Yeremia 4 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Ahonu asɛnka

1Israel, sɛ wosan w’akyi a,

AWURADE asɛm ni,

me nkyɛn na san bra.

Na sɛ wuyi w’akyide fi m’anim a,

worenhinhim,

2 Yer 12.16; Yes 65.16 na ka AWURADE teasefo ho ntam

nokware mu, atemmu ne trenee mu,

na amanaman ahyirahyira wɔn ho wɔ ne mu,

na ɔno mu wɔahyehye wɔn ho.

3 Hos 10.12 Na sɛ AWURADE ka kyerɛ Yudafo ne Yerusalem ni:

Monnɔw adɔw foforo mfa,

na munngu nguare wɔ mu.

4 Yer 9.26; Deut 10.16 Muntwitwa mo ho twetia mma AWURADE,

na munyi mo koma momonoto,

Yuda mmarima ne Yerusalemfo,

anyɛ saa a m’abufuw befi sɛ ogya

abɛhyew a obi nni hɔ a obedum,

mo nsɛnnii mu bɔne nti.

Onyankopɔn atemmu bɛn

5Monka wɔ Yuda, momma wɔnte Yerusalem, mommɔ din nka sɛ,

monhyɛn torobɛnto asase no so,

monteɛm mma ɛnyɛ den, na monka sɛ:

Mommoaboa mo ho ano mma yɛnkɔ

nkurow a ɛyɛ den no mu.

6 Yer 1.14 Munsi frankaa nkyerɛ Sion fam,

mommɔ mo ho aguaa, munnnyina hɔ.

Na adebɔne na merema afi atifi fam aba,

ne ɔsɛe kɛse.

7Gyata bi afi ne dɔtɔ mu reba,

na amanaman sɛefo atu afi ne tenabea reba,

sɛ ɔrebɛyɛ w’asase no amamfo,

na wo nkurow abobɔ

a obi nte mu bio.

8Eyi nti mumfura atweaatam,

mommɔ abubuw na muntwa adwo dennen,

efisɛ AWURADE abufuhyew no

nnan mfii yɛn ho ɛ!

9Na ɛbɛba da no, AWURADE asɛm ni, sɛ ɔhene ne asafohene koma betutu, na asɔfo no ho adwiriw wɔn, na adiyifo ani so ayɛ wɔn yaa.

10Yer 6.14 Na mise: Ao, AWURADE Nyankopɔn, ampa ara woadi ɔman yi ne Yerusalem huammɔ sɛ woka sɛ: Asomdwoe bɛba ama mo, nanso afoa da menewam.

11Ɛbere no mu na wɔbɛka akyerɛ ɔman yi ne Yerusalem sɛ: Mframa a emu yɛ hyew befi sare so mpampa so afa me man babea kwan so aba, ɛnyɛ nea ɛbɛpo so anaa ebehuw so,

12mframa a emu yɛ den sen saa fi hɔnom ara bɛba ama me. Afei na me nso mɛka atemmusɛm agu wɔn so.

13Hwɛ, ɔreforo aba sɛ amununkum,

na ne nteaseɛnam te sɛ mframa a edi kyinhyia.

N’apɔnkɔ ho yɛ hare sen akɔre.

Yennue! Na yɛawie ɔsɛe.

14 Yes 1.16 Hohoro wo koma ho fi bɔne mu, Yerusalem,

na wɔagye wo.

Da bɛn na w’abusudwene

ntena wo mu nkosi?

15Na obi nne teɛm fi Dan,

na ɔma wɔte mmusu nka fi Efraim bepɔw so.

16Mommɔ din nkyerɛ amanaman,

hwɛ, momma wɔnte nka Yerusalem.

Atɛwfo fi akyirikyiri asase so reba,

na wɔrebɛma wɔn nne so Yuda nkurow so.

17 Yer 1.15; 6.3 Wɔasɔre ahyɛ no atwa ne ho ahyia sɛ mfuw awɛmfo,

efisɛ watew me so atua,

AWURADE asɛm ni.

18W’akwan ne wo nsɛnnii

na ama eyinom aba wo so,

eyi ne w’atemmu, na ɛyɛ nwene;

edu wo koma ho pɛɛ.

Odiyifo no nkɔmmɔdi

19 Yes 16.9 Me yam hyehye me! Me yam hyehye me! Mete me koma mu yaw!

Me koma pere me patripatri,

mintumi mimmua m’ano,

efisɛ mete torobɛntohyɛn,

ɔko ne osebɔ ho nsɛkyerɛnne.

20Wɔteɛm sɛ amanehunu bɔ amanehunu so,

asase no nyinaa asɛe.

Mpofirim na me ntamadan asɛe,

me mmɔhɔɔ asɛe afrɛso.

21Enkosi da bɛn na minhu frankaa

na mente torobɛntohyɛn?

22Efisɛ me man agyimi,

wonnim me;

wɔyɛ mma nkwasea,

na wonni nhumu.

Wɔyɛ bɔne ho anyansafo,

na papayɛ de, wonnim.

23Mehwɛɛ asase, na hwɛ, ɛyɛ sakasaka ne amamfo.

Na mehwɛɛ ɔsoro, na ne hann nni hɔ.

24Mehwɛɛ mmepɔw, na hwɛ, ɛrewosow,

na nkoko nyinaa rehinhim.

25Mehwɛe, na hwɛ, onipa bi nni hɔ,

na wim nnomaa nyinaa atutu kɔ.

26Mehwɛe, na hwɛ, mfuw adannan anwea pradada,

na ɛso nkurow nyinaa abubu,

AWURADE anim n’abufuw a emu yɛ hyew no anim.

27 Yer 5.10, 18 Na sɛ AWURADE se ni: Asase no nyinaa bɛdan amamfo nso owie de, merenwie no sɛe.

28Ɛno nti na asase di nkɔmmɔ,

na ɔsoro biri tumm wɔ so,

efisɛ maka, mabɔ me tirim,

na merennu me ho, na merensan mimfi ho.

29Apɔnkɔfo ne bɛmmatofo kitikitiyɛ nti

kurow no nyinaa guan.

Wɔhyɛnhyɛn adɔtɔ mu na wɔfoforo abotan.

Nkurow nyinaa adeda mpan,

na obi nte mu bio.

30Na wo nso, wo a wɔasɛe wo yi,

woreyɛ no dɛn ni na wufura ɔtankɔkɔɔ,

na wode sika ahyehyɛde hyehyɛ wo ho,

na wode adubiri keka w’aniwa yi?

Ɔkwa ara kwa na wokeka wo ho fɛfɛ.

Adɔfo apo wo,

wɔpɛ wo akum wo.

31Na mete nne a ɛte sɛ ɔbea a ɔko awo de,

ahohia a ɛte sɛ ɔbea a ɔrebɔn awo de:

Sion babea nne, osi apini,

ɔtrɛw ne nsam sɛ:

Minnue! Na me kra atɔ awudifo nsam beraw.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help