 Sɛ wɔka wo man Israel gu w’atamfo anim, sɛ wɔayɛ wo bɔne nti, na wɔsan bɛbɔ wo din, na wɔbɔ mpae na wɔkotɔ srɛ w’anim ofi yi mu a,

25ɛnne wo ara tie ɔsoro, na fa wo man Israel bɔne no kyɛ, na san wɔn bra asase a wode maa wɔn agyanom no so.

26Deut 28.23-24 Sɛ wɔto ɔsoro mu na osu ntɔ, sɛ wɔayɛ wo bɔne nti, na sɛ wɔbɛbɔ mpae kyerɛ ha yi na wɔbɔ wo din, na wɔsan fi wɔn bɔne no ho sɛ woabrɛ wɔn ase nti a,

27ɛnne wo ara tie ɔsoro, na fa wo nkoa ne wo man Israel bɔne no kyɛ, na kyerɛ wɔn ɔkwan pa a wɔmfa so, na ma osu ntɔ ngu w’asase a wode maa wo man sɛ agyapade no so.

28Sɛ ɔkɔm ba asase yi so, sɛ ɔyaredɔm ba, sɛ ɔhow ne ɔpo, ntuntummɛ ne mmɛbɛw ba, sɛ wɔn atamfo behia wɔn ho wɔn kurow biara mu a, ɔhaw biara oo, ɔyare biara oo,

29ɛnne mpaebɔ biara, nkotɔsrɛ biara a onipa biara wɔ na wo man Israel nyinaa wɔ, na obiara nim ne haw ne ne yaw, na ɔbɛtrɛw ne nsam akyerɛ ofi yi no,

301 Be 29.17; Nnw 7.9 wo ara tie ɔsoro, wo tenabea hɔ, na fa firi, na ma onipa no sɛ n’akwan nyinaa te, sɛ wuhu ne koma no. Na wo ara wo nko na wunim nnipa mma koma mu,

31nea ɛbɛyɛ na wɔasuro wo na wɔanantew w’akwan so nna a wɔde bɛtena asase a wode maa yɛn agyanom no so no nyinaa.

32Nanso ɔhɔho a omfi wo man Israel mu a ofi akyirikyiri asase bi so aba, wo din kɛse ne wo nsa dennen ne wo basa a woateɛ no nti no, sɛ wɔba bɛbɔ mpae ɔdan yi mu a,

33ɛnne wo ara tie ɔsoro, wo tenabea hɔ, na yɛ sɛ ɔhɔho no su frɛ wo no nyinaa, nea ɛbɛyɛ na asase so amanaman nyinaa ahu wo din, na wɔasuro wo sɛ wo man Israel, na wɔahu sɛ wo din na wɔde frɛ ofi a masi yi.

34 Dan 6.10 Sɛ wo man fi adi ne wɔn atamfo kodi ako ɔkwan a wobɛsoma wɔn so, na wɔbɔ wo mpae kyerɛ kurow a woayi ne ɔdan a masi mama wo din yi a,

35ɛnne tie wɔn mpaebɔ ne wɔn nkotɔsrɛ ɔsoro, na di wɔn asɛm ma wɔn.

36Sɛ wɔyɛ wo bɔne, efisɛ onipa bi nni hɔ a ɔnyɛ bɔne, na wofa wɔn abufuw na wuyi wɔn ma wɔn atamfo, na dɔm soa wɔn kɔ asase bi so, akyirikyiri oo, mmɛnkyɛnee oo,

37Dan 9.5 na wɔma ɛka wɔn koma, asase a wɔafa wɔn akɔ hɔ no so, na wɔdan wɔn ho kotɔ srɛ wo wɔn nnommumfafo asase no so sɛ: Yɛayɛ bɔne, yɛato na yɛadi abɔnefosɛm,

38na wɔde wɔn koma nyinaa ne wɔn kra nyinaa san ba wo nkyɛn, wɔn nnommumfafo asase a wɔafa wɔn akɔ hɔ no so, na wɔbɔ mpae kyerɛ wɔn asase a wode maa wɔn agyanom ne kurow a woayi ne ofi a masi mama wo din yi a,

39ɛnne tie wɔn mpaebɔ ne wɔn nkotɔsrɛ ɔsoro, wo tenabea hɔ, na di wɔn asɛm ma wɔn, na fa wo man bɔne a wɔayɛ wo no firi wɔn.

40Afei, me Nyankopɔn, ma w’aniwa mmue ɛ, na yɛ aso ma ɛha yi mpaebɔ.

41 Nnw 132.8-10 Na afei, AWURADE Nyankopɔn, sɔre hyɛn wo homebea no mu, wo ne wo tumi adaka no. W’asɔfo no, AWURADE Nyankopɔn, ma wɔnhyɛ nkwagye, na w’ahotefo ani nnye wo papa mu.

422 Sa 7.13 AWURADE Nyankopɔn, nnan nea woasra no no ani. Kae adɔe a wode yɛɛ w’akoa Dawid no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help