Nnwom 43 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Fa wo ho to Nyankopɔn so

1 Nnw 26.1 Onyankopɔn, bu me bem,

fi ɔman a wonnye nni nsam.

Gye me fi okontomponi ne omimfo nsam.

2 Nnw 42.9 Na wone me guantoa Nyankopɔn,

adɛn nti na wotow me kyene?

Adɛn nti na ɔtamfo hyɛ a ɔhyɛ me so nti

memfa awerɛhow mennantew?

3 Nnw 15.1 Ma wo hann ne wo nokware mmedi me kan,

na ɛmfa me nkɔ wo bepɔw kronkron so

ne wo tenabea.

4 Nnw 63.5 Na makɔ Onyankopɔn afɔremuka ho,

na mede ahurusi ne anigye mmoroso akɔ Nyankopɔn nkyɛn,

na mede sanku mada wo ase,

Onyankopɔn, me Nyankopɔn.

5 Nnw 42.5, 11 Me kra, adɛn na woabotow sɛɛ,

na wusi me mu apini?

Fa w’ani to Nyankopɔn so,

na mɛda so mayi no ayɛ

sɛ ɔyɛ m’anim boafo ne me Nyankopɔn.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help