Eksodɔs 13 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Wɔde mmakan si hɔ ma AWURADE

1Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ:

2Num 8.17-18; 18.15; Luka 2.23 Yɛ mmakan nyinaa, Israelfo mu ade biara a ebue yafunu ano wɔ nnipa ne afieboa mu, kronkron ma me, na me dea.

3Na Mose ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monkae da yi a mode fii Misraim fii nkoafi mu no, efisɛ nsa a ɛyɛ den na Awurade de yii mo fii hɔ, na munnni mmɔkaw abodoo.

4Eks 12.2 Ɛnnɛ da yi, ɔsram Abib a ɛte sɛ Oforisuo so na morefi Misraim.

5Gye 17.8 Na sɛ AWURADE de wo nya du Kanaanfo ne Hetifo ne Amorifo ne Hewifo ne Yebusifo asase a ɔkaa w'agyanom ntam sɛ ɔde bɛma wo, asase a nufusu ne wo sen so no so a, ɛno de, fa ɔsom yi som no ɔsram yi so.

6Eks 12.15-16 Nnansɔn na di apiti, na da a ɛto so ason no, hyɛ fa ma AWURADE.

71 Ko 5.8 Wonni apiti nnansɔn no, na mma wonnhu wo nkyɛn mmɔkaw abodoo anaa mmɔkaw w'asase so baabiara.

8Na da no bɔ din kyerɛ wo ba sɛ: Nea AWURADE yɛɛ me bere a mifii Misraim no ntia.

9Deut 6.8; 11.18 Na ɛnyɛ wo wo nsa so sɛnkyerɛnne ne w'aniwa ntam nkae ade, na AWURADE mmara no atena w'anom, efisɛ nsa a ɛyɛ den na AWURADE de yii wo fii Misraim.

10Enti di atɔremude yi so wɔ ne bere mu afe daa.

11Na sɛ AWURADE de wo du Kanaanfo asase so, sɛ ɔkaa wo ne w'agyanom ntam, na ɔde ma wo a,

12yi ade biara a ebue yafunu ano ma AWURADE, na w'afieboa a wowɔ no mma nyinaa a wobue yafunu ano a wɔyɛ anini, fa ma AWURADE.

13Na mfurum mmakan nyinaa de, fa oguan sesa, na sɛ woansesa a, bu ne kɔn mu. Na nnipa mmakan a wɔwɔ wo mmammarima mu nyinaa de, sesa gye wɔn.

14Eks 12.26 Na sɛ ɔkyena bi wo ba bisa wo sɛ: Eyi ase ne dɛn, a, ka kyerɛ no sɛ: Nsa a ɛyɛ den na AWURADE de yii yɛn Misraim fii nkoasom mu.

15Eks 12.29 Na Farao pirim ne koma na ɔmpene sɛ ɔbɛma yɛakɔ no, AWURADE kum Misraim asase so mmakan nyinaa, efi nnipa mmakan so kosi afieboa mmakan so. Ɛno nti na me nso mede anini a ebue yafunu ano no nyinaa mebɔ AWURADE afɔre, nanso me mma mu mmakan nyinaa de, mesesa gye wɔn.

16Na ɛnyɛ wo nsa so sɛnkyerɛnne ne w'aniwa ntam nkae ntamabamma, sɛ nsa a ɛyɛ den na AWURADE de yii yɛn fii Misraim.

Omununkum dum ne ogya dum

17Na Farao maa ɔman no kwan no, Onyankopɔn amfa wɔn ankɔfa Filistifo asase so kwan a ɛnware no, efisɛ Onyankopɔn se: Na ɔman no ankohyia ɔsa annu wɔn ho, na wɔansan ankɔ Misraim.

18Enti Onyankopɔn de ɔman no kɔntɔn faa sare so kwan a ɛda mmɛw po ho no so. Na Israelfo no kɔɔ amia mu fii Misraim asase so kɔe.

19Gye 50.25; Yos 24.32 Na Mose faa Yosef nnompe no, efisɛ Yosef aka Israelfo ntam sɛ: Ɔhwɛ na Onyankopɔn bɛba abɛhwɛ mo, na momfa me nnompe mfi ha nkɔ.

20Na wosiim fii Sukot kɔbɔɔ nsra wɔ Etam, wɔ sare no ano.

21 Eks 40.34; Deut 9.15-23; 1 Ko 10.1 Na AWURADE dii wɔn anim, awia, omununkum dum mu, sɛ ɔrekyerɛ wɔn kwan, na anadwo, ogya dum mu, sɛ ɔrema wɔn hann, na wɔanantew awia ne anadwo.

22Na omununkum dum no antwe ne ho awia, na ogya dum no antwe ne ho anadwo amfi ɔman no anim.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help