1 2 Be 7.11-22 Na Solomon wiee AWURADE fi ne ɔhene fi no si no, ne ade a ɔpɛ a ɛsɔ n’ani sɛ ɔbɛyɛ nyinaa yɛ no,
21 Ah 3.5 AWURADE yii ne ho kyerɛɛ Solomon ne mprenu so, sɛnea oyii ne ho kyerɛɛ no Gibeon no.
31 Ah 8.29 Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Mate wo mpaebɔ ne wo nkotɔsrɛ a wobɛsrɛɛ m’anim no, na mayɛ ofi a woasi yi kronkron, sɛ mede me din mɛto hɔ akosi daa, na m’aniwa ne me koma atena hɔ nna nyinaa.
4Na wo de, sɛ wonantew m’anim sɛnea w’agya Dawid nantewee no, koma mu pɛyɛ ne tee mu, sɛ wobɛyɛ sɛnea mahyɛ wo nyinaa, na woadi m’ahyɛde ne m’atemmude so a,
52 Sa 7.12 ɛnne mɛma wo hene a wudi Israel so no agua atim akosi daa, sɛnea mekae w’agya Dawid ho sɛ: Onipa remmɔ wo, Israel ahengua so, no.
6Na sɛ ɔsan na mo ne mo mma bɛsan afi m’akyi, na moanni me mmara nsɛm, m’ahyɛde a mede magu mo anim yi so, na mokɔ kɔsom anyame foforo na mosɔre wɔn a,
7Deut 4.26; 8.19-20; Mat 23.38 ɛnne metwa Israel afi asase a mede mama wɔn no ani, na ofi a mayɛ no kronkron mama me din no, mɛtow afi m’anim akyene, na Israel bɛdan bɛ ne nkasaguaa aman nyinaa mu.
8Na ɔdan yi, ɛkorɔn kɔ ɔsoro de, nanso obiara a otwam ho no ho bɛfɔw no, na wayɛ soo, na waka sɛ: Efi dɛn so na AWURADE ayɛ asase yi ne ofi yi sɛɛ?
9Na wobebua sɛ: Efisɛ wɔagyaw AWURADE wɔn Nyankopɔn a oyii wɔn agyanom fii Misraim asase so bae no, na wɔakosuso anyame foforo mu asɔre wɔn asom wɔn, enti na AWURADE de bɔne yi nyinaa aba wɔn so yi.
Solomon ne Hiram yɛ apam(2 Berɛsosɛm 8.1-2)10 1 Ah 6.38; 7.1 Na mfe aduonu a Solomon de sisii afi abien, AWURADE fi ne ɔhene fi no, akyi no,
11nso Tiro hene Hiram de nkyeneduru nnua ne ɔpopaw nnua ne sika sɛnea ɔpɛ nyinaa aso Solomon mu, ɔhene Solomon maa Hiram nkurow aduonu Galilea asase so.
12Na Hiram fii adi fii Tiro sɛ ɔbɛhwɛ nkurow a Solomon ama no no, nanso ansɔ n’ani.
13Na ɔkae sɛ: Nkurow bɛn na wode ama me yi, me nua? Na ɔfrɛɛ no sɛ: Kabul asase, de besi nnɛ.
14Na Hiram soma ma wɔde sika dwetikɛse ɔha aduonu brɛɛ ɔhene.
Adwuma pa foforo bi a Solomon yɛe15Na adwuma tow a ɔhene Solomon gyei sɛ ɔde besi AWURADE fi ne n’ankasa ne fi ne Milo ne Yerusalem fasu ne Hasor ne Megido ne Geser no ho asɛm ni:
16Yos 16.10; 1 Ah 3.1 Misraim hene Farao aforo abɛfa Geser de ogya ahyew, na wakunkum Kanaanfo a wɔte kurow no mu no, na ɔde ama ne babea, Solomon yere no, sɛ awarede.
17Na Solomon kyekyee Geser ne anafo Bet-horon,
18ne Baalat ne Tadmor a ɛwɔ sare so asase no so,
191 Ah 10.26 ne aduankora nkurow a Solomon wɔ nyinaa ne nteaseɛnam nkurow ne apɔnkɔsotefo nkurow ne Solomon ade a ɔpɛ sɛ osi Yerusalem ne Lebanon ne asase a odi so nyinaa no so.
20Nkurɔfo a wɔaka fi Amorifo, Hetifo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo mu a womfi Israelfo mu no,
21Yos 16.10 wɔn a Israel antumi ansɛe wɔn no mma a wɔkaa wɔn akyi, asase no so no, Solomon yii wɔn gyee wɔn adwumayɛ tow de bedu nnɛ ara.
22Na Israelfo no mu de, Solomon amfa obi anyɛ akoa, efisɛ wɔn na wɔyɛ akofofo ne ne gyaasefo ne ne mmapɔmma ne ne mmarima akunini ne ne nteaseɛnam so ahwɛfo ne n’apɔnkɔsotefo.
23Eyinom ne Solomon adwuma so ahwɛfo mu mpanyin: Ahanum aduonum a wodi nkurɔfo a wokura adwuma no mu no so.
24Nso Farao babea no fii Dawid kurow no mu baa ne dan a osi maa no no mu. Ɛno na ɔkyekyee Milo.
25Na Solomon bobɔɔ afɔre, afe mu mprɛnsa, ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre, afɔremuka a osi maa AWURADE no so, na ɔhyew aduhuam nea esi AWURADE anim no so. Na owiee ofi no koraa.
26Na ɔhene Solomon yɛɛ ahyɛn wɔ Esion-geber a ɛwɔ Elot ho, Mmɛw Po ano, Edom asase so.
271 Ah 10.11 Na Hiram somaa ne nkoa a wɔyɛ hyɛn mufo a wonim ɛpo ho asɛm kaa Solomon nkoa ho, ahyɛn no mu.
28Gye 10.29 Na wɔkɔɔ Ofir kogyee sika hɔ, dwetikɛse ahanan aduonu, na wɔde brɛɛ ɔhene Solomon.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.