1Ɔhene Demetri ba Antioku, soma de lɛtɛ, fi supɔw no so, de kɔmaa Yudafo sɔfo panyin ne wɔn dikanfo Simon ne ɔman no nyinaa.
2Emu nsɛm ni: Ɔhene Antioku de kɔma Yudafo sɔfo panyin ne wɔn dikanfo Simon ne Yudaman no nyinaa. Mikyia mo.
3Sɛnea asowuifo bi abɛfa yɛn nenanom ahemman no adi so, na mepɛ sɛ migye na mede si ne sibea sɛnea ɛte kan no nti, maboaboa akofo ano ama wɔn ahyɛn ne akode.
4Mepɛ sɛ mekɔ hɔ, ne wɔn a wɔasɛe ɔman no, ne ahemman no mu nkurow no, de kɔhwe so.
5Enti sɛnea ahemfo a wodii kan yɛe no, me de towtua biara mekyɛ mo.
6Mema kwan sɛ mo ankasa ntwa mo sika mma ɔman no.
7na meka sɛ, Yerusalem ne ne kronkronbea no wɔ fawohodi.
8Ka biara a mode adehye fotow no, ne ka biara no, efi nnɛ rekɔ, yɛatwam koraa.
9Sɛ yɛn nsa ka ahemman no tumi no a, yɛbɛhyɛ wo ne wo man ne w'asɔrefi no anuonyam.
10Mfe ɔha aduɔsɔn anan mu no, Antioku tuu ne nenanom ahemman no so sa. Na asraafo no nkae no dii n'akyi, kakraa bi pɛ na wodii Trifo akyi.
11Antioku taa no ara de koduu mpoano kurow Dor mu;
12na ohui sɛ ɔwɔ ɔhaw mu, na n'asraafo pii agyaw no.
13Enti Antioku, ne akofo ɔpeduonu ne asraafo apɔnkɔ so tefo mpem awotwe kɔtoaa Dor.
14Otwaa kurow no ho hyiae, na ahyɛn boaa no fii po no so. Wɔnam po ne asase maa kurow no ho kyeree no. Na obiara anya kwan ampue anaa anhyɛn mu.
Romafo boa Yudafo no15Afei Numenu ne n'aboafo fi Roma bae, wokura lɛtɛ de brɛ ɔhene no ne ɔman no. Emu nsɛm ni:
16Lusu, Romafo panyin de kɔma de nkyia kɔma ɔhene Polemi.
17Yudafo abɔfo aba yɛn nkyɛn sɛ nnamfo ne aboafo abɛhyɛ yɛ ne wɔn kan nnamfofa no mu den. Ɔsɔfo panyin Simon ne Yudaman no na ɛsomaa wɔn.
18Na wɔde sika kɔkɔɔ karibo apem aba.
19Enti yɛakyerɛw akɔma ahemfo ne aman no sɛ, mma obi mmpɛ wɔn bɔne mfa ɔko bi nkɔtoa wɔn, ne wɔn nkurow, anaa wɔmmfa wɔn ho nkɔbɔ afoforo a wɔpɛ sɛ wɔne Yudafo no ko no ho.
20Na yɛahu sɛ eye sɛ yegye nkatabo no fi wɔn nkyɛn.
21Enti sɛ atuatewfo bi aguan afi wɔn aman mu abɛhyɛ mo nkyɛn a, momfa no nkɔma ɔsɔfo panyin Simon na ɔntwe wɔn aso sɛnea wɔn mmara te.
22Na Roma panyin no, kyerɛw ade koro no ara kɔmaa, Demetri, Atalu, Ariarate ne Asase.
23ne aman no nyinaa, ne Sampame ne Spatafo no. Ɔsan de kɔmaa Delo, Mindo, Sision, Karia, Samos, ne Pamfilia. Afei Lisia, Halikanasu, Rode, Faseli koduu Kos. Efi hɔ no, ɛkɔɔ Side, ne Aradu koduu Gortina. Knidu ne Kipro ne Krene nso nsa kaa bi.
24Wɔde lɛtɛ yi sɛso nso kɔmaa Ɔsɔfo Panyin Simon.
Antioku vii bɔ Simon hu25Ɔhene Antioku kɔtoaa Dor ne mprenu so, na ɔde n'asraafo ne akomfiri ne wɔn koe daa. Ɔmaa Trifo ho kyeree no, na osiw ne kɔ ne ba ho kwan.
26Na Simon soma de asraafo mpenu kɔboaa Antioku de dwetɛ, sika kɔkɔɔ, ne asraafo nneɛma pii kaa ho.
27Nanso ɔpoo saa nneɛma no nyinaa de sɛe apam apam a ɔne Simon yɛe no, enti ɔne no ntam tetewee.
28Ɔsomaa n'adamfo biako a wɔfrɛ no, Atenobio ne no kɔkasae sɛ: Yopa, Gasara ne Yerusalem abannennen no nyinaa yɛ m'ahemman mu nkurow.
29Woasɛe wɔn ahye, de ɔhaw kɛse aba asase no so, na woafow mmeae pii wɔ ahemman mu hɔ.
30Enti fa nkurow a ɛwɔ wo nsam no ma, ne sika biara a woagyigye a ɛnka Yuda ahye no ho.
31Ɛnte saa de a tua me talente dwetɛ ahanum, nea woasɛe no nyinaa nti. Ne talente ahanum bio ma sika biara a woagyigye afi nkurow no nsam no. Anyɛ a me ne wo bɛba abɛko.
32Enti ɔhene adamfo Antinobio baa Yerusalem, na obehuu Simon anuonyam, ne dwetɛ ne sika kɔkɔɔ apon a esisi ne ho no, ne ne hyerɛn no, ɛyɛɛ no nwonwa. Ɔkaa ɔhene nkra no kyerɛɛ no,
33na Simon buae sɛ: Amannɔne asase anaa agyapade bi nni yɛn nsam. Gye sɛ yɛn nenanom ade a kan no atamfo bɛfaa no kwa no.
34Na afei ayɛwɔ bere pa mu yi, yekura yɛn nenanom agyapade no mu pintinn.
35Yopa ne Gasara, mohwehwe no de, na ɔhaw kɛse da nnipa no ne asase no so. Ɛno de, yɛde biako bɛma mo agye talene ɔha.
Nanso Antenobio anka hwee.
36Mmom ɔsan de abufuw kɔe kɔkaa nsɛm yi kyerɛɛ no. Ne Simon anuonyam ne nea ohui nyinaa kyerɛɛ ɔhene no, maa ne bofuwii yiye.
37Bere no mu ara, na Trifo foroo hyɛn na oguan kɔɔ Otosia.
38Enti ɔhene de Kendebu sii mpoano aman no so, asraafo panyin, na ɔmaa no akofo ne apɔnkɔ.
39Ɔmaa no tumi sɛ ɔnkɔtoa Yudea, na onsiesie Kedron abannennen ne n'apon, na ɔne nnipa no nko. Nso ɔhene kɔɔ so taa Trifo ara.
40Enti Kendebu beduu Yamia no, ofii ase hyɛɛ nkurɔfo no abufuw, na ɔkɔtoaa Yudea, kyeree nnipa no kunkum wɔn.
41Osiesiee Kedron de apɔnkɔ ne asraafo tenaa hɔ, nea ɛbɛyɛ a, wɔbɛkɔ Yudea akwatenpɔn so akɔfow ade, sɛnea ɔhene ahyɛ no no.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.