1 2 Ah 21 Manase dii mfe dumien na obedii hene, na odii hene mfe aduonum anum Yerusalem.
2Deut 18.9 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, amanaman a AWURADE tuu wɔn Israelfo anim no akyide.
32 Ah 18.4 Na ɔsan totoo sorɔnsorɔmmea a n’agya Hesekia bubui no, na osii afɔremuka maa Baalim, na ɔyɛɛ Asera nnua, na ɔsɔree ɔsoro asafo nyinaa na ɔsom wɔn.
4Deut 12.5, 11; 1 Ah 9.3 Na osisii afɔremuka AWURADE fi, nea AWURADE aka ho asɛm sɛ Yerusalem na me din bɛtena akosi daa hɔ.
5Na osisii afɔremuka momaa ɔsoro asafo nyinaa, AWURADE fi abangua abien no so.
6Na ɔmaa ne mma faa ogya mu, Hinom ba bon no mu, na oyii nkonyaa bisaa ade, yii ntafowa, na ɔyɛɛ asamanfrɛfo ne asumanfo, ne abayisɛm na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne bebree pa ara de huruu AWURADE bo.
7Na ɔde osen honi a ɔyɛe no sii Onyankopɔn fi a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Dawid ne ne ba Solomon sɛ: Ofi yi ne Yerusalem na mafa mafi Israel mmusuakuw nyinaa mu, sɛ mede me din mesi hɔ akosi daa.
8Na merenkɔ so mintwiw Israel nan mimfi asase a mahyɛ mama wɔn agyanom no so. Ɔhwɛ ara nko na wɔnhwɛ nyɛ ade a mahyɛ wɔn nyinaa, sɛ Mose nsa ano mmara ne ahyɛde ne atemmude nyinaa te.
9Na Manase daadaa Yuda ne Yerusalemfo no ma wɔyɛɛ bɔne sen amanaman a AWURADE sɛee wɔn Israelfo anim no.
10Na AWURADE kasa kyerɛɛ Manase ne ne man no, nanso wɔantie.
Manase dommumfa ne n’adwensakra11Ɛnna AWURADE maa Asaria hene asahene baa wɔn so, na wɔde akɔtɔkoro kyeree Manase, na wɔde kɔbere mpokyerɛ guu no, na wɔde no kɔɔ Babel.
12Na ehiaa no no, ɔhwehwɛɛ AWURADE ne Nyankopɔn, na ɔbrɛɛ ne ho ase pii n’agyanom Nyankopɔn anim.
131 Ah 18.39 Na ɔbɔɔ no mpae no, otiee ne nkotɔsrɛ, na ɔde no san baa Yerusalem n’ahenni mu. Ɛnna Manase huu sɛ AWURADE, ne Nyankopɔn.
14Na eyi akyi no, ɔtoo Dawid kurow akyi fasu, Gihon atɔe, osubon no mu de kosii Mpataa pon ano, na ɔde twaa Ofel ho hyiae, na ɔma ɛkorɔn yiye. Na ɔde dɔm asafohene duaduaa Yuda nkurow a ɛyɛ den nyinaa mu.
15Na oyii ananafo anyame ne ahoni no fii AWURADE fi, ne afɔremuka a osisii AWURADE fi bepɔw so ne Yerusalem no nyinaa, na ɔkɔtotow guu kurow no akyi.
16Na osii AWURADE afɔremuka no bio, na ɔbobɔɔ so asomdwoe afɔre ne aseda afɔre, na ɔka kyerɛɛ Yuda sɛ wɔnsom AWURADE, Israel Nyankopɔn no.
17Nanso ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔre sorɔnsorɔmmea no so, nso na AWURADE wɔn Nyankopɔn nko na wɔbɔ ma no.
18Na Manase ho nsɛm nkae ne ne mpae a ɔde bɔɔ ne Nyankopɔn, ne adehufo a wɔde AWURADE Israel Nyankopɔn din kasa kyerɛɛ no no nsɛm no, hwɛ, ɛwɔ Israel ahene ho nsɛm mu.
19Na ne mpaebɔ ne sɛ wotiee no no, ne ne bɔne ne mmarato nyinaa ne faako a ɔtotoo sorɔnsorɔmmea na osisii Asera nnua ne ahoni ansa na ɔbrɛɛ ne ho ase no, hwɛ, wɔakyerɛw adehufo nsɛm no mu.
20Na Manase wui, na wosiee no ne fi, na ne ba Amon bedii n’ade.
Yuda hene Amon(2 Ahene 21.19-26)21Amon dii mfe aduonu abien na obedii hene, na odii hene mfe abien Yerusalem.
22Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛnea n’agya Manase yɛe no, na ahoni a n’agya Manase yɛe no nyinaa, Amon bobɔɔ afɔre maa wɔn na ɔsom wɔn.
232 Be 33.12 Na wammrɛ ne ho ase AWURADE anim sɛ n’agya Manase brɛɛ ne ho ase no, na ɔno Amon maa mfomso dɔɔso.
24Na ne nkoa pam ne tiri so kum no ne fi.
25Na asase no sofo no kunkum ɔhene Amon tirisopamfo no nyinaa, na asase no sofo no de ne ba Yosia sii hene sii n’anan mu.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.