Esra 4 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Asɔrefi no si ho akwanside

1Na Yuda ne Benyamin atamfo no tee sɛ otukɔ mma no resi asɔredan ama AWURADE Israel Nyankopɔn no,

22 Ah 17.24, 33; 19.37 wotwiw baa Serubabel ne Yesua ne agyanom atitiriw no nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn se: Yɛne mo besi, na yɛhwehwɛ mo Nyankopɔn no sɛ mo, na ɔno na yɛbɔ no afɔre de fi Asiria hene Esar-hadon a ɔde yɛn baa ha no bere so.

3Esra 1.3 Na Serubabel ne Yesua ne Israel agyanom atitiriw nkae no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛnyɛ mo ne yɛn de, sɛ yebesi ɔdan ama yɛn Nyankopɔn, na yɛn nko ara besi ama AWURADE Israel Nyankopɔn no, sɛnea Persia hene Kores hyɛɛ yɛn no.

4Ɛnna asase no sofo maa Yuda man no nsam gowee, na wotuu wɔn bo abanto no ho.

5Esra 4.24 Na wɔbobɔɔ agyinatufo paa ma wɔhyɛɛ Yuda mma no ahometew wɔ adansi no nhyehyɛe ho fi, Persia hene Kores nna nyinaa de kosii Persia hene Dario ahenni so.

6Na Akas-weros ahenni so, ofii n’ahenni ase no, wɔkyerɛw Yuda ne Yerusalemfo ho anototo nhoma.

7Na Artasasta bere so Bislam, Mitredat, Tabeel ne ne mfɛfo nkae no kyerɛw nhoma kɔmaa Persia hene Artasasta, na wɔkyerɛw ɔmena nhoma no Siria nkyerɛwee mu, na wɔkyerɛɛ ase nso Siria kasa mu.

8Aguasem panyin Rehum ne ɔkyerɛwfo Simsai kyerɛw nhoma kɔmaa ɔhene Artasasta de tiaa Yerusalemfo sɛ:

9Ɛbere no aguasem panyin Rehum ne ɔkyerɛwfo Simsai ne wɔn agyinatufo nkae a wofi Erek, Babel, Susa a wɔne Elamfo,

10Esra 4.2 ne aman a aka no mu a Asnapar kɛse a ɔwɔ din no kɔfaa wɔn bae na ɔde wɔn beduaa Samaria nkurow mu ne nkae a wɔwɔ asuogya ha fam no, ne ade.

11Nhoma a wɔde kɔmaa ɔno ɔhene Artasasta no nsusuwso ni: Wo nkoa a wɔwɔ asuogya ha fam, ne ade.

12Ma ɔhene nhu sɛ Yudafo a wofi wo nkyɛn foro baa yɛn nkyɛn no aba Yerusalem, na wɔabɛkyekye atuatew kurow bɔne yi, na ɛho afasu nso wɔamoma so asisi hɔ, na wɔatoatoa ne nhyɛase no.

13Enti ma ɔhene nhu sɛ, sɛ wɔkyekye kurow yi na wɔmoma n’afasu so sisi hɔ a, ɛnne wɔremma ɔtow ne amanne ne akwanne bio, na ɛbɛyɛ no na ahene aboade no bɛbrɛ ase.

14Na esiane sɛ ɔhene aban mu nkyene na yedi na yentumi nkɔ so nhwɛ ɔhene ahohora nti, na yɛasoma sɛ wɔmmɛma ɔhene nhu,

15sɛ ma wɔnhwehwɛ w’agyanom nkae nhoma mu, na wobehu nkae nhoma no mu sɛ kurow yi yɛ atuatew kurow a ɛsɛe ɔhene ne amantam ade, na wɔatwe mu manso fi tete mmere no mu nti, na wɔbɔɔ kurow no.

16Yɛn de, yɛrema ɔhene ahu sɛ, sɛ wɔkyekye kurow yi na wɔtoto ho afasu no a, ɛnne asuogya ha fam kyɛfa biara renka wo nsam.

17Ɔhene no somae ma wɔde mmuae brɛɛ aguasem panyin Rehum ne ɔkyerɛwfo Simsai ne wɔn mfɛfo nkae a wɔtete Samaria ne asuogya hafo nkae sɛ: Ɔmannwoe, ne ade.

18Nhoma a mosoma ma wɔde brɛɛ yɛn no, wɔakenkan no fann m’anim.

19Na me nso mahyɛ ma wɔahwehwɛ mu, na wɔahu sɛ kurow no fi tete bemee na ɛmaa ne ho so hyɛɛ ahemfo, na wɔtew atua twee mu manso.

20Nanso ahemfo akɛse tenaa Yerusalem, na wodii asuogya hɔ nyinaa so, na woyii tow ne amanne ne akwanne maa wɔn nso.

21Enti monhyɛ mma mmarima no nnyae, na wɔnnkyekye kurow no kosi sɛ ahyɛde befi me nkyɛn.

22Na monhwɛ yiye na moantoto eyi ase, na bɔne bi amma, na ahemfo ade ammɔ wɔn.

23Afei wɔkenkan ɔhene Artasasta nhoma a wɔkyerɛwee no Rehum ne ɔkyerɛwfo Simsai ne wɔn mfɛfo no anim ara pɛ no, wosiim baa Yerusalem ntɛmso bɛhyɛɛ Yudafo no, na wɔde ɔhyɛ ne tumi siw wɔn kwan.

24 Esra 4.5; 6.15 Saa bere no wogyaee Onyankopɔn fi a ɛwɔ Yerusalem no ho adwuma no, na wɔantoa so bio kosii Persia hene Dario ahenni afe a ɛto so abien so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help